< 1 Korintliler 7 >

1 Şimdi bana yazdığınız konulara gelelim: “Erkeğin kadına dokunmaması iyidir” diyorsunuz.
Afei, nea ɛfa nsɛm a mokyerɛw de brɛɛ me no ho ni: Eye sɛ ɔbarima nware.
2 Ama fuhuştan ötürü her erkek karısıyla, her kadın da kocasıyla yaşasın.
Nanso esiane aguamammɔ nti ɛsɛ sɛ ɔbarima biara nya ɔno ankasa ne yere, na ɔbea biara nso nya ɔno ankasa ne kunu.
3 Erkek karısına, kadın da kocasına hakkını versin.
Ɛsɛ sɛ ɔbarima yɛ nʼasɛde sɛ okunu na ɔbea nso yɛ nʼasɛde sɛ ɔyere na wɔn mu biara boa ne yɔnko.
4 Kadının bedeni kendisine değil, kocasına aittir. Bunun gibi, erkeğin bedeni de kendisine değil, karısına aittir.
Ɔyere nipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na ɛyɛ okunu no nso de bi. Saa ara na okunu no nso nipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na mmom ɛyɛ ɔyere no nso de bi.
5 Geçici bir süre için anlaşıp kendinizi duaya vermekten başka bir nedenle birbirinizi mahrum etmeyin. Sonra yine birleşin ki, kendinizi denetleyemediğiniz için Şeytan sizi ayartmasın.
Mommfa mo ho nkame mo ho mo ho. Gye sɛ mo nyinaa pene so bere tiaa bi a morebɔ mpae; na sɛ muwie mpaebɔ no a munhyia mu na ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ, efisɛ, muntumi nni mo ho so.
6 Bunu bir buyruk olarak değil, bir uzlaşma yolu olarak söylüyorum.
Menka saa asɛm yi sɛ ɔhyɛ so, na mmom mereka no sɛ mama mo ho kwan.
7 Herkesin benim gibi olmasını dilerdim. Ama herkesin Tanrı'dan aldığı ruhsal bir armağanı vardır; kiminin şöyle, kiminin böyle.
Ɛkaa me nko a na anka mo nyinaa te sɛ me. Nanso obiara wɔ ɔdom akyɛde sononko bi a Onyankopɔn de ama no. Oyi wɔ nʼakyɛde na ɔfoforo nso wɔ nʼakyɛde.
8 Yine de evli olmayanlarla dul kadınlara şunu söyleyeyim: Benim gibi kalsalar kendileri için iyi olur.
Afei asɛm a mereka akyerɛ asigyafo ne akunafo ne sɛ: Eye sɛ mo nko ara mobɛtena ase sɛnea mete hɔ yi.
9 Ama kendilerini denetleyemiyorlarsa, evlensinler. Çünkü için için yanmaktansa evlenmek daha iyidir.
Na sɛ morentumi nhyɛ mo ho so nso a monkɔwareware. Eye sɛ mobɛware sen sɛ mobɛhyɛ mo ho ahometew.
10 Evlilereyse şunu buyuruyorum, daha doğrusu Rab buyuruyor: Kadın kocasından ayrılmasın.
Mo awarefo nso, mewɔ ɔhyɛ nsɛm bi a emfi me na efi Awurade nkyɛn se: Ɛnsɛ sɛ ɔbea gyaa ne kunu.
11 Ayrılırsa evlenmesin, ya da kocasıyla barışsın. Erkek de karısını boşamasın.
Sɛ ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ ɔware bio; anaasɛ nso wɔka ɔne ne kunu bo mu. Saa ara na ɛnsɛ sɛ okunu nso gyaa ne yere.
12 Geri kalanlara Rab değil, ben söylüyorum: Eğer bir kardeşin karısı iman etmemişse ama kendisiyle yaşamaya razıysa, onu boşamasın.
Mo a moaka no meka kyerɛ mo, efi mʼankasa na emfi Awurade, sɛ Okristoni barima wɔ yere a ɔnyɛ Okristoni na ɔbea no pene so sɛ ɔne no bɛtena ase a, ɛnsɛ sɛ ɔbarima no gyaa no.
13 Bir kadının kocası iman etmemişse ama kendisiyle yaşamaya razıysa, kadın onu boşamasın.
Saa ara nso na sɛ Okristoni bea wɔ okunu a ɔnyɛ Okristoni na ɔbarima no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ɔbea no gyaa no.
14 Çünkü iman etmemiş koca karısı aracılığıyla, iman etmemiş kadın da imanlı kocası aracılığıyla kutsanır. Yoksa çocuklarınız murdar olurdu. Ama şimdi kutsaldırlar.
Esiane bɔ a ɔbarima a ɔnyɛ Okristoni de ne ho abɔ ɔbea no nti, Onyankopɔn begye no na ɔbea a ɔnyɛ Okristoni no nso, esiane bɔ a ɔde ne ho abɔ ɔbarima no nti, Onyankopɔn bɛtew ne ho. Sɛ anyɛ saa a, wɔn mma bɛyɛ sɛ abosonsomfo mma nanso sɛnea ɛte yi de, wɔbɛyɛ kronkron.
