< لاویان 1 >

و خداوند موسی را خواند، و او را از خیمه اجتماع خطاب کرده، گفت: ۱ 1
Afei, Awurade kasa fii Ahyiae Ntamadan no mu kyerɛɛ Mose se,
«بنی‌اسرائیل را خطاب کرده، به ایشان بگو: هرگاه کسی از شماقربانی نزد خداوند بگذراند، پس قربانی خود را ازبهایم یعنی از گاو یا از گوسفند بگذرانید. ۲ 2
“Kyerɛ Israelfo no se, ‘sɛ morebɔ Awurade afɔre a, momfa mo anantwi ne mo nguan no bi na mommɔ saa afɔre no.
اگرقربانی او قربانی سوختنی از گاو باشد، آن را نربی عیب بگذارند، و آن را نزد در خیمه اجتماع بیاورد تا به حضور خداوند مقبول شود. ۳ 3
“‘Sɛ mo ɔhyew afɔrebɔde no yɛ nantwi a ofi mo nantwibuw mu a, momfa nantwi a onnii dɛm na ɛmmɔ saa afɔre no sɛnea ɛbɛsɔ Awurade ani. Fa aboa no kɔ Ahyiae Ntamadan no pon ano na ɛhɔ na asɔfo no begye wʼayɛyɛde a wode rebrɛ Awurade no.
و دست خود را بر سر قربانی سوختنی بگذارد، و برایش مقبول خواهد شد تا بجهت او کفاره کند. ۴ 4
Ɛsɛ sɛ onipa a ɔde aboa no reba no de ne nsa gu aboa no ti so sɛ mpata ma afɔrebɔni no. Onyankopɔn bɛpɛ aboa no wu sen sɛ afɔrebɔni a ɔde saa aboa no bɛba no bewu sɛ ne bɔne so akatua.
پس گاو را به حضور خداوند ذبح نماید، و پسران هارون کهنه خون را نزدیک بیاورند، و خون را براطراف مذبح که نزد در خیمه اجتماع است بپاشند. ۵ 5
Afɔrebɔni no bekum aboa no wɔ hɔ wɔ Awurade anim. Na Aaron mmabarima asɔfo no asɔw aboa no mogya de akyerɛ Awurade. Na wɔde mogya no apete afɔremuka a esi Ahyiae Ntamadan no kwan no ano no ne ho nyinaa.
و پوست قربانی سوختنی را بکند و آن را قطعه قطعه کند. ۶ 6
Afei, asɔfo no bɛpa aboa no ho nwoma na wɔabobɔw.
و پسران هارون کاهن آتش برمذبح بگذارند، و هیزم بر آتش بچینند. ۷ 7
Na ɔsɔfo Aaron mmabarima no bɛsɔ gya wɔ afɔremuka no so.
و پسران هارون کهنه قطعه‌ها و سر و پیه را بر هیزمی که برآتش روی مذبح است بچینند. ۸ 8
Na wɔde aboa no akwaa bi ne ne ti ne ne srade ka ho agu nnyansin no so.
و احشایش وپاچه هایش را به آب بشویند، و کاهن همه را برمذبح بسوزاند، برای قربانی سوختنی و هدیه آتشین و عطر خوشبو بجهت خداوند. ۹ 9
Momfa nsu nhohoro nʼayamde ne ne nan ho na asɔfo no nhyew no wɔ afɔremuka no so. Ɛyɛ ɔhyew afɔre, aduan afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ Awurade ani.
و اگرقربانی او از گله باشد خواه از گوسفند خواه از بزبجهت قربانی سوختنی، آن را نر بی‌عیب بگذراند. ۱۰ 10
“‘Sɛ afɔrebɔ no yɛ ɔhyew afɔre na aboa no yɛ oguan anaa abirekyi a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini a ne ho nni dɛm biara.
و آن را به طرف شمالی مذبح به حضور خداوند ذبح نماید، و پسران هارون کهنه خونش را به اطراف مذبح بپاشند. ۱۱ 11
Onipa a ɔde no bae no bekum no Awurade anim wɔ afɔremuka no atifi na Aaron mmabarima asɔfo no apete mogya no agu afɔremuka no so ne ɛho nyinaa.
و آن را باسرش و پیه‌اش قطعه قطعه کند، و کاهن آنها را برهیزمی که بر آتش روی مذبح است بچیند. ۱۲ 12
Ɔbɛhyehyɛ nam no na asɔfo no de nʼasinasin no ne ti no ne ne srade no agu nnyansin a egu afɔremuka no so no so.
واحشایش و پاچه هایش را به آب بشوید، و کاهن همه را نزدیک بیاورد و بر مذبح بسوزاند، که آن قربانی سوختنی و هدیه آتشین و عطر خوشبوبجهت خداوند است. ۱۳ 13
Wɔde nsu bɛhohoro nʼayamde ne ne nan no ho ansa na asɔfo no ahyew wɔ afɔremuka no so de ama Awurade; efisɛ ɔhyew afɔre sɔ Awurade ani.
«و اگر قربانی او بجهت خداوند قربانی سوختنی از مرغان باشد، پس قربانی خود را ازفاخته‌ها یا از جوجه های کبوتر بگذراند. ۱۴ 14
“‘Sɛ obi pɛ sɛ ɔde anomaa bɔ ɔhyew afɔre a, ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnomamma.
وکاهن آن را نزد مذبح بیاورد و سرش را بپیچد و برمذبح بسوزاند، و خونش را بر پهلوی مذبح افشرده شود. ۱۵ 15
Ɔsɔfo no bɛfa anomaa no de no akɔ afɔremuka no so na watew ne ti ahyew no, na wasɔn ne mogya no agu afɔremuka no nkyɛn.
و چینه دانش را با فضلات آن بیرون کرده، آن را بر جانب شرقی مذبح در جای خاکستر بیندازد. ۱۶ 16
Afei, ɔsɔfo no beyi ne mene ase, atutu ne ntakra no na watow agu nsõ no mu wɔ afɔremuka no apuei fam.
و آن را از میان بالهایش چاک کند و از هم جدا نکند، و کاهن آن را بر مذبح برهیزمی که بر آتش است بسوزاند، که آن قربانی سوختنی و هدیه آتشین و عطر خوشبو بجهت خداوند است. ۱۷ 17
Afei, ɔbɛtwe ne ntaban mu ama emu ntin no atetew asensɛn hɔ, na ɔsɔfo no ahyew no wɔ afɔremuka no so. Ɛyɛ ɔhyew afɔre, aduan afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ Awurade ani.

< لاویان 1 >