< اعداد 28 >

و خداوند موسی را خطاب کرده، گفت: ۱ 1
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
«بنی‌اسرائیل را امر فرموده، به ایشان بگو: مراقب باشید تا هدیه طعام مرا از قربانی های آتشین عطر خوشبوی من در موسمش نزد من بگذرانید. ۲ 2
“Ka kyerɛ Israelfo se, ‘Monhwɛ na momfa mʼaduan afɔre mmrɛ me wɔ ne bere ano sɛ ehua a ɛsɔ mʼani.’
و ایشان را بگو قربانی آتشین را که نزدخداوند بگذرانید، این است: دو بره نرینه یک ساله بی‌عیب، هر روز بجهت قربانی سوختنی دائمی. ۳ 3
Ka kyerɛ wɔn se, ‘Eyi ne aduan afɔre a ɛsɛ sɛ mode brɛ Awurade: nguamma abien a wɔadi afe a dɛm nni wɔn ho; momfa mmra sɛ daa ɔhyew afɔre.
یک بره را در صبح قربانی کن و بره دیگررا در عصر قربانی کن. ۴ 4
Momfa oguamma no baako mmɔ afɔre anɔpa na momfa ɔbaako mmɔ anwummere,
و یک عشر ایفه آرد نرم مخلوط شده با یک ربع هین روغن زلال برای هدیه آردی. ۵ 5
na momfa aburow lita abien ne fa a wɔayam no muhumuhu na wɔde ngo lita baako afra nka ho.
این است قربانی سوختنی دائمی که در کوه سینا بجهت عطر خوشبو و قربانی آتشین خداوند معین شد. ۶ 6
Eyi ne ɔhyew afɔre a wofii ase wɔ Sinai Bepɔw so a ɛsɛ sɛ wɔbɔ no bere ano bere ano ma eyi hua. Ɛyɛ aduan afɔre a wɔbɔ ma Awurade.
و هدیه ریختنی آن یک ربع هین بجهت هر بره‌ای باشد، این هدیه ریختنی مسکرات را برای خداوند در قدس بریز. ۷ 7
Ɛsɛ sɛ wɔde ɔnom afɔrebɔde a ɛyɛ nsa a apae lita baako a oguamma ka ho ka afɔrebɔde no ho a wobehwie agu beae bi a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ Awurade anim.
و بره دیگر را در عصر قربانی کن، مثل هدیه آردی صبح و مثل هدیه ریختنی آن بگذران تاقربانی آتشین و عطر خوشبو برای خداوند باشد. ۸ 8
Momfa oguamma a ɔto so abien no mmɔ afɔre anwummere a atoko ne nsa afɔrebɔ ka ho. Ɛno nso yɛ Awurade huam. Ɛyɛ ɔhyew afɔre.’
«و در روز سبت دو بره یک ساله بی‌عیب، ودو عشر ایفه آرد نرم سرشته شده با روغن، بجهت هدیه آردی با هدیه ریختنی آن. ۹ 9
“‘Sɛ edu homeda a, momfa nguantenmma a wɔadi afe a wonnii dɛm biara ne afɔrebɔde ahorow a ɛsɛ sɛ mode ka ho no mmɔ afɔre. Ɛsɛ sɛ atoko afɔrebɔde lita anan ne fa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra a nsa ka ho saa ara na wɔde bɔ saa afɔre no.
این است قربانی سوختنی هر روز سبت سوای قربانی سوختنی دائمی با هدیه ریختنی آن. ۱۰ 10
Eyi ne ɔhyew afɔre a wɔbɔ no homeda biara de ka bere ano ɔhyew afɔre ne nsa afɔre ho no.
«و در اول ماههای خود قربانی سوختنی برای خداوند بگذرانید، دو گاو جوان و یک قوچ و هفت بره نرینه یک ساله بی‌عیب. ۱۱ 11
“‘Saa ara nso na da a edi kan wɔ ɔsram biara mu no, ɛsɛ sɛ mobɔ ɔhyew afɔre foforo bi ka ho de ma Awurade. Afɔrebɔde no bɛyɛ nantwinini abien, Odwennini baako ne nguantenmma ason a wɔadi afe a wonnii dɛm biara.
و سه عشرایفه آرد نرم سرشته شده با روغن بجهت هدیه آردی برای هر گاو، و دو عشر آرد نرم سرشته شده با روغن، بجهت هدیه آردی برای هر قوچ. ۱۲ 12
Nantwinini biara no, ɛsɛ sɛ mode ka ho ne asikresiam lita asia ne fa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra. Afei, mode asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita anan ne fa a wɔde ngo afra bɛbɔ aburow afɔre a Odwennini no ka ho;
و یک عشر آرد نرم سرشته شده با روغن، بجهت هدیه آردی برای هر بره، تا قربانی سوختنی، عطر خوشبو و هدیه آتشین برای خداوند باشد. ۱۳ 13
na oguamma biara nso, mode asikresiam lita abiɛsa. Eyi bɛyɛ ɔhyew afɔre a ɛsɔ ani, aduan afɔre a wɔbɔ ma Awurade.
و هدایای ریختنی آنها نصف هین شراب برای هر گاو، و ثلث هین برای هر قوچ، و ربع هین برای هر بره باشد. این است قربانی سوختنی هر ماه از ماههای سال. ۱۴ 14
Nantwi biara, nsa afɔrebɔde lita abien ka ho. Odwennini biara, nsa afɔrebɔde lita baako ne fa ka ho. Oguamma biara nso, nsa afɔrebɔde lita baako ka ho. Afe mu no, eyi na ɛbɛyɛ ɔhyew afɔre wɔ ɔsram biara mu.