15 İman etmeyen ayrılırsa ayrılsın. Kardeş ya da kızkardeş böyle durumlarda özgürdür. Tanrı sizi barış içinde yaşamaya çağırdı.
Na sɛ nso wɔn mu nea ɔnyɛ Okristoni no pɛ sɛ ɔtew ne ho fi Okristoni no ho a, momma no kwan. Sɛ ɛba saa a, Okristoni no, sɛ ɛyɛ okunu anaa ɔyere no, de ne ho. Onyankopɔn afrɛ mo sɛ montena ase asomdwoe mu.
16 Ey kadın, kocanı kurtarıp kurtaramayacağını nereden biliyorsun? Ey erkek, karını kurtarıp kurtaramayacağını nereden biliyorsun?
Ɔyere a woyɛ Okristoni, ɛbɛyɛ dɛn na woahu sɛ worentumi nnye wo kunu nkwa? Na okunu a woyɛ Okristoni nso, ɛbɛyɛ dɛn na woahu sɛ worentumi nnye wo yere nkwa?
17 Ancak herkes Rab'bin kendisi için belirlediği duruma uygun biçimde, Tanrı'dan aldığı çağrıya göre yaşasın. Bunu bütün kiliselere buyuruyorum.
Mo mu biara ntena ase wɔ tebea a Awurade de ama no no, sɛnea na ɔte a Onyankopɔn frɛɛ no no mu. Eyi ne mmara a mekyerɛ wɔ asafo biara mu.
18 Biri sünnetliyken mi çağrıldı, sünnetsiz olmasın. Bir başkası sünnetsizken mi çağrıldı, sünnet olmasın.
Sɛ twetiatwani bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔpepa twetia no ho nsɛnkyerɛnne biara. Sɛ ɔbarima nso a ontwaa twetia bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ otwa twetia.
19 Sünnetli olup olmamak önemli değildir. Önemli olan, Tanrı'nın buyruklarını yerine getirmektir.
Efisɛ sɛ obi atwa twetia na ɔfoforo nso ntwaa twetia no nka hwee. Nea ɛho hia ne sɛ wubedi Onyankopɔn mmara so.
20 Herkes ne durumda çağrıldıysa, o durumda kalsın.
Sɛnea obiara te a Onyankopɔn frɛɛ no no, ɔntena mu saa ara.
21 Köleyken mi çağrıldın, üzülme. Ama özgür olabilirsen, fırsatı kaçırma!
Onyankopɔn frɛɛ wo no na woyɛ akoa ana? Mma ɛno nhaw wo na sɛ wowɔ ɔkwan bi a wubetumi afa so ade wo ho a, fa so.
22 Çünkü Rab'bin çağrısını aldığı zaman köle olan kimse, şimdi Rab'bin özgürüdür. Özgürken çağrılan kişi de Mesih'in kölesidir.
Efisɛ akoa a Awurade afrɛ no no yɛ Awurade nipa a ɔde ne ho. Saa ara nso na obi a ɔde ne ho a Kristo afrɛ no no yɛ Kristo akoa.
23 Bir bedel karşılığı satın alındınız, insanlara köle olmayın.
Onyankopɔn tɔɔ mo aboɔden, ɛno nti monnyɛ nkoa mma nnipa.
24 Kardeşler, herkes ne durumda çağrıldıysa, Tanrı önünde o durumda kalsın.
Anuanom, ɛsɛ sɛ mo mu biara tena ase wɔ Onyankopɔn mu sɛnea na mote ansa na wɔrefrɛ mo no.
25 Kızlara gelince, Rab'den onlarla ilgili bir buyruk almış değilim. Ama Rab'bin merhameti sayesinde güvenilir biri olarak düşündüklerimi söylüyorum.
Nea ɛfa asigyafo ho nso no ni: Minnyaa ɔhyɛ nsɛm biara mfii Awurade nkyɛn, nanso meka mʼadwene te sɛ obi a Onyankopɔn mmɔborɔhunu nti wɔagye me ato mu.
26 Öyle sanıyorum ki, şimdiki sıkıntılar nedeniyle insanın olduğu gibi kalması iyidir.
Wudwen mprempren ɔhaw yi ho a, misusuw sɛ eye sɛ onipa tena ase sɛnea ɔte biara.
27 Karın varsa, boşanmayı isteme. Karın yoksa, kendine eş arama.
Wowɔ ɔyere? Sɛ wowɔ ɔyere a, nyɛ wʼadwene sɛ woregyaa no. Wonwaree ana? Sɛ wonwaree a nhwehwɛ ɔyere.
28 Ama evlenirsen günah işlemiş olmazsın. Bir kız da evlenirse günah işlemiş olmaz. Ne var ki, evlenenler bu yaşamda sıkıntılarla karşılaşacak. Ben sizi bu sıkıntılardan esirgemek istiyorum.
