< داوران 7 >

و یربعل که جدعون باشد با تمامی قوم که باوی بودند صبح زود برخاسته، نزد چشمه حرود اردو زدند، و اردوی مدیان به شمال ایشان نزد کوه موره در وادی بود. ۱ 1
Anɔpahema, Yerub-Baal (a ɔne Gideon) ne nʼakofo kɔɔ ara kosii Harod asu ho. Midian asraafo nso bɔɔ tukuw wɔ atifi fam wɔ obon bi a ɛbɛn More bepɔw no.
و خداوند به جدعون گفت: «قومی که با توهستند، زیاده از آنند که مدیان را به‌دست ایشان تسلیم نمایم، مبادا اسرائیل بر من فخر نموده، بگویند که دست ما، ما را نجات داد. ۲ 2
Awurade ka kyerɛɛ Gideon se, “Akofo a wɔka wo ho no dɔɔso dodo. Sɛ mema mo nyinaa ko tia Midianfo a, Israelfo no bɛhoahoa wɔn ho akyerɛ me sɛ wɔn ara nam wɔn ahoɔden so na wogyee wɔn ho sii hɔ.
پس الان به گوش قوم ندا کرده، بگو: هر کس که ترسان وهراسان باشد از کوه جلعاد برگشته، روانه شود.» وبیست و دو هزار نفر از قوم برگشتند و ده هزارباقی ماندند. ۳ 3
Ɛno nti, ka kyerɛ nnipa no se, ‘Obiara a ɔyɛ bɔtee anaa osuro no, onyi ne ho mfi mu na ɔnkɔ fie.’” Wɔn mu mpem aduonu abien na wɔkɔɔ fie, na ɛkaa wɔn mu mpem du a wɔpɛe sɛ wɔbɛko.
و خداوند به جدعون گفت: «باز هم قوم زیاده‌اند، ایشان را نزد آب بیاور تا ایشان را آنجابرای تو بیازمایم، و هر‌که را به تو گویم این با توبرود، او همراه تو خواهد رفت، و هر‌که را به تو گویم این با تو نرود، او نخواهد رفت.» ۴ 4
Nanso Awurade ka kyerɛɛ Gideon se, “Wɔdɔɔso ara. Fa wɔn bra asu no ho na mɛsa wɔn mu ayi wɔn a wo ne wɔn bɛkɔ ne wɔn a wɔne wo renkɔ.”
و چون قوم را نزد آب آورده بود، خداوند به جدعون گفت: «هر‌که آب را به زبان خود بنوشد چنانکه سگ می‌نوشد او را تنها بگذار، و همچنین هر‌که بر زانوی خود خم شده، بنوشد.» ۵ 5
Bere a Gideon de nʼakofo no kɔɔ asu no ho no, Awurade ka kyerɛɛ no se, “Kyɛ nnipa no mu akuw abien. Fa nnipa a wɔbɔ nsu gu wɔn nsam na wɔde wɔn tɛkrɛma taforo no sɛ akraman no kɔ kuw baako mu. Kuw a ɛto so abien no nso, fa wɔn a wobu nkotodwe de wɔn ano nom nsu wɔ asuwa mu no hyɛ mu.”
و عدد آنانی که دست به دهان آورده، نوشیدند، سیصد نفر بودو جمیع بقیه قوم بر زانوی خود خم شده، آب نوشیدند. ۶ 6
Mmarima no mu ahaasa pɛ na na wɔnom nsu fi wɔn nsa mu. Wɔn a aka no nyinaa nso, na wobu nkotodwe de wɔn ano nom nsu fi asuwa no mu.
و خداوند به جدعون گفت: «به این سیصد نفر که به کف نوشیدند، شما را نجات می‌دهم، و مدیان را به‌دست تو تسلیم خواهم نمود. پس سایر قوم هر کس به‌جای خود بروند.» ۷ 7
Awurade ka kyerɛɛ Gideon se, “Menam saa mmarima ahaasa yi so begye mo, na mama moadi Midianfo no so nkonim. Ma wɔn a aka no nyinaa nkɔ fie.”
پس آن گروه توشه و کرناهای خود را به‌دست گرفتند و هر کس را از سایر مردان اسرائیل به خیمه خود فرستاد، ولی آن سیصد نفر را نگاه داشت. و اردوی مدیان در وادی پایین دست اوبود. ۸ 8
Enti Gideon gyigyee wɔn akwansoduan ne ntorobɛnto fii akofo no nkyɛn ma wɔkɔɔ fie. Ɛnna ɔmaa mmarima ahaasa no kaa ne nkyɛn. Na Midianfo no atenae wɔ obon a ɛwɔ Gideon ase pɛɛ.
