< روت 2 >

و نعومی خویش شوهری داشت که مردی دولتمند، بوعز نام از خاندان الیملک بود. ۱ 1
Ɔbarima ɔdefo a na ɔyɛ okunini bi tenaa Betlehem a na wɔfrɛ no Boas. Na ɔyɛ Naomi kunu Elimelek busuani.
و روت موآبیه به نعومی گفت: «مرا اجازت ده که به کشتزارها بروم و در عقب هر کسی‌که در نظرش التفات یابم خوشه چینی نمایم. او وی را گفت: «برو‌ای دخترم.» ۲ 2
Da koro bi, Rut, Moabni, ka kyerɛɛ Naomi se, “Ma menkɔ afuw mu na minkodi obiara a menya nʼanim anuonyam akyi nkɔboaboa atoko ase.” Na Naomi kae se, “Eye, me babea, kɔ.”
پس روانه شده، به کشتزاردرآمد و در عقب دروندگان خوشه چینی می‌نمود، و اتفاق او به قطعه زمین بوعز که ازخاندان الیملک بود، افتاد. ۳ 3
Enti Rut kɔ kodii atwafo no akyi. Na nea ɛbae ne sɛ, ohuu sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ Boas a ɔyɛ nʼase Elimelek busuani no afuw mu.
و اینک بوعز ازبیت لحم آمده، به دروندگان گفت: «خداوند باشما باد.» ایشان وی را گفتند: «خداوند تو رابرکت دهد.» ۴ 4
Bere a ɔwɔ hɔ no, Boas fi Betlehem bae. Okyiaa atwafo no se, “Awurade ne mo ntena!” Atwafo no gyee so se, “Awurade nhyira wo.”
و بوعز به نوکر خود که بر دروندگان گماشته بود، گفت: «این دختر از آن کیست؟» ۵ 5
Boas bisaa ne sohwɛfo no se, “Ababaa bɛn na ɔwɔ nohɔ hɔ no?”
نوکر که بردروندگان گماشته شده بود، در جواب گفت: «این است دختر موآبیه که با نعومی از بلاد موآب برگشته است، ۶ 6
Sohwɛfo no buae se, “Ɔyɛ ababaa bi a ofi Moab a ɔne Naomi bae.
و به من گفت: تمنا اینکه خوشه چینی نمایم و در عقب دروندگان در میان بافه‌ها جمع کنم، پس آمده، از صبح تا به حال مانده است، سوای آنکه اندکی در خانه توقف کرده است.» ۷ 7
Anɔpa yi ara na obisaa me se, obetumi adi atwafo no akyi aboaboa atoko ano ana? Ɔyɛ nsiyɛfo a bere kakraa bi na ɔde homee wɔ pata no ase hɔ.”
و بوعز به روت گفت: «ای دخترم مگرنمی شنوی، به هیچ کشت زار دیگر برای خوشه چینی مرو و از اینجا هم مگذر بلکه باکنیزان من در اینجا باش. ۸ 8
Boas kɔɔ hɔ kɔka kyerɛɛ Rut se, “Me babea tie. Wo ne yɛn ntena ha ara na boaboa atoko; nkɔ afuw foforo biara mu. Di mmea a wɔreyɛ adwuma wɔ mʼafuw yi mu no akyi pɛɛ.
و چشمانت به زمینی که می‌دروند نگران باشد و در عقب ایشان برو، آیاجوانان را حکم نکردم که تو را لمس نکنند، و اگرتشنه باشی، نزد ظروف ایشان برو و از آنچه جوانان می‌کشند، بنوش.» ۹ 9
Hwɛ faako a wɔretwa wɔ afuw no mu na di wɔn akyi. Mabɔ mmerante no kɔkɔ sɛ wɔnnhaw wo. Na sɛ osukɔm de wo a, nom nsu a wɔakɔsaw afi abura no mu no bi.”
پس به روی درافتاده، او را تا به زمین تعظیم کرد و به او گفت: «برای چه در نظر تو التفات یافتم که به من توجه نمودی و حال آنکه غریب هستم.» ۱۰ 10
Rut butuwii, de nʼanim kyerɛɛ fam daa no ase. Na ɔkae se, “Adɛn nti na manya saa adom yi wɔ wʼani so, me a meyɛ ɔnanani yi?”
بوعز در جواب او گفت: «از هر‌آنچه بعد ازمردن شوهرت به مادر شوهر خود کردی اطلاع تمام به من رسیده است، و چگونه پدر و مادر وزمین ولادت خود را ترک کرده، نزد قومی که پیشتر ندانسته بودی، آمدی. ۱۱ 11
Boas buae se, “Nea woayɛ ama wʼase efi wo kunu wu akyi nyinaa no, wɔaka akyerɛ me, sɛ wufii wʼagya ne wo na ne wo man mu na wo ne nnipa a wunnim wɔn wɔ baabiara bɛtenae no.
خداوند عمل تورا جزا دهد و از جانب یهوه، خدای اسرائیل، که در زیر بالهایش پناه بردی، اجر کامل به تو برسد.» ۱۲ 12
Awurade, Israel Nyankopɔn a woanya guankɔbea wɔ ne ntaban ase no nnom wo.”
