< 2 Korintliler 1 >

1 Tanrı'nın isteğiyle Mesih İsa'nın elçisi atanan ben Pavlus ve kardeşimiz Timoteos'tan Ahaya'nın her yanındaki bütün kutsallara ve Tanrı'nın Korint'teki kilisesine selam!
Saa krataa yi fi Paulo a Onyankopɔn ayi no sɛ Kristo Yesu somafo no ne Timoteo a ɔyɛ yɛn nuanom no mu baako nkyɛn, Wɔde saa krataa yi rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefo a wɔwɔ Akaiaman mu no nyinaa:
2 Babamız Tanrı'dan ve Rab İsa Mesih'ten sizlere lütuf ve esenlik olsun.
Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
3 Her türlü tesellinin kaynağı olan Tanrı'ya, merhametli Baba'ya, Rabbimiz İsa Mesih'in Tanrısı ve Babası'na övgüler olsun!
Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya na ɔyɛ Onyankopɔn a awerɛkyekye nyinaa fi no no ase.
4 Kendisinden aldığımız teselliyle her türlü sıkıntıda olanları teselli edebilmemiz için bizi bütün sıkıntılarımızda teselli ediyor.
Ɔkyekye yɛn werɛ wɔ yɛn amane nyinaa mu na yɛnam awerɛkyekye a yɛn ankasa anya afi Onyankopɔn nkyɛn no so atumi akyekye afoforo a wɔwɔ amane ahorow mu no werɛ.
5 Çünkü Mesih'in acılarını nasıl büyük ölçüde çekiyorsak, Mesih sayesinde büyük teselli de buluyoruz.
Sɛnea yɛahu amane wɔ Kristo mu no, saa ara nso na yenya Kristo awerɛkyekye a ɛdɔɔso no.
6 Sıkıntı çekiyorsak, bu sizin teselliniz ve kurtuluşunuz içindir. Teselli buluyorsak bu, bizim çektiğimiz acıların aynısına dayanmanızda etkin olan bir teselli bulmanız içindir.
Mo awerɛkyekye ne mo nkwagye nti yehu amane. Efisɛ sɛ Kristo kyekye yɛn werɛ a yɛn nso yɛnam so betumi akyekye mo werɛ. Ɛno bɛma moanya ntoboase ahu amane sɛ yɛn nso.
7 Size ilişkin umudumuz sarsılmaz. Çünkü acılarımıza olduğu gibi, tesellimize de ortak olduğunuzu biliyoruz.
Enti gyidi a yɛwɔ wɔ mo mu no nhinhim. Yenim sɛ, sɛnea mo ne yɛn hu amane no, saa ara nso na munya awerɛkyekye a yenya no bi.
8 Kardeşlerim, Asya İli'nde çektiğimiz sıkıntılardan habersiz kalmanızı istemiyoruz. Dayanabileceğimizden çok ağır bir yük altındaydık. Öyle ki, yaşamaktan bile umudumuzu kesmiştik.
Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛtwe mo adwene ba ɔhaw a ɛtoo yɛn wɔ Asia mantam mu no so. Amane a yɛfaa mu no so, na na emu yɛ duru enti yɛn asetena mu anidaso nyinaa yerae.
9 Ölüme mahkûm olduğumuzu içimizde hissettik. Ama bu, kendimize değil, ölüleri dirilten Tanrı'ya güvenmemiz için oldu.
Nokware mu, yegye too mu sɛ yɛrebewu. Saa asɛm yi sii, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa yɛn ho nto yɛn ankasa so, na mmom yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn a ɔma awufo sɔre no so.
10 Tanrı bizi böylesine büyük bir ölüm tehlikesinden kurtardı; daha da kurtaracaktır. Umudumuzu O'na bağladık. Siz de dualarınızla bize yardım ettikçe, bizi yine kurtaracaktır. Öyle ki, birçok kişinin dualarıyla bize sağlanan lütuftan ötürü birçoklarının ağzından bizim için şükranlar sunulsun.
Wayi yɛn afi saa owu amanehunu yi mu na ɔbɛkɔ so agye yɛn. Ɔno na yɛde yɛn ani ato no so sɛ, sɛ mokɔ so bɔ mpae ma yɛn a,
obegye yɛn bio. Eyi kyerɛ sɛ obebua mpae dodow biara a mobɔ ma yɛn no, na Onyankopɔn behyira yɛn, na dodow no ara ama wɔn nne so de ada no ase ama yɛn.
12 Dünyaya ve özellikle size, insan bilgeliğiyle değil, Tanrı'nın lütfuyla, Tanrı'dan gelen saflık ve içtenlikle davrandığımıza vicdanımız tanıktır. Ve biz bununla övünüyoruz.