و در همان شب خداوند وی را گفت: «برخیزو به اردو فرود بیا زیرا که آن را به‌دست تو تسلیم نموده‌ام. ۹ 9
Anadwo no, Awurade kae se, “Sɔre! Kɔ Midianfo no atenae no mu wɔ ase hɔ, na mɛma mo adi wɔn so nkonim!
لیکن اگر از رفتن می‌ترسی، با خادم خود فوره به اردو برو. ۱۰ 10
Na sɛ wusuro sɛ wobɛkɔ akɔtow ahyɛ wɔn so a, wo ne wo somfo Pura nkɔ hɔ.
و چون آنچه ایشان بگویند بشنوی، بعد از آن دست تو قوی خواهدشد، و به اردو فرود خواهی آمد.» پس او وخادمش، فوره به کناره سلاح دارانی که در اردوبودند، فرود آمدند. ۱۱ 11
Tie nea Midianfo no reka na ɛbɛhyɛ wo nkuran. Na wo ho bɛpere wo ama woatow ahyɛ wɔn so.” Enti Gideon faa Pura kaa ne ho ne no kɔɔ atamfo no atenae no mfikyiri.
و اهل مدیان و عمالیق وجمیع بنی مشرق مثل ملخ، بی‌شمار در وادی ریخته بودند، و شتران ایشان را مثل ریگ که برکناره دریا بی‌حساب است، شماره‌ای نبود. ۱۲ 12
Saa bere no na Midianfo, Amalekfo ne nnipa no nkae a wofifi apuei fam no abɛfɔre so te sɛ mmoadabi wɔ obon no mu. Na wɔn yoma nso dodow te sɛ mpoano nwea. Wɔdɔɔso dodo!
پس چون جدعون رسید، دید که مردی به رفیقش خوابی بیان کرده، می‌گفت که «اینک خوابی دیدم، و هان گرده‌ای نان جوین در میان اردوی مدیان غلطانیده شده، به خیمه‌ای برخوردو آن را چنان زد که افتاد و آن را واژگون ساخت، چنانکه خیمه بر زمین پهن شد.» ۱۳ 13
Gideon weawea koduu hɔ no, na ɔbarima bi reka ne dae a ɔsoo akyerɛ nʼadamfo bi se, “Mesoo dae na brodo kurukuruwa bi atew abɛhwe Midianfo atenae. Ɛkɔpem ntamadan no bi na ebu faa so ma ɛkɔhwee ase.”
رفیقش درجواب وی گفت که «این نیست جز شمشیرجدعون بن یوآش، مرد اسرائیلی، زیرا خدامدیان و تمام اردو را به‌دست او تسلیم کرده است.» ۱۴ 14
Nʼadamfo no kae se, “Wo dae no kyerɛ ade baako pɛ. Onyankopɔn de Midian ne ne dɔm nyinaa so nkonimdi ahyɛ Yoas babarima Gideon, Israelni no nsa.”
و چون جدعون نقل خواب و تعبیرش راشنید، سجده نمود، و به لشکرگاه اسرائیل برگشته، گفت: «برخیزید زیرا که خداوند اردوی مدیان را به‌دست شما تسلیم کرده است.» ۱۵ 15
Bere a Gideon tee dae no ne ne nkyerɛase no, ɔkotow sɔree Onyankopɔn. Ɔsan baa Israel atenae mu teɛɛ mu se, “Monsɔre! Awurade de Midianfo ahyɛ mo nsa.”
و آن سیصد نفر را به سه فرقه منقسم ساخت، و به‌دست هر یکی از ایشان کرناها و سبوهای خالی داد و مشعلها در سبوها گذاشت. ۱۶ 16
Ɔkyɛɛ mmarima ahaasa no mu akuwakuw abiɛsa. Ɔde ntorobɛnto ne dɔte kuruwa a ogyatɛn hyehyɛ mu maa wɔn.
و به ایشان گفت: «بر من نگاه کرده، چنان بکنید. پس چون به کنار اردو برسم، هر‌چه من می‌کنم، شما هم چنان بکنید. ۱۷ 17
Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ me. Munni mʼakyi. Sɛ midu atenae no mfikyiri a, nea mɛyɛ biara no, monyɛ bi.
