< ارمیا 11 >

این است کلامی که از جانب خداوند به ارمیا نازل شده، گفت: ۱ 1
Asɛm a efi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn ni:
«کلام این عهدرا بشنوید و به مردان یهودا و ساکنان اورشلیم بگویید. ۲ 2
“Tie apam yi mu nhyehyɛe na ka kyerɛ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem.
و تو به ایشان بگو یهوه خدای اسرائیل چنین می‌گوید: ملعون باد کسی‌که کلام این عهدرا نشنود. ۳ 3
Ka kyerɛ wɔn se, sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: ‘Nnome nka onipa a onni apam yi mu nhyehyɛe so,
که آن را به پدران شما در روزی که ایشان را از زمین مصر از کوره آهنین بیرون آوردم امر فرموده، گفتم قول مرا بشنوید و موافق هر آنچه به شما امر بفرمایم آن را بجا بیاورید تا شماقوم من باشید و من خدای شما باشم. ۴ 4
nea mehyɛ maa mo agyanom bere a miyii wɔn fii Misraim, fononoo a wɔnan dade wɔ mu no.’ Mekae se, ‘Monyɛ osetie mma me na monyɛ biribiara a mehyɛ mo, na mobɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ mo Nyankopɔn.
و تا قسمی را که برای پدران شما خوردم وفا نمایم که زمینی را که به شیر و عسل جاری است چنانکه امروزشده است به ایشان بدهم.» پس من در جواب گفتم: «ای خداوند آمین.» ۵ 5
Na afei mɛma ntam a mekaa mo agyanom se, mɛma wɔn asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no aba mu,’ asase a mote so nnɛ yi.” Mibuae se, “Amen, Awurade.”
پس خداوند مرا گفت: «تمام این سخنان رادر شهرهای یهودا و کوچه های اورشلیم نداکرده، بگو که سخنان این عهد را بشنوید و آنها رابجا آورید. ۶ 6
Awurade ka kyerɛɛ me se, “Bɔ saa asɛm yi ho dawuru wɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so se: ‘Muntie apam yi ho nhyehyɛe na munni so.
زیرا از روزی که پدران شما را اززمین مصر برآوردم تا امروز ایشان را تاکید سخت نمودم و صبح زود برخاسته، تاکید نموده، گفتم قول مرا بشنوید. ۷ 7
Efi bere a miyii mo agyanom fii Misraim besi nnɛ yi, mebɔɔ wɔn kɔkɔ bere biara se, “Monyɛ osetie mma me.”
اما نشنیدند و گوش خود را فرانداشتند بلکه پیروی سرکشی دل شریر خود رانمودند. پس تمام سخنان این عهد را بر ایشان وارد آوردم چونکه امر فرموده بودم که آن را وفانمایند اما وفا ننمودند.» ۸ 8
Nanso wɔantie na wɔamfa no asɛm; na mmom, wodii asoɔden a efi wɔn koma bɔne mu no akyi. Ɛno nti memaa nnome a efi apam a mahyɛ wɔn sɛ wonni so na wɔanni so no mu no baa wɔn so.’”
و خداوند مرا گفت: «فتنه‌ای در میان مردان یهودا و ساکنان اورشلیم پیدا شده است. ۹ 9
Na afei Awurade ka kyerɛɛ me se, “Atuatew apam bi wɔ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem no ntam.
به خطایای پدران پیشین خود که از شنیدن این سخنان ابا نمودند برگشتند و ایشان خدایان غیر راپیروی نموده، آنها را عبادت نمودند. و خاندان اسرائیل و خاندان یهودا عهدی را که با پدران ایشان بسته بودم شکستند.» ۱۰ 10
Wɔasan kɔ wɔn agyanom a wɔampɛ sɛ wotie mʼasɛm no bɔne ho. Wɔadi anyame foforo akyi akɔsom wɔn. Yerusalem fifo ne Yuda fifo abu apam a me ne wɔn agyanom yɛe no so.
بنابراین خداوندچنین می‌گوید: «اینک من بلایی را که از آن نتوانندرست بر ایشان خواهم آورد. و نزد من استغاثه خواهند کرد اما ایشان را اجابت نخواهم نمود. ۱۱ 11
Ɛno nti nea Awurade se ni: ‘Mede amanehunu a wɔrentumi nguan mfi mu bɛba wɔn so. Ɛwɔ mu sɛ, wosu frɛ me de, nanso merennye wɔn so.
و شهرهای یهودا و ساکنان اورشلیم رفته، نزدخدایانی که برای آنها بخور می‌سوزانیدند فریادخواهند کرد اما آنها در وقت مصیبت ایشان هرگزایشان را نجات نخواهند داد. ۱۲ 12
Yuda nkurow ne Yerusalemfo bɛkɔ akosu afrɛ anyame a wɔhyew nnuhuam ma wɔn no, nanso sɛ amanehunu ba a wɔrentumi mmoa wɔn koraa.