Yɛhoahoa yɛn ho sɛ yɛn ahonim mmu yɛn fɔ, yɛatena ase nokwaredi mu, ne titiriw ne bere a yɛwɔ mo nkyɛn no. Ɛnyɛ wiase nyansa na ɛkyerɛ yɛn kwan. Mmom, yɛn akwankyerɛ fi Onyankopɔn adom no mu.
13 Okuyup anlayabileceğinizden başka bir şey yazmıyoruz. Bizi bir ölçüde anladığınız gibi, tümüyle anlayacağınızı umarım. Rabbimiz İsa'nın gününde bizim övüncümüz siz olacağınız gibi, sizin övüncünüz de biz olalım.
Nsɛm a mubetumi akenkan ate ase nko na yɛkyerɛw de brɛ mo. Mewɔ anidaso sɛ mobɛte biribiara a
monte ase yiye no ase daakye sɛnea ɛbɛyɛ a da a Awurade Yesu bɛba no, mode yɛn bɛhoahoa mo ho na yɛn nso yɛde mo ahoahoa yɛn ho.
15 Bu güvenle, sizleri iki kez sevindirmek için önce size uğramak, sonra Makedonya'ya geçmek, Makedonya'dan yine size geri gelerek tarafınızdan Yahudiye'ye uğurlanmak niyetindeydim.
Na minim sɛ saa asɛm yi bɛba mu. Ɛno nti na mehyehyɛɛ sɛ mɛba abɛsra mo na moanya nhyira mprenu.
Meyɛɛ mʼadwene sɛ, sɛ merekɔ Makedonia a mɛba mo nkyɛn, na meresan nso a, mafa mo nkyɛn ansa na makɔ Yudea.
17 Bunu isterken acaba kararsız mıydım? Ya da isteklerim benlikten mi doğuyor ki, önce “Evet, evet”, sonra “Hayır, hayır” diyeyim?
Modwene sɛ mantumi ansi mʼadwene pi wɔ nea ɛsɛ sɛ meyɛ hoa ana? Anaasɛ mete sɛ obi a ɔka se “Yiw” anaa “Dabi” sɛnea ɛbɛsɔ afoforo ani?
18 Tanrı'nın güvenilirliği hakkı için diyorum ki, size ilettiğimiz söz hem “evet” hem “hayır” değildir.
Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo. Enti sɛ meka se yɛn mmuae yɛ “Yiw” bere biara a ɛyɛ “Yiw”, ɛnyɛ “Dabi” da.
19 Silvanus ve Timoteos'la birlikte size tanıttığımız Tanrı'nın Oğlu İsa Mesih hem “evet” hem “hayır” değildi. O'nda yalnız “evet” vardır.
Efisɛ Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no a me Paulo, Silas ne Timoteo kaa ne ho asɛm kyerɛɛ mo no nsesa. Ɔnka “Yiw” ne “Dabi” da. Bere biara odi nʼasɛm so.
20 Çünkü Tanrı'nın bütün vaatleri Mesih'te “evet” tir. Bu nedenle Tanrı'nın yüceliği için Mesih aracılığıyla Tanrı'ya “Amin” deriz.
Ɔno mu na Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa awie pɛyɛ. Eyi nti yɛnam Yesu Kristo so ka “Amen” de hyɛ Onyankopɔn anuonyam.
21 Bizi sizinle birlikte Mesih'te pekiştiren ve meshetmiş olan Tanrı'dır.
Afei Onyankopɔn no ankasa na ɔma yɛne mo tumi gyina pintinn wɔ Kristo mu. Ɔno na ɔsraa yɛn
22 O bizi mühürledi, güvence olarak da yüreklerimize Kutsal Ruh'u yerleştirdi.
faa yɛn sɛ ne de, na ɔde ne Honhom Kronkron no hyɛɛ yɛn koma mu de sii nea ɔwɔ ma yɛn nyinaa so dua.
23 Tanrı'yı tanık tutarım ki, Korint'e dönmeyişimin nedeni sizi esirgemekti.
Mefrɛ Onyankopɔn sɛ mʼadanse. Onim me koma mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya kwan agye mo ahome nti na mankɔ Korinto no.
24 İmanınıza egemen olmak istemiyoruz, sevinmeniz için sizinle birlikte çalışıyoruz. Çünkü imanda dimdik duruyorsunuz.
Ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ yɛbɛhyɛ mo ama moagye biribi adi, na mmom mo ahotɔ nti na yɛne mo yɛ adwuma. Efisɛ ɛnam mo ankasa gyidi so na mubegyina pintinn.

< 2 Korintliler 1 >