< اعداد 29 >

«و در روز اول ماه هفتم، محفل مقدس برای شما باشد؛ در آن هیچ کار خدمت مکنید و برای شما روز نواختن کرنا باشد. ۱ 1
“‘Ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan wɔ afe biara mu no, munni torobɛnto afahyɛ no. Monyɛ nhyiamu kronkron no na obiara nyɛ adwumaden biara.
وقربانی سوختنی بجهت عطر خوشبوی خداوندبگذرانید، یک گاو جوان و یک قوچ، و هفت بره نرینه یک ساله بی‌عیب. ۲ 2
Momfa nantwi ba onini baako, Odwennini baako ne adwennini ason a wɔadi afe a wonnii dɛm mmɛbɔ ɔhyew afɔre a eyi hua a ɛsɔ Awurade ani.
و هدیه آردی آنها، سه عشر آرد نرم سرشته شده با روغن برای هر گاو، ودو عشر برای هر قوچ. ۳ 3
Momfa esiam lita asia ne fa a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra mmɔ atoko afɔre no a nantwi no ka ho. Odwennini no, momfa lita anan ne fa nka ho
و یک عشر برای هر بره، از آن هفت بره. ۴ 4
na lita abien ne fa nso nka nguantenmma no biara ho.
و یک بز نر بجهت قربانی گناه تابرای شما کفاره شود. ۵ 5
Momfa ɔpapo baako nka ho mmɔ bɔne ho afɔre mfa nyɛ mpata mma mo.
سوای قربانی سوختنی اول ماه و هدیه آردی‌اش، و قربانی سوختنی دائمی با هدیه آردی‌اش، با هدایای ریختنی آنهابرحسب قانون آنها تا عطر خوشبو و هدیه آتشین خداوند باشد. ۶ 6
Eyinom ka ɔhyew afɔre ne nsa afɔre a mobɔ no ɔsram biara ne daa de a wɔakyerɛ no ho. Ɛyɛ aduan afɔre a wɔde brɛ Awurade sɛ ehua a ɛsɔ ani.
«و در روز دهم این ماه هفتم، محفل مقدس برای شما باشد. جانهای خود را ذلیل سازید وهیچ کار مکنید. ۷ 7
“‘Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so du so no monyɛ nhyiamu kronkron. Ɛyɛ da a ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa yɛ komm ahobrɛase mu wɔ Awurade anim na ɛnsɛ sɛ biara yɛ adwuma biara.
و قربانی سوختنی عطر خوشبوبرای خداوند بگذرانید، یک گاو جوان و یک قوچ و هفت بره نرینه یک ساله که برای شما بی‌عیب باشند. ۸ 8
Mommɔ ɔhyew afɔre a eyi hua a ɛsɔ Awurade ani. Afɔrebɔde no yɛ nantwi ba baako, odwennini baako, nguamma a wɔadi afe ason a wonnii dɛm biara.
و هدیه آردی آنها سه عشر آرد نرم سرشته شده با روغن برای هر گاو، و دو عشر برای هر قوچ. ۹ 9
Momfa nantwi ba no nsiesie atoko afɔre a mode asikresiam a wɔayam no muhumuhu ne ngo lita asia ne fa afra,
و یک عشر برای هر بره، از آن هفت بره. ۱۰ 10
na momfa lita anan ne fa nka odwennini no ho na momfa lita abien ne fa aka nguamma ason no mu biara ho.
و یک بز نر برای قربانی گناه سوای قربانی گناه کفاره‌ای و قربانی سوختنی دائمی با هدیه آردی‌اش و هدایای ریختنی آنها. ۱۱ 11
Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo baako bɔ bɔne ho afɔre. Eyi ka bɔne afɔrebɔde a wɔbɔ de pata ne ɔhyew afɔre a wɔbɔ no daadaa a aduan afɔrebɔde ne nsa afɔre ka ho no ho.
«و در روز پانزدهم ماه هفتم، محفل مقدس برای شما باشد، هیچ کار خدمت مکنید و هفت روز برای خداوند عید نگاه دارید. ۱۲ 12
“‘Monyɛ nhyiamu kronkron wɔ ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no so, na monnyɛ adwumaden biara. Munni afahyɛ no nnanson mma Awurade.
و قربانی سوختنی هدیه آتشین عطر خوشبو برای خداوندبگذرانید. سیزده گاو جوان و دو قوچ و چهارده بره نرینه یک ساله که برای شما بی‌عیب باشند. ۱۳ 13
Nneɛma a mode bɛbɔ ɔhyew afɔre na ama ayi hua a ɛsɔ Awurade ani no yɛ nantwimma anini dumiɛnsa, adwennini abien ne adwennini dunan a wɔadi afe na wonnii dɛm biara.