و یک بز نربجهت قربانی گناه سوای قربانی سوختنی دائمی، با هدیه ریختنی آن برای خداوند قربانی بشود. ۱۵ 15
Mo bere ano bere ano ɔhyew ne nsa afɔrebɔ akyi no, ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɛbɔ bɔne ho afɔre ma Awurade.
«و در روز چهاردهم ماه اول، فصح خداوند است. ۱۶ 16
“‘Ɛsɛ sɛ mudi Awurade Twam Afahyɛ no afe biara sram a edi kan no da a ɛto so dunan no so.
و در روز پانزدهم این ماه، عید است که هفت روز نان فطیر خورده شود. ۱۷ 17
Da a edi so no, mubefi ase adi afahyɛ; munnni brodo a mmɔkaw wɔ mu nnanson.
در روز اول، محفل مقدس است که هیچ کار خدمت در آن نکنید. ۱۸ 18
Afahyɛ no da a edi kan no, nnipa no nyinaa bɛbɔ ahotew gua na obiara renyɛ adwuma a ɛyɛ den biara.
و بجهت هدیه آتشین و قربانی سوختنی برای خداوند، دو گاو جوان و یک قوچ و هفت بره نرینه یک ساله قربانی کنید، اینها برای شما بی‌عیب باشد. ۱۹ 19
Momfa nantwimma anini abien, Odwennini baako ne nguantenmma ason a wɔadi afe a wonnii dɛm mmɛbɔ ɔhyew afɔre ama Awurade.
و بجهت هدیه آردی آنهاسه عشر آرد نرم سرشته شده با روغن برای هرگاو، و دو عشر برای هر قوچ بگذرانید. ۲۰ 20
Mode esiam muhumuhu lita ason a wɔde ngo afra bɛka nantwi baako biara ho. Afei, mode esiam lita anum bɛka odwennini no ho,
و یک عشر برای هر بره، از آن هفت بره بگذران. ۲۱ 21
na nguanten ason no biara nso, mode esiam lita abiɛsa aka ho.
ویک بز نر بجهت قربانی گناه تا برای شما کفاره شود. ۲۲ 22
Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔre sɛ mpata ma mo ho.
اینها را سوای قربانی سوختنی صبح که قربانی سوختنی دائمی است، بگذرانید. ۲۳ 23
Momfa saa afɔrebɔde yi nka nea daadaa mobɔ no ho.
به اینطور هر روز از آن هفت روز، طعام هدیه آتشین، عطر خوشبو برای خداوند بگذرانید، واین سوای قربانی سوختنی دائمی گذرانیده شود، با هدیه ریختنی آن. ۲۴ 24
Momfa saa kwan yi so mmɔ aduan afɔre da biara saa ara nnanson sɛ ehua a ɛsɔ Awurade ani; ɛsɛ sɛ mobɔ ka ɔhyew afɔre ne nsa afɔre a mobɔ daa no ho.
و در روز هفتم، برای شمامحفل مقدس باشد. هیچ کار خدمت در آن نکنید. ۲۵ 25
Da a ɛto so ason no, monyɛ nhyiamu kronkron na monnyɛ adwuma a ɛyɛ den biara.
«و در روز نوبرها چون هدیه آردی تازه درعید هفته های خود برای خداوند بگذرانید، محفل مقدس برای شما باشد و هیچ کار خدمت در آن مکنید. ۲۶ 26
“‘Aduankan da no a wɔfrɛ no Nnaawɔtwe mu Afahyɛ anaasɛ Pentekoste no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa de kronkronyɛ sononko hyia, de di Otwabere Afahyɛ no. Da no, ɛsɛ sɛ mode mo mfuw mu nnɔbae foforo bɛbɔ Awurade aduan afɔre. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma a ɛyɛ den biara.
و بجهت قربانی سوختنی برای عطر خوشبوی خداوند دو گاو جوان و یک قوچ و هفت بره نرینه یک ساله قربانی کنید. ۲۷ 27
Momfa nantwimma anini abien, odwennini baako ne nguantenmma anini ason mmɛbɔ ɔhyew afɔre sɛ ehua a ɛsɔ Awurade ani.
و هدیه آردی آنها سه عشر آرد نرم سرشته شده با روغن برای هر گاو، و دو عشر برای هر قوچ. ۲۸ 28
Mode mo aburow lita asia ne fa a wɔayam no muhumuhu a mode ngo afra bɛka nantwi baako biara ho. Mode lita anan bɛka Odwennini no ho;
و یک عشر برای هر بره، از آن هفت بره. ۲۹ 29
na mode lita abiɛsa bɛka nguantenmma ason no biara ho.
و یک بز نر تا برای شما کفاره شود. ۳۰ 30
Momfa ɔpapo baako na wɔmfa nyɛ mpata mma mo.
اینها را با هدیه آردی آنها و هدایای ریختنی آنها سوای قربانی سوختنی دائمی بگذرانید و برای شما بی‌عیب باشد. ۳۱ 31
Saa afɔre ahorow yi ka daa ɔhyew afɔre, aburow afɔre ne nsa afɔre no ho. Monhwɛ sɛ mmoa a mode wɔn bɛbɔ saa afɔre no nnii dɛm biara ɛ.

< اعداد 28 >