< مزامیر 149 >

هللویاه! خداوند را سرود تازه بسرایید و تسبیح او را در جماعت مقدسان! ۱ 1
Monkamfo Awurade. Monto dwom foforo mma Awurade, monkamfo no wɔ ahotefo asafo mu.
اسرائیل در آفریننده خود شادی کنندو پسران صهیون در پادشاه خویش وجد نمایند. ۲ 2
Ma Israel ani nnye ne Yɛfo mu. Ma Sion mma ani nnye wɔn Hene mu.
نام او را با رقص تسبیح بخوانند. با بربط و عود اورا بسرایند. ۳ 3
Ma wɔmfa asaw nkamfo ne din na wɔmfa sanku ne akasaa nto dwom mma no.
زیرا خداوند از قوم خویش رضامندی دارد. مسکینان را به نجات جمیل می‌سازد. ۴ 4
Na Awurade ani sɔ ne nkurɔfo; ɔde nkwagye kyɛw hyɛ ahobrɛasefo.
مقدسان از جلال فخر بنمایند. و بربسترهای خود ترنم بکنند. ۵ 5
Momma ahotefo nni ahurusi wɔ anuonyam yi mu; na wɔnto ahosɛpɛw dwom wɔ wɔn mpa so.
تسبیحات بلند خدادر دهان ایشان باشد. و شمشیر دو‌دمه در دست ایشان. ۶ 6
Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anom, na ɛnyɛ afoa anofanu wɔ wɔn nsam,
تا از امت‌ها انتقام بکشند و تادیب‌ها برطوایف بنمایند. ۷ 7
sɛ wɔmfa ntɔ were wɔ amanaman no so ne asotwe wɔ nnipa no so,
و پادشاهان ایشان را به زنجیرها ببندند و سروران ایشان را به پابندهای آهنین. ۸ 8
sɛ wɔmfa nyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahemfo, ne dade mpokyerɛ ngu wɔn atitiriw,
و داوری را که مکتوب است بر ایشان اجرا دارند. این کرامت است برای همه مقدسان او. هللویاه! ۹ 9
sɛ wɔmfa mmu atɛn, sɛnea wɔakyerɛw atia wɔn no. Eyi ne nʼahotewfo nyinaa anuonyam. Monkamfo Awurade.

< مزامیر 149 >