< 1 Korintliler 2 >

1 Kardeşler, Tanrı'yla ilgili bildiriyi duyurmak için size geldiğimde, söz ustalığıyla ya da üstün bilgelikle gelmedim.
Anuanom, bere a mebaa mo nkyɛn bɛkaa Onyankopɔn ho ahintasɛm a ɛyɛ nokware kyerɛɛ mo no, manka asɛm a ɛkyere adwene anaa nyansa a ɛtra mo so.
2 Aranızdayken, İsa Mesih'ten ve O'nun çarmıha gerilişinden başka hiçbir şey bilmemeye kararlıydım.
Meyɛɛ mʼadwene sɛ bere a me ne mo wɔ hɔ no, mɛma me werɛ afi biribiara gye Yesu Kristo nko; na ne titiriw no, ne wu wɔ asennua no so no.
3 Size zayıflık ve korku içinde geldim, tir tir titriyordum!
Enti bere a mebaa mo hɔ no, na meyɛ mmerɛw a ehu ne ahopopo aka me.
4 Sözüm ve bildirim, insan bilgeliğinin ikna edici sözlerine değil, Ruh'un kanıtlayıcı gücüne dayanıyordu.
Na nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛɛ no nso mannyina anyansasɛm ne nnipa adwene so, na mmom menam kasa pa so daa tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Honhom Kronkron no mu no adi.
5 Öyle ki, imanınız insan bilgeliğine değil, Tanrı gücüne dayansın.
Enti mo gyidi nnyina onipa nyansa so, na mmom egyina Onyankopɔn tumi so.
6 Gerçi olgun kişiler arasında bilgece sözler söylüyoruz; ama bu bilgelik ne şimdiki çağın, ne de bu çağın gelip geçici önderlerinin bilgeliğidir. (aiōn g165)
Mekasa nyansa mu kyerɛ wɔn a wɔanyinyin wɔ Honhom mu. Nanso saa nyansa no nyɛ wiase nyansa anaa wiase yi mu tumi ahorow a wɔn tumi resa no. (aiōn g165)
7 Tanrı'nın saklı bilgeliğinden gizemli biçimde söz ediyoruz. Zamanın başlangıcından önce Tanrı'nın bizim yüceliğimiz için belirlediği bu, (aiōn g165)
Nyansasɛm a meka no yɛ Onyankopɔn nyansa a wɔde ahintaw nnipa. Ɛno na Onyankopɔn ayi ato hɔ ama yɛn dedaw sɛ yɛn anuonyam ahyɛde ansa na wɔrebɔ wiase. (aiōn g165)
8 bilgeliği bu çağın önderlerinden hiçbiri anlamadı. Anlasalardı yüce Rab'bi çarmıha germezlerdi. (aiōn g165)
Aman sodifo biara nnim saa nyansa no. Sɛ wonim a anka wɔremmɔ Awurade a anuonyam ahyɛ no ma no asennua mu. (aiōn g165)
9 Yazılmış olduğu gibi, “Tanrı'nın kendisini sevenler için hazırladıklarını Hiçbir göz görmedi, Hiçbir kulak duymadı, Hiçbir insan yüreği kavramadı.”
Kyerɛwsɛm no ka se, “Nea onipa biara anhu na wante da, nea onipa biara annwene ho sɛ ɛbɛba da no, ɛno na Onyankopɔn no ara asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no.”
10 Oysa Tanrı Ruh aracılığıyla bunları bize açıkladı. Çünkü Ruh her şeyi, Tanrı'nın derin düşüncelerini bile araştırır.
Na yɛn na Onyankopɔn nam ne Honhom Kronkron no so ada nʼahintasɛm yi adi akyerɛ yɛn. Honhom no pɛɛpɛɛ biribiara mu kosi Onyankopɔn ahintasɛm a emu dɔ no so.
11 İnsanın düşüncelerini, insanın içindeki ruhundan başka kim bilebilir? Bunun gibi, Tanrı'nın düşüncelerini de Tanrı'nın Ruhu'ndan başkası bilemez.
Onipa de, ɔno ara ne honhom a ɛte ne mu no na enim ne ho nsɛm nyinaa; saa ara nso na Onyankopɔn Honhom no nko ara na enim Onyankopɔn ho nsɛm nyinaa.
12 Tanrı'nın bize lütfettiklerini bilelim diye, bu dünyanın ruhunu değil, Tanrı'dan gelen Ruh'u aldık.
Ɛnyɛ wiase yi mu honhom na yɛanya; Honhom Kronkron a Onyankopɔn somaa no no na yɛanya sɛnea ɛbɛma yɛahu nea Onyankopɔn de ama yɛn no nyinaa.
13 Ruhsal kişilere ruhsal gerçekleri açıklarken, Tanrı'nın lütfettiklerini insan bilgeliğinin öğrettiği sözlerle değil, Ruh'un öğrettiği sözlerle bildiririz.
Enti ɛnyɛ nsɛm a nnipa de wɔn nyansa akyerɛ yɛn no na yɛka, na mmom nsɛm a Honhom no akyerɛ yɛn no na yɛnam Honhom no mu nokware reda saa honhom mu nsɛm yi adi akyerɛ wɔn a wɔwɔ Honhom no.
14 Doğal kişi, Tanrı'nın Ruhu'yla ilgili gerçekleri kabul etmez. Çünkü bunlar ona saçma gelir, ruhça değerlendirildikleri için bunları anlayamaz.
Nanso obi a onni Honhom no rentumi nnya akyɛde a efi Onyankopɔn Honhom no mu. Ɔrente ase da biara da; ɔfa no sɛ nsɛm a aba nni mu, efisɛ wogyina Honhom no nko so na wobetumi anya ntease a ɛsɛ.
15 Ruhsal kişi her konuda yargı yürütebilir, ama kimse onun hakkında yargı yürütemez.
Onipa a Honhom no te ne mu no tumi sese biribiara nanso obiara rentumi mmu no atɛn.
16 “Rab'bin düşüncesini kim bildi ki, O'na öğüt verebilsin?” Oysa biz Mesih'in düşüncesine sahibiz.
Kyerɛwsɛm no ka se, “Hena na onim Awurade adwene? Hena na obetumi atu no fo?” Nanso yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene no bi.

< 1 Korintliler 2 >