زیرا که‌ای یهوداشماره خدایان تو بقدر شهرهای تو می‌باشد و برحسب شماره کوچه های اورشلیم مذبح های رسوایی برپا داشتید یعنی مذبح‌ها به جهت بخورسوزانیدن برای بعل. ۱۳ 13
Wo Yuda, wowɔ anyame a wɔn dodow bɛyɛ sɛ wo nkurow; na afɔremuka a moasisi sɛ mobɛhyew nnuhuam wɔ so ama animguase nyame Baal no dɔɔso sɛ Yerusalem mmɔnten.’
پس تو برای این قوم دعامکن و به جهت ایشان آواز تضرع و استغاثه بلندمنما زیرا که چون در وقت مصیبت خویش مرابخوانند ایشان را اجابت نخواهم نمود. ۱۴ 14
“Mmɔ mpae mma saa nnipa yi, nni mma wɔn na nsrɛ mma wɔn, efisɛ, sɛ wosu frɛ me wɔ wɔn amanehunu mu a merennye wɔn so.
محبوبه مرا در خانه من چه‌کار است چونکه شرارت ورزیده است. آیا تضرعات و گوشت مقدس می‌تواند گناه تو را از تو دور بکند؟ آنگاه می‌توانستی وجد نمایی.» ۱۵ 15
“Dɛn na me dɔfo reyɛ wɔ mʼasɔredan mu bere a ɔne bebree hyehyɛ nsɛmmɔnedi ho? Ahodwira nam betumi abɔ wo asotwe agu ana? Sɛ woyɛ wʼamumɔyɛsɛm a na wʼani agye.”
خداوند تو را زیتون شاداب که به میوه نیکوخوشنما باشد مسمی نموده. اما به آواز غوغای عظیم آتش در آن افروخته است که شاخه هایش شکسته گردید. ۱۶ 16
Awurade, frɛ wo ngodua a enyin frɔmfrɔm a ɛsow aba a ɛyɛ fɛ. Nanso ɔde ahum kɛse bi nteɛmu bɛto mu gya, na ne mman bebubu.
زیرا یهوه صبایوت که تو راغرس نموده بود بلایی بر تو فرموده است به‌سبب شرارتی که خاندان اسرائیل و خاندان یهودا به ضد خویشتن کردند و برای بعل بخور‌سوزانیده، خشم مرا به هیجان آوردند. ۱۷ 17
Asafo Awurade a oduaa wo no ahyɛ amanehunu ho nkɔm wɔ wo ho, efisɛ Israel fifo ne Yuda fifo ayɛ bɔne ahyɛ me abufuw sɛ wɔhyew nnuhuam ma Baal.
و خداوند مرا تعلیم داد پس دانستم. آنگاه اعمال ایشان را به من نشان دادی. ۱۸ 18
Esiane sɛ Awurade yii pɔw a wabɔ kyerɛɛ me no nti, mihui, efisɛ saa bere no ɔde nea wɔreyɛ no kyerɛɛ me.
و من مثل بره دست آموز که به مذبح برند بودم. و نمی دانستم که تدبیرات به ضد من نموده، می‌گفتند: «درخت را بامیوه‌اش ضایع سازیم و آن را از زمین زندگان قطع نماییم تا اسمش دیگر مذکور نشود.» ۱۹ 19
Meyɛɛ sɛ oguamma a odwo a wɔde no rekɔ akokum no; amma mʼadwene mu sɛ wɔabɔ wɔn tirim pɔw atia me sɛ, “Momma yɛnsɛe dua no ne nʼaba no; momma yentwa no mfi ateasefo asase so, sɛnea wɔnnkae ne din bio.”
اما‌ای یهوه صبایوت که داور عادل و امتحان کننده باطن و دل هستی، بشود که انتقام کشیدن تو را از ایشان ببینم زیرا که دعوی خود را نزد تو ظاهر ساختم. ۲۰ 20
Nanso wo, Asafo Awurade, wo a wubu atɛntrenee na wosɔ koma ne adwene hwɛ, ma minhu wʼaweretɔ wɔ wɔn so, na wo nsam na mede me nsɛm nyinaa hyɛ.
لهذا خداوند چنین می‌گوید: «درباره اهل عناتوت که قصد جان تو دارند و می‌گویند به نام یهوه نبوت مکن مبادا از دست ما کشته شوی. ۲۱ 21
Ɛno nti nea Awurade ka fa Anatot mmarima a wɔrehwehwɛ wo akum wo na wɔka se, “Nhyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu anyɛ saa a, wubewu wɔ yɛn nsa ano,”
از این جهت یهوه صبایوت چنین می‌گوید: اینک بر ایشان عقوبت خواهم رسانید. و جوانان ایشان به شمشیر خواهند مرد و پسران و دختران ایشان از گرسنگی هلاک خواهند شد. ۲۲ 22
Ɛno nti, nea Asafo Awurade se ni: “Mɛtwe wɔn aso. Wɔn mmerante bewuwu afoa ano, na ɔkɔm bekunkum wɔn mmabarima ne mmabea.
و برای ایشان بقیه‌ای نخواهد ماند زیرا که من بر اهل عناتوت در سال عقوبت ایشان بلایی خواهم رسانید.» ۲۳ 23
Wɔrennya wɔn nkae biara mpo, efisɛ mede amanehunu bɛba Anatotfo so wɔ wɔn asotwe afe mu.”

< ارمیا 11 >