< 1 Beresosɛm 1 >

1 Adam asefo yɛ Set, Enos,
Adam, Seth, Enosh,
2 Kenan, Mahalalel, Yared,
Kenan, Mahalalel, Jared,
3 Henok, Metusela, Lamek,
Enoch, Methuselah, Lamech,
4 Noa mma ne, Sem, Ham, ne Yafet.
Noah. The sons of Noah: Shem, Ham, and Japheth.
5 Na Yafet asefo ne Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.
The sons of Japheth: Gomer, and Magog, and Madai, and Javan, and Tubal, and Meshech, and Tiras.
6 Na Gomer asefo ne Askenas, Rifat ne Togarma.
The sons of Gomer: Ashkenaz, and Riphath, and Togarmah.
7 Na Yawan asefo ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.
The sons of Javan: Elishah, and Tarshish, Kittim, and Rodanim.
8 Na Ham asefo ne Kus, Misraim, Put ne Kanaan.
The sons of Ham: Cush, and Mizraim, Put, and Canaan.
9 Na Kus asefo ne Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefo yɛ Saba ne Dedan.
The sons of Cush: Seba, and Havilah, and Sabtah, and Raamah, and Sabteca. The sons of Raamah: Sheba, and Dedan.
10 Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofo kɛse wɔ asase so.
Cush became the father of Nimrod; he began to be a mighty hunter on the earth.
11 Na Misraim woo Ludfo, Anamfo, Lehabfo, Naftuhfo,
Mizraim became the father of Ludim, and Anamim, and Lehabim, and Naphtuhim,
12 Patrusfo, Kasluhfo ne Kaftorfo a wɔn ase na Filistifo fi.
and Pathrusim, and Casluhim (from whom came the Philistines), and Caphtorim.
13 Na Kanaan woo nʼabakan Sidon ne Het,
Canaan became the father of Sidon his firstborn, and Heth,
14 Yebusifo, Amorifo, Girgasifo,
and the Jebusites, and the Amorites, and the Girgashites,
15 Hewifo, Arkifo, Sinifo,
and the Hivites, and the Arkites, and the Sinites,
16 Arwadfo, Semarifo ne Hamatifo tete agya.
and the Arvadites, and the Zemarites, and the Hamathites.
17 Na Sem asefo yɛ Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram. Aram asefo ne Us, Hul, Geter ne Mas.
The sons of Shem: Elam, and Asshur, and Arpachshad, and Lud, and Aram. And the sons of Aram: Uz, and Hul, and Gether, and Mash.
18 Na Arfaksad woo Sela na Sela woo Eber.
Arpachshad became the father of Kenan, and Kenan became the father of Shelah, and Shelah became the father of Eber.
19 Eber woo mmabarima baanu. Wɔtoo ɔbaako din Peleg a ase kyerɛ Nkyekyɛmu, efisɛ nʼawobere mu na kasa ahorow nti, nnipa a wɔwɔ asase so mu kyekyɛe ma wɔhwetee. Na wɔtoo ne nua a ɔka ne ho no din Yoktan.
To Eber were born two sons: the name of the one was Peleg; for in his days the earth was divided; and his brother's name was Joktan.
20 Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera,
Joktan became the father of Almodad, and Sheleph, and Hazarmaveth, and Jerah,
21 Hadoram, Usal, Dikla,
and Hadoram, and Uzal, and Diklah,
22 Obal, Abimael, Seba,
and Obal, and Abimael, and Sheba,
23 Ofir, Hawila ne Yobab. Eyinom nyinaa yɛ Yoktan asefo.
and Ophir, and Havilah, and Jobab. All these were the sons of Joktan.
24 Ɛno nti, eyi ne anato a efi Sem: Arfaksad, Selah,
Shem, Arpachshad, Kenan, Shelah,
25 Eber, Peleg, Reu,
Eber, Peleg, Reu,
26 Serug, Nahor, Tera,
Serug, Nahor, Terah,
27 ne Abram a akyiri no, wɔfrɛɛ no Abraham no.
Abram (that is, Abraham).
28 Abraham mmabarima yɛ Isak ne Ismael.
The sons of Abraham: Isaac, and Ishmael.
29 Na Ismael mmabarima nso ne Nebaiot a ɔyɛ nʼabakan, Kedar, Adbeel, Mibsam,
These are their generations: the firstborn of Ishmael, Nebaioth; then Kedar, and Adbeel, and Mibsam,
30 Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema,
Mishma, and Dumah, Massa, Hadad, and Tema,
31 Yetur, Nafis ne Kedema. Eyinom ne Ismael mmabarima.
Jetur, Naphish, and Kedemah. These are the sons of Ishmael.
32 Na Abraham mpena Ketura mmabarima ne Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua. Na Yoksan asefo yɛ Seba ne Dedan.