Nanso sɛ woware a wonyɛɛ bɔne ɛ. Sɛ ɔbabun ware a ɔnyɛɛ bɔne ɛ. Nanso esiane ɔhaw a saa aware no de ba nti, na anka mepɛ sɛ mobɛkwati saa ɔhaw no.
29 Kardeşler, şunu demek istiyorum: Zaman daralmıştır. Bundan böyle, karısı olanlar karıları yokmuş gibi, yas tutanlar yas tutmuyormuş gibi, sevinenler sevinmiyormuş gibi, mal alanlar malları yokmuş gibi, dünyadan yararlananlar alabildiğine yararlanmıyormuş gibi olsun. Çünkü dünyanın şimdiki hali geçicidir.
Nea mekyerɛ ne sɛ, anuanom, bere a aka no sua. Efi saa bere yi ɛsɛ sɛ mmarima a wɔawareware tena ase sɛnea wɔnwaree da;
wɔn a wosu yɛ sɛnea wɔn werɛ nhowee; wɔn a wɔserew yɛ sɛnea wonni anigye; wɔn a wɔtɔ yɛ sɛnea nea wɔtɔe no nyɛ wɔn de;
wɔn a wɔde wiase abɔ wɔn bo yɛ sɛnea wonhuu bi da. Na sɛnea wiase yi te mprempren yi renyɛ saa nkyɛ.
32 Kaygısız olmanızı istiyorum. Evli olmayan erkek, Rab'bi nasıl hoşnut edeceğini düşünerek Rab'bin işleri için kaygılanır.
Mempɛ sɛ biribiara haw mo. Ɔbarima a ɔnwaree no, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho ma Awurade adwumayɛ; efisɛ ɔbɔ mmɔden sɛ Awurade ani bɛsɔ no;
33 Evli erkekse karısını nasıl hoşnut edeceğini düşünerek dünya işleri için kaygılanır.
nanso ɔbarima warefo de ne ho to wiase nneɛma so, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne yere ani,
34 Böylece ilgisi bölünür. Evli olmayan kadın ya da kız hem bedence hem ruhça kutsal olmak amacıyla Rab'bin işleri için kaygılanır. Evli kadınsa kocasını nasıl hoşnut edeceğini düşünerek dünya işleri için kaygılanır.
enti wɔtwe no afanu no nyinaa. Ɔbea a ɔnwaree anaa ɔbabun de ne ho ma Awurade adwuma wɔ ɔhonam ne honhom fam; nanso ɔbea a waware no de ne ho to wiase nneɛma so, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne kunu ani.
35 Bunu sizin iyiliğiniz için söylüyorum, özgürlüğünüzü kısıtlamak için değil. İlginizi dağıtmadan, Rab'be adanmış olarak, O'na yaraşır biçimde yaşamanızı istiyorum.
Mereka saa asɛm yi, efisɛ mepɛ sɛ meboa mo. Merenhyehyɛ mmara bi mma mo. Na mmom mepɛ sɛ moyɛ nea eye na ɛteɛ na mode mo ho nyinaa ma Awurade adwuma.
36 Bir kimse nişanlı olduğu kıza yakışıksız davrandığını düşünüyorsa, aşırı tutkuları varsa ve evlenmesi gerekiyorsa, istediğini yapsın, günah işlemiş olmaz; evlensinler.
Sɛ ɛhaw ɔbarima bi a ɔne ɔbea ahyehyɛ aware sɛ ontumi nyɛ nʼasɛde, na sɛ ɔbarima no ntumi nhyɛ nʼakɔnnɔ so nti ɔpɛ sɛ ɔware a, ɛsɛ sɛ ɔware sɛnea ɔhwehwɛ no. Bɔne biara nni eyi ho.
37 Ama zorunluluk altında bulunmayan, yüreği kararlı, istediğini yapabilecek durumdaki kişi, nişanlısıyla evlenmemeye yüreğinde karar vermişse, iyi eder.
Nanso eye mmom sɛ ɔbɛhyɛ ne ho so na wasi nʼadwene pi sɛ ɔrenware.
38 Kısacası nişanlısıyla evlenen iyi eder, evlenmeyense daha iyi eder.
Eye sɛ ɔbarima ware de, nanso sɛ anka wanware koraa a na eye.
39 Kadın, kocası yaşadıkça kocasına bağlıdır. Kocası ölürse dilediği kimseyle evlenmekte özgürdür; yeter ki, o kişi Rab'be ait biri olsun.
Sɛ ɔbea warefo kunu te ase a, ɔnne ne ho; na sɛ ne kunu no wu de a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔware ɔfoforo a ɔpɛ; nanso ɛsɛ sɛ ɛyɛ Kristo aware.
40 Ama dul kadın, olduğu gibi kalırsa daha mutlu olur. Ben böyle düşünüyorum ve sanırım bende de Tanrı'nın Ruhu vardır.
Na sɛ otumi tena ase sɛnea ɔte no nso a, ne ho bɛtɔ no yiye. Mʼadwene ni, na migye di sɛ me nso mewɔ Onyame Honhom.

< 1 Korintliler 7 >