گفت: «ای آقایم، در نظر تو التفات بیابم زیرا که مرا تسلی دادی و به کنیز خود سخنان دل آویزگفتی، اگر‌چه من مثل یکی از کنیزان تو نیستم.» ۱۳ 13
Na ɔno nso kae se, “Ma menkɔ so nnya wʼanim adom daa, me wura. Woama me awerɛkyekye na woakasa akyerɛ wʼafenaa ayamye so, me a mensɛ na memfata wo nnwumayɛfo no mu baako mpo no.”
بوعز وی را گفت: «در وقت چاشت اینجابیا و از نان بخور و لقمه خود را در شیره فرو بر.» پس نزد دروندگان نشست و غله برشته به او دادندو خورد و سیر شده، باقی‌مانده را واگذاشت. ۱۴ 14
Eduu adidibere no, Boas frɛɛ no se, “Bra ma yennidi. Wutumi de wo brodo no bɔ nsa biara a wopɛ mu.” Enti ɔne nʼawitwafo no tenaa ase na Boas maa no aduan sen sɛnea obetumi adi mpo.
وچون برای خوشه چینی برخاست بوعز جوانان خود را امر کرده، گفت: «بگذارید که در میان بافه‌ها هم خوشه چینی نماید و او را زجرمنمایید. ۱۵ 15
Bere a Rut san kɔɔ nʼadwuma so bio no, Boas ka kyerɛɛ ne mmerante no se, “Momma no mmoaboa atoko no ano mfi nʼafiafi no mu na munnsiw no kwan.
و نیز از دسته‌ها کشیده، برایش بگذارید تا برچیند و او را عتاب مکنید.» ۱۶ 16
Na munyiyi afiafi no mu de no bi nnyae mu ngu fam mma no na ɔnsesaw, na monnhaw no.”
پس تا شام در آن کشتزار خوشه چینی نموده، آنچه را که برچیده بود، کوبید و به قدر یک ایفه جو بود. ۱۷ 17
Enti Rut sesaw atoko no wɔ hɔ da mu no nyinaa na ɔporow atoko no saa anwummere no, onyaa bɛyɛ lita aduonu abien.
پس آن را برداشته، به شهردرآمد، و مادر شوهرش آنچه را که برچیده بود، دید، و آنچه بعد از سیرشدنش باقی‌مانده بود، بیرون آورده، به وی داد. ۱۸ 18
Ɔsoa de kɔɔ kurom, de kɔkyerɛɛ nʼase. Afei, Rut de nʼawiaduan a ogyaw no maa no.
و مادر شوهرش وی را گفت: «امروز کجا خوشه چینی نمودی و کجاکار کردی؟ مبارک باد آنکه بر تو توجه نموده است.» پس مادر شوهر خود را از کسی‌که نزد وی کار کرده بود، خبر داده، گفت: «نام آن شخص که امروز نزد او کار کردم، بوعز است.» ۱۹ 19
Naomi hui no, ɔteɛɛ mu se, “Ɛdɔɔso yiye! Na ɛhe na nnɛ woboaboaa saa atoko yi nyinaa ano fi? Ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma? Awurade nhyira nea ɔboaa wo no!” Rut kaa ɔbarima a ɔyɛɛ adwuma wɔ nʼafum no ho asɛm kyerɛɛ nʼase no, ɔtoaa so kae se, “Nea meyɛɛ adwuma wɔ nʼafum no, wɔfrɛ no Boas.”
و نعومی به عروس خود گفت: «او از جانب خداوند مبارک باد زیرا که احسان را بر زندگان ومردگان ترک ننموده است.» و نعومی وی را گفت: «این شخص، خویش ما و از ولی های ماست.» ۲۰ 20
Naomi ka kyerɛɛ nʼase no se, “Awurade nhyira no. Ɔrekyerɛ yɛn ne wo kunu a wawu no nʼayamye. Saa ɔbarima no yɛ abusuafo a wɔbɛn yɛn pɛɛ no mu baako a ɔyɛ abusua no mu ogyefo baako.”
و روت موآبیه گفت که «او نیز مرا گفت باجوانان من باش تا همه درو مرا تمام کنند.» ۲۱ 21
Rut kae se, “Nea ɛka ho bio ne sɛ, mpo, Boas ka kyerɛɛ me se, mensan mmra na me ne nʼawitwafo no mmɛtena nkosi bere a wobewie otwa no.”
نعومی به عروس خود روت گفت که «ای دخترم خوب است که با کنیزان او بیرون روی وتو را در کشتزار دیگر نیابند.» ۲۲ 22
Naomi teɛɛ mu se, “Anwonwasɛm ni! Yɛ nea ɔka no. Wo ne nʼadwumayɛfo no ntena nkosi sɛ wobewie otwa no. Wʼasom bedwo wo wɔ hɔ sen afuw biara mu.”
پس با کنیزان بوعز برای خوشه چینی می‌ماند تا درو جو و دروگندم تمام شد، و با مادرشوهرش سکونت داشت. ۲۳ 23
Enti Rut ne mmea a wɔwɔ Boas afum hɔ no yɛɛ adwuma. Ɔne wɔn boaboaa atoko no ano kosii atokotwa no awiei. Afei, ɔne wɔn twaa awi nso. Nanso saa bere no nyinaa na ɔne nʼase na ɛte.

< روت 2 >