و بجهت هدیه آردی آنها سه عشر آرد نرم سرشته شده با روغن برای هر گاو از آن سیزده گاو، و دو عشر برای هر قوچ از آن دو قوچ. ۱۴ 14
Ɛsɛ sɛ mode asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita asia ne fa a wɔde ngo afra ka nantwimma dumiɛnsa no biara ho. Lita anan ne fa nka adwennini no baako biara ho,
ویک عشر برای هر بره از آن چهارده بره. ۱۵ 15
na lita abien ne fa nka nguantenmma dunan no biara ho.
و یک بز نر بجهت قربانی گناه، سوای قربانی سوختنی دائمی، با هدیه آردی و هدیه ریختنی آن. ۱۶ 16
Momfa ɔpapo mmɔ bɔne ho afɔre nka daa ɔhyew afɔre, atoko ne nsa afɔre a mobɔ no daa no ho.
«و در روز دوم، دوازده گاو جوان و دو قوچ و چهارده بره نرینه یک ساله بی‌عیب. ۱۷ 17
“‘Da a ɛto so abien no, momfa anantwi anini mma dumien, adwennini abien ne adwennini a wɔadi afe dunan a wonnii dɛm biara mmɛbɔ afɔre.
وهدایای آردی و هدایای ریختنی آنها برای گاوهاو قوچها و بره‌ها به شماره آنها برحسب قانون. ۱۸ 18
Saa afɔrebɔde yi mu biara no, mode anantwinini, adwennini ne nguantenmma no ho aduan ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔahyɛ no bɛka ho.
و یک بز نر بجهت قربانی گناه، سوای قربانی سوختنی دائمی با هدیه آردی‌اش، و هدایای ریختنی آنها. ۱۹ 19
Ɔhyew afɔre a mobɔ no daa akyi no, mode ɔpapo bɛka atoko afɔrebɔde ne nsa afɔrebɔde no ho abɔ bɔne ho afɔre.
«و در روز سوم، یازده گاو جوان و دو قوچ و چهارده بره نرینه یک ساله بی‌عیب. ۲۰ 20
“‘Afahyɛ no da a ɛto so abiɛsa no, mode anantwinini dubaako, adwennini abien, nguantenmma a wɔadi afe no dunan a wonnii dɛm biara;
وهدایای آردی و هدایای ریختنی آنها برای گاوهاو قوچها و بره‌ها به شماره آنها برحسب قانون. ۲۱ 21
na sɛnea moyɛ no daa no, mode anantwi, adwennini ne nguantenmma no ne aduan ne nsa afɔrebɔde bɛka afɔrebɔde biara ho.
و یک بز نر بجهت قربانی گناه سوای قربانی سوختنی دائمی با هدیه آردی‌اش و هدیه ریختنی آن. ۲۲ 22
Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔre de ka daa ɔhyew afɔrebɔ no ho a atoko afɔrebɔde ne nsa afɔrebɔde ka ho.
«و در روز چهارم ده گاو جوان و دو قوچ وچهارده بره نرینه یک ساله بی‌عیب. ۲۳ 23
“‘Afahyɛ no da a ɛto so anan no, momfa anantwinini du, adwennini abien, ne nguantenmma a wɔadi afe no dunan a wonnii dɛm biara mmɔ afɔre.
و هدایای آردی و هدایای ریختنی آنها برای گاوها وقوچها و بره‌ها به شماره آنها برحسب قانون. ۲۴ 24
Momfa atoko afɔrebɔde ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔakyerɛ no nka biara ho.
ویک بز نر بجهت قربانی گناه، سوای قربانی سوختنی دائمی، و هدیه آردی‌اش و هدیه ریختنی آن. ۲۵ 25
Momfa ɔpapo baako nyɛ bɔne ho afɔrebɔ nka daa ɔhyew, atoko ne nsa afɔrebɔde no ho.
«و در روز پنجم، نه گاو جوان و دو قوچ وچهارده بره نرینه یک ساله بی‌عیب. ۲۶ 26
“‘Afahyɛ no da a ɛto so anum no, momfa anantwinini akron, adwennini abien ne nguantenmma a wɔadi afe no dunan a wonnii dɛm biara mmɔ afɔre.
و هدایای آردی و هدایای ریختنی آنها برای گاوها وقوچها و بره‌ها به شماره آنها برحسب قانون. ۲۷ 27
Momfa atoko ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔakyerɛ no nka anantwinini, adwennini ne nguamma afɔrebɔ no ho.