The sons of Keturah, Abraham's secondary wife: she bore Zimran, and Jokshan, and Medan, and Midian, and Ishbak, and Shuah. The sons of Jokshan: Sheba, and Dedan.
33 Midian woo Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa. Eyinom nyinaa yɛ Ketura asefo.
The sons of Midian: Ephah, and Epher, and Hanoch, and Abida, and Eldaah. All these were the sons of Keturah.
34 Abraham woo Isak. Isak mmabarima yɛ Esau ne Israel.
Abraham became the father of Isaac. The sons of Isaac: Esau, and Israel.
35 Na Esau mmabarima yɛ Elifas, Reuel, Yeus, Yalam ne Kora.
The sons of Esau: Eliphaz, Reuel, and Jeush, and Jalam, and Korah.
36 Na Elifas mmabarima yɛ Teman, Omar, Sefi, Gatam, Kenas, Timna ne Amalek.
The sons of Eliphaz: Teman, and Omar, Zepho, and Gatam, Kenaz; and by Timna: Amalek.
37 Na Reuel mmabarima yɛ Nahat, Serah, Sama ne Misa.
The sons of Reuel: Nahath, Zerah, Shammah, and Mizzah.
38 Na Seir mmabarima yɛ Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser ne Disan.
The sons of Seir: Lotan, and Shobal, and Zibeon, and Anah, and Dishon, and Ezer, and Dishan.
39 Na Lotan mmabarima yɛ Hori ne Homam. Na Lotan nuabea din de Timna.
The sons of Lotan: Hori, and Hemam; and Timna was Lotan's sister.
40 Na Sobal mmabarima yɛ Alian, Manahat, Ebal, Sefi ne Onam. Sibeon mmabarima yɛ Aya ne Ana.
The sons of Shobal: Alvan, and Manahath, and Ebal, Shepho, and Onam. The sons of Zibeon: Aiah, and Anah.
41 Na Ana babarima yɛ Dison. Na Dison mma yɛ Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.
The sons of Anah: Dishon. The sons of Dishon: Hemdan, and Eshban, and Ithran, and Keran.
42 Na Eser mmabarima yɛ Bilhan, Saawan ne Akan. Na Disan mmabarima yɛ Us ne Aran.
The sons of Ezer: Bilhan, and Zaavan, and Akan. The sons of Dishan: Uz, and Aran.
43 Eyinom ne ahemfo a wodii Edom so ansa na Israelfo renya ahemfo: Beor babarima Bela, a ɔtenaa kuropɔn Dinhaba so dii hene.
Now these are the kings who reigned in the land of Edom, before there reigned any king over the children of Israel: Bela the son of Beor; and the name of his city was Dinhabah.
44 Na Bela wui no, Serah babarima Yobab a ofi Bosra bedii nʼade sɛ ɔhene.
Bela died, and Jobab the son of Zerah of Bozrah reigned in his place.
45 Na Yobab wui no, Husam a ofi Teman asase so bedii nʼade sɛ ɔhene.
Jobab died, and Husham of the land of the Temanites reigned in his place.
46 Husam wu akyi no, Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a okodii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na odii nʼade sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkurow no din Hawit.
Husham died, and Hadad the son of Bedad, who struck Midian in the field of Moab, reigned in his place; and the name of his city was Avith.
47 Hadad wui no, Samla a ofi Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.
Hadad died, and Samlah of Masrekah reigned in his place.
48 Samla wui no, Saulo a ofi Rehobot a ɛda asu Eufrate ho no bedii hene.
Samlah died, and Shaul of Rehoboth-ha-Nahar reigned in his place.
49 Na Saulo wui no, Akbor babarima Baal-Hanan bedii hene.
Shaul died, and Baal Hanan the son of Achbor reigned in his place.
50 Baal-Hanan wui no, Hadad tenaa kuropɔn Pai mu dii hene. Na ne yere a wɔfrɛ no Mehetabel no yɛ Matred babea ne Me-Sahab nso nena.
Baal Hanan died, and Hadad son of Bedad reigned in his place; and the name of his city was Pau; and his wife's name was Mehetabel, the daughter of Matred, the daughter of Me-Zahab.
51 Na Hadad nso wui. Na Edom mmusua no ntuanofo ne Timna, Alia, Yetet,
Hadad died. The chiefs of Edom were: chief Timna, chief Alvah, chief Jetheth,
52 Oholibama, Ela, Pinon,
chief Oholibamah, chief Elah, chief Pinon,
53 Kenas, Teman, Mibsar,
chief Kenaz, chief Teman, chief Mibzar,
54 Magdiel ne Iram. Eyinom na na wɔyɛ Edom mmusua ntuanofo.
chief Magdiel, chief Iram. These are the chiefs of Edom.

< 1 Beresosɛm 1 >