< لاویان 2 >

«و هرگاه کسی قربانی هدیه آردی بجهت خداوند بگذراند، پس قربانی او از آرد نرم باشد، و روغن بر آن بریزد و کندر بر آن بنهد. ۱ 1
“‘Obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ aduan afɔre de ma Awurade no, ɛsɛ sɛ afɔrebɔde no yɛ asikresiam muhumuhu koraa. Wonhwie ngo ngu so mfa aduhuam mfra
وآن را نزد پسران هارون کهنه بیاورد، و یک مشت از آن بگیرد یعنی از آرد نرمش و روغنش باتمامی کندرش و کاهن آن را برای یادگاری بسوزاند، تا هدیه آتشین و عطر خوشبو بجهت خداوند باشد. ۲ 2
nkɔma Aaron mma asɔfo no. Ɔsɔfo no bɛsaw siam ne ngo no nsa mma de aka aduhuam no nyinaa ho na wahyew eyi sɛ afɔremuka no nkae ade, aduan afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ Awurade ani.
و بقیه هدیه آردی از آن هارون وپسرانش باشد. این از هدایای آتشین خداوند قدس اقداس است. ۳ 3
Ɛsɛ sɛ wɔde asikresiam nkae no ma Aaron ne ne mmabarima sɛ wɔn aduan; nanso wɔfa ne nyinaa sɛ afɔre kronkron a wɔabɔ ama Awurade.
و هرگاه قربانی هدیه آردی پخته شده‌ای در تنور بگذرانی، پس قرصهای فطیر از آرد نرم سرشته شده به روغن، یا گرده های فطیر مالیده شده به روغن باشد. ۴ 4
“‘Sɛ wɔde brodo a wɔato no fononoo mu brɛ Awurade sɛ afɔrebɔde a, ɛsɛ sɛ wɔde asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ato a mmɔkaw nni mu na ɛbɔ saa afɔre no. Mutumi de brodo ntrantraa dɛdɛ a mmɔkaw nni mu na mode ngo afa so nso bɔ afɔre ma ɛyɛ yiye.
و اگر قربانی توهدیه آردی بر ساج باشد، پس از آرد نرم فطیرسرشته شده به روغن باشد. ۵ 5
Sɛ afɔrebɔde no yɛ aduan a wɔato wɔ dade so a, asikresiam muhumuhu a mmɔkaw mfra mu, na mode ngo afra na momfa mmɔ saa afɔre no.
و آن را پاره پاره کرده، روغن بر آن بریز. این هدیه آردی است. ۶ 6
Mummubu mu asinasin na munhwie ngo ngu so na ɛnyɛ sɛ atoko afɔre ara pɛ.
واگر قربانی تو هدیه آردی تابه باشد از آرد نرم باروغن ساخته شود. ۷ 7
Sɛ monoa mo afɔre no wɔ kuruwa mu a, ɛno nso, momfa asikresiam muhumuhu a mode ngo afra na ɛmmɔ saa afɔre no.
و هدیه آردی را که از این چیزها ساخته شود نزد خداوند بیاور، و آن راپیش کاهن بگذار، و او آن را نزد مذبح خواهدآورد. ۸ 8
Sɛ moyɛ aduan bi, sɛ motoe, sɛ mokyewee anaasɛ mohowee no, ɛsɛ sɛ mode saa afɔrebɔde no kɔma ɔsɔfo na ɔno nso de kɔ afɔremuka no anim de kɔma Awurade.
و کاهن از هدیه آردی یادگاری آن رابردارد و بر مذبح بسوزاند. این هدیه آتشین و عطرخوشبو بجهت خداوند است. ۹ 9
Afɔrebɔde no mu kakraa bi na ɛsɛ sɛ asɔfo no hyew, nanso Awurade ani bɛsɔ ade mu no nyinaa.
و بقیه هدیه آردی از آن هارون و پسرانش باشد. این ازهدایای آتشین خداوند قدس اقداس است. ۱۰ 10
Nea ɛbɛka no yɛ asɔfo no dea, nanso wɔfa no sɛ ne nyinaa yɛ ɔhyew afɔre kronkron a wɔabɔ de ama Awurade.
«و هیچ هدیه آردی که بجهت خداوندمی گذرانید با خمیرمایه ساخته نشود، زیرا که هیچ خمیرمایه و عسل را برای هدیه آتشین بجهت خداوند نباید سوزانید. ۱۱ 11
“‘Afɔre a mode asikresiam na ɛbɔ no, mommfa mmɔkaw mmfra mu, efisɛ ɛnsɛ sɛ ɔhyew afɔre biara a mobɛbɔ ama Awurade no, mode mmɔkaw anaa ɛwo fra mu.
آنها را برای قربانی نوبرها بجهت خداوند بگذرانید، لیکن برای عطر خوشبو به مذبح برنیارند. ۱۲ 12
Mode bɛbrɛ Awurade sɛ aduankan afɔrebɔde, nanso ɛnsɛ sɛ wɔhyew wɔ afɔremuka no so sɛ afɔre a ɛsɔ Awurade ani.
و هرقربانی هدیه آردی خود را به نمک نمکین کن، ونمک عهد خدای خود را از هدیه آردی خودبازمدار، با هر قربانی خود نمک بگذران. ۱۳ 13
Momfa nkyene mfra afɔrebɔde biara. Munnyi mo Nyankopɔn apam mu nkyene mmfi mo atoko afɔrebɔ mu; momfa nkyene nka mo afɔrebɔ nyinaa ho.
و اگرهدیه آردی نوبرها بجهت خداوند بگذرانی، پس خوشه های برشته شده به آتش، یعنی بلغورحاصل نیکو بجهت هدیه آردی نوبرهای خودبگذران. ۱۴ 14
“‘Sɛ mode mo nnɔbae a edi kan mu aba kan rebɛbɔ afɔre a, emu aburow no munhuan ho na montoto na momfa mma Awurade.
و روغن بر آن بریز و کندر بر آن بنه. این هدیه آردی است. ۱۵ 15
Momfa ngo ne aduhuam nyɛ ho; ɛyɛ atoko afɔre.
و کاهن یادگاری آن رایعنی قدری از بلغور آن و از روغنش با تمامی کندرش بسوزاند. این هدیه آتشین بجهت خداوند است. ۱۶ 16
Na ɔsɔfo no bɛhyew aburow a wɔayam ne ngo no nkae de aduhuam afra sɛ aduan afɔrebɔde a wɔde aba Awurade anim.

< لاویان 2 >