ویک بز نر بجهت قربانی گناه، سوای قربانی سوختنی دائمی و هدیه آردی‌اش و هدیه ریختنی آن. ۲۸ 28
Momfa ɔpapo baako nyɛ bɔne ho afɔrebɔ nka daa ɔhyew, atoko ne nsa afɔrebɔde no ho.
«و در روز ششم، هشت گاو جوان و دوقوچ و چهارده بره نرینه یک ساله بی‌عیب. ۲۹ 29
“‘Afahyɛ no da a ɛto so asia no, momfa de anantwinini awotwe, adwennini abien ne nguantenmma a wɔadi afe dunan a wonnii dɛm biara mmɔ afɔre.
وهدایای آردی و هدایای ریختنی آنها برای گاوهاو قوچها و بره‌ها به شماره آنها برحسب قانون. ۳۰ 30
Momfa atoko ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔakyerɛ no nka anantwinini, adwennini ne nguantenmma afɔrebɔ no ho.
و یک بز نر بجهت قربانی گناه سوای قربانی سوختنی دائمی و هدیه آردی‌اش و هدایای ریختنی آن. ۳۱ 31
Momfa ɔpapo baako mmɔ bɔne ho afɔrebɔ nka daa ɔhyew, atoko ne nsa afɔrebɔde no ho.
«و در روز هفتم، هفت گاو جوان و دو قوچ و چهارده بره نرینه یک ساله بی‌عیب. ۳۲ 32
“‘Afahyɛ no da a ɛto so ason no, momfa anantwinini ason, adwennini abien ne nguamma a wɔadi afe a wonnii dɛm biara dunan mmɔ afɔre.
وهدایای آردی و هدایای ریختنی آنها برای گاوهاو قوچها و بره‌ها به شماره آنها برحسب قانون. ۳۳ 33
Momfa atoko ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔakyerɛ no nka anantwinini, adwennini ne nguantenmma afɔrebɔ no ho.
و یک بز نر بجهت قربانی گناه، سوای قربانی سوختنی دائمی و هدیه آردی‌اش و هدیه ریختنی آن. ۳۴ 34
Momfa ɔpapo baako mmɔ bɔne ho afɔre nka daa ɔhyew, atoko ne nsa afɔrebɔde no ho.
«و در روز هشتم، برای شما جشن مقدس باشد؛ هیچ کار خدمت مکنید. ۳۵ 35
“‘Da a ɛto so awotwe no, monyɛ ɔpɔn nhyiamu sononko. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara saa da no.
و قربانی سوختنی هدیه آتشین عطر خوشبو برای خداوندبگذرانید، یک گاو جوان و یک قوچ و هفت بره نرینه یک ساله بی‌عیب. ۳۶ 36
Mommɔ aduan afɔre a ɔhyew afɔre a ɛwɔ hua a ɛsɔ Awurade ani wɔ mu. Momfa nantwinini baako, Odwennini baako, nguantenmma ason a wɔadi afe a wonnii dɛm mmɔ.
و هدایای آردی وهدایای ریختنی آنها برای گاو و قوچ و بره‌ها به شماره آنها برحسب قانون. ۳۷ 37
Momfa atoko ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔakyerɛ no nka nantwinini, odwennini ne nguantenmma no ho.
و یک بز نر برای قربانی گناه سوای قربانی سوختنی دائمی، باهدیه آردی‌اش و هدیه ریختنی آن. ۳۸ 38
Momfa ɔpapo baako mmɔ bɔne ho afɔre nka daa ɔhyew, atoko ne nsa afɔrebɔde no ho.
اینها را شما در موسمهای خود برای خداوند بگذرانید، سوای نذرها و نوافل خودبرای قربانی های سوختنی و هدایای آردی وهدایای ریختنی و ذبایح سلامتی خود.» ۳۹ 39
“‘Mommɔ afɔre yinom mma mo Awurade wɔ mo afahyɛ ahorow no nu: mo hyew, atoko, nsa ne asomdwoe afɔre no; na momfa nka afɔre a mufi mo pɛ mu hyɛ ho bɔ no no ho. Muhyia, didi afirihyia no mu a, twa ara na etwa sɛ mobɔ saa afɔre yi. Na ɛka mo afɔre a mobɔ fa bɔ a moahyɛ anaa nea efi mo pɛ mu a ɛyɛ ɔhyew afɔre, atoko afɔre, nsa afɔre anaa asomdwoe afɔre no ho.’”
پس برحسب هر‌آنچه خداوند به موسی‌امر فرموده بود، موسی بنی‌اسرائیل را اعلام نمود. ۴۰ 40
Mose kaa saa mmara yi nyinaa kyerɛɛ Israelfo no sɛnea Awurade hyɛɛ no no.

< اعداد 29 >