و چون من و آنانی که با من هستند کرناهارا بنوازیم، شما نیز از همه اطراف اردو کرناها رابنوازید و بگویید (شمشیر) خداوند و جدعون.» ۱۸ 18
Sɛ me ne wɔn a wɔka me ho nyinaa hyɛn ntorobɛnto no a, mo a moatwa atenae no ho ahyia no nyinaa, mo nso monhyɛn mo de na monteɛ mu se, ‘Yɛko ma Onyankopɔn ne Gideon.’”
پس جدعون و صد نفر که با وی بودند درابتدای پاس دوم شب به کنار اردو رسیدند و درهمان حین کشیکچی‌ای تازه گذارده بودند، پس کرناها را نواختند و سبوها را که در دست ایشان بود، شکستند. ۱۹ 19
Anadwo dasum a wɔasesa awɛmfo no awie pɛ, na Gideon ne mmarima ɔha a wɔka ne ho no koduu Midianfo atenae mfikyiri. Mpofirim wɔhyɛn wɔn ntorobɛnto no, bobɔɔ dɔte nkuruwa a na ɛhyehyɛ wɔn nsam no.
و هر سه فرقه کرناها را نواختندو سبوها را شکستند و مشعلها را به‌دست چپ وکرناها را به‌دست راست خود گرفته، نواختند، وصدا زدند شمشیر خداوند و جدعون. ۲۰ 20
Afei akuw abiɛsa no nyinaa hyɛn wɔn ntorobɛnto bobɔɔ wɔn nkuruwa. Na wokurakura ogyatɛn a ɛredɛw no wɔ wɔn nsa benkum mu na wokurakura ntorobɛnto wɔ wɔn nsa nifa mu, wɔteɛɛ mu se, “Awurade afoa yɛ Gideon afoa!”
و هرکس به‌جای خود به اطراف اردو ایستادند وتمامی لشکر فرار کردند و ایشان نعره زده، آنها رامنهزم ساختند. ۲۱ 21
Ɔbarima biara gyinaa nʼafa wɔ atenae no ho, hwɛɛ Midianfo no sɛ wɔabɔ huboa reteɛteɛ mu na wɔreguan.
و چون آن سیصد نفر کرناها را نواختند، خداوند شمشیر هر کس را بر رفیقش وبر تمامی لشکر گردانید، و لشکر ایشان تابیت شطه به سوی صریرت و تا سر حد آبل محوله که نزد طبات است، فرار کردند. ۲۲ 22
Bere a Israelfo ahaasa no hyɛn wɔn ntorobɛnto no, Awurade maa wɔn atamfo akofo a wɔwɔ atenae hɔ no twaa wɔn ho de afoa ne wɔn ho wɔn ho koe. Wɔn a wɔanwu no guan koduu Bet-Sita a ɛbɛn Serera ne Abel-Mehola hye a ɛbɛn Tabat so.
و مردان اسرائیل از نفتالی و اشیر و تمامی منسی جمع شده، مدیان را تعاقب نمودند. ۲۳ 23
Afei, Gideon soma kɔfaa Naftali, Aser ne Manase akofo a wɔbɛboa ma wɔtaa Midian nsraadɔm a wɔreguan no.
و جدعون به تمامی کوهستان افرایم، رسولان فرستاده، گفت: «به جهت مقابله با مدیان به زیر آیید و آبها را تا بیت باره و اردن پیش ایشان بگیرید.» پس تمامی مردان افرایم جمع شده، آبهارا تا بیت باره و اردن گرفتند. ۲۴ 24
Gideon tuu abɔfo kɔɔ Efraim mmepɔw aman no so kɔkae se, “Mommra mmɛtow nhyɛ Midianfo so. Munhyia wɔn wɔ Yordan aworoe so a ɛwɔ Bet-Bera hɔ no.” Na Efraim mmarima no yɛɛ sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn no.
و غراب و ذئب، دو سردار مدیان را گرفته، غراب را بر صخره غراب و ذئب را در چرخشت ذئب کشتند، ومدیان را تعاقب نمودند، و سرهای غراب و ذئب را به آن طرف اردن، نزد جدعون آوردند. ۲۵ 25
Wɔkyeree Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene. Wokum Oreb wɔ Oreb botan so, na wokum Seeb nso wɔ Seeb nsakyiamoa ho. Na wɔkɔɔ so taa Midianfo no. Akyiri no, Israelfo no de Oreb ne Seeb ti no brɛɛ Gideon a na saa bere no ɔwɔ Yordan ho no.

< داوران 7 >