< ارمیا 18 >

کلامی که از جانب خداوند به ارمیا نازل شده، گفت: ۱ 1
Eyi ne Awurade asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn.
«برخیز و به خانه کوزه‌گر فرود آی که در آنجا کلام خود را به تو خواهم شنوانید.» ۲ 2
“Kɔ ɔnwemfo no fi, na hɔ na mede mʼasɛm no bɛma wo.”
پس به خانه کوزه‌گر فرود شدم و اینک او برچرخها کار می‌کرد. ۳ 3
Ɛno nti, mekɔɔ ɔnwemfo no fi na mihuu no sɛ, ɔreyɛ adwuma wɔ ne ntwahode so.
و ظرفی که از گل می‌ساخت در دست کوزه‌گر ضایع شد پس دوباره ظرفی دیگر از آن ساخت بطوری که به نظرکوزه‌گر پسند آمد که بسازد. ۴ 4
Nanso kuku a na ɔde dɔte no reyɛ ho adwuma no sɛe wɔ ne nsam; ɛno nti ɔnwemfo no yɛɛ kuku foforo, sɛnea eye pa ara ma no.
آنگاه کلام خداوندبه من نازل شده، گفت: ۵ 5
Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
«خداوند می‌گوید: ای خاندان اسرائیل آیا من مثل این کوزه‌گر با شماعمل نتوانم نمود زیرا چنانکه گل در دست کوزه‌گر است، همچنان شما‌ای خاندان اسرائیل در دست من می‌باشید. ۶ 6
“Israelfi, merentumi nyɛ mo sɛnea ɔnwemfo yi yɛ ana?” Awurade na ose. “Sɛnea dɔte te wɔ ɔnwemfo nsam no, saa ara na mote wɔ me nsam, Israelfi.
هنگامی که درباره امتی یا مملکتی برای کندن و منهدم ساختن و هلاک نمودن سخنی گفته باشم، ۷ 7
Sɛ bere biara meka se ɛsɛ sɛ wotutu ɔman bi anaa ahenni bi ase, dwerɛw wɔn, sɛe wɔn a,
اگر آن امتی که درباره ایشان گفته باشم از شرارت خویش بازگشت نمایند، آنگاه از آن بلایی که به آوردن آن قصدنموده‌ام خواهم برگشت. ۸ 8
na sɛ ɔman a mebɔɔ no kɔkɔ no sakra fi ne bɔne ho a, mɛsakra mʼadwene na meremfa amanehunu a misusuwii sɛ mede bɛba wɔn so mma bio.
و هنگامی که درباره امتی یامملکتی به جهت بنا کردن و غرس نمودن سخن گفته باشم، ۹ 9
Na sɛ mmere foforo bi meka se, ɛsɛ sɛ wɔkyekye ɔman anaa ahenni bi gye no si hɔ,
اگر ایشان در نظر من شرارت ورزند و قول مرا نشنوند آنگاه از آن نیکویی که گفته باشم که برای ایشان بکنم خواهم برگشت. ۱۰ 10
na sɛ ɔyɛ bɔne wɔ mʼani so na wanyɛ osetie amma me a, ɛno de mesan adwene papa a mepɛɛ sɛ meyɛ no no ho.
الان مردان یهودا و ساکنان اورشلیم را خطاب کرده، بگو که خداوند چنین می‌گوید: اینک من به ضد شما بلایی مهیا می‌سازم و قصدی به خلاف شما می‌نمایم. پس شما هر کدام از راه زشت خودبازگشت نمایید و راهها و اعمال خود را اصلاح کنید. ۱۱ 11
“Na afei ka kyerɛ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem no se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Hwɛ! mede amanehunu reba mo so, na mereyɛ nhyehyɛe a etia mo. Ɛno nti mo mu biara nnan mfi nʼakwammɔne so na munsiesie mo akwan ne mo nneyɛe.’
اما ایشان خواهند گفت: امید نیست زیراکه افکار خود را پیروی خواهیم نمود و هر کدام موافق سرکشی دل شریر خود رفتار خواهیم کرد. ۱۲ 12
Nanso wobebua se, ‘So nni mfaso. Yɛbɛkɔ so adi yɛn ara yɛn nhyehyɛe so; yɛn mu biara bɛyɛ asoɔden a efi ne koma bɔne mu.’”
بنابراین خداوند چنین می‌گوید: در میان امت‌ها سوال کنید کیست که مثل این چیزها راشنیده باشد؟ دوشیزه اسرائیل کار بسیار زشت کرده است. ۱۳ 13
Ɛno nti nea Awurade se ni, “Mummisa wɔ amanaman no mu se, hena na wate biribi sɛɛ pɛn? Ɔbabun Israel ayɛ ade bi a ɛyɛ hu yiye.
آیا برف لبنان از صخره صحرا بازایستد یا آبهای سرد که از جای دور جاری می‌شود خشک گردد؟ ۱۴ 14
So sukyerɛmma a ɛwɔ Lebanon no yera fi nʼabotan a esian no so ana? So nʼatifi nsu wiridudu a efi akyirikyiri no gyae sen ana?
زیرا که قوم من مرافراموش کرده برای اباطیل بخور می‌سوزانند وآنها ایشان را از راههای ایشان یعنی از طریق های قدیم می‌لغزانند تا در کوره راهها به راههایی که ساخته نشده است راه بروند. ۱۵ 15
Nanso me nkurɔfo werɛ afi me. Wɔhyew nnuhuam ma ahoni huhuw, a ɛma wohintihintiw wɔ wɔn akwan so ne tete atempɔn so. Wɔma wɔfa kwatikwan ne akwan a wɔmmɔe so.
تا زمین خود رامایه حیرت و سخریه ابدی بگردانند به حدی که هر‌که از آن گذر کند متحیر شده، سر خود راخواهد جنبانید. ۱۶ 16
Wɔn asase bɛda mpan, na ayɛ ade a wobebu no animtiaa daa; wɔn a wotwa mu hɔ no ho bedwiriw wɔn na wobehinhim wɔn ti.
من مثل باد شرقی ایشان را ازحضور دشمنان پراکنده خواهم ساخت و در روزمصیبت ایشان پشت را به ایشان نشان خواهم دادو نه رو را.» ۱۷ 17
Sɛnea apuei mframa te no, mɛbɔ wɔn ahwete wɔ wɔn atamfo anim; mɛdan mʼakyi akyerɛ wɔn na ɛnyɛ mʼanim wɔ wɔn amanehunu da no.”
آنگاه گفتند: «بیایید تا به ضد ارمیا تدبیرهانماییم زیرا که شریعت از کاهنان و مشورت ازحکیمان و کلام از انبیا ضایع نخواهد شد پس بیایید تا او را به زبان خود بزنیم و هیچ سخنش راگوش ندهیم.» ۱۸ 18
Wɔkae se, “Mommra ma yɛmfa adwene ntia Yeremia; sɛnea ɛbɛyɛ a asɔfo no nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho, anyansafo no afotu anaa asɛm a efi adiyifo hɔ no renyera. Mommra na yentu yɛn ano ngu ne so a yɛrentie nea ɔbɛka biara.”
‌ای خداوند مرا گوش بده و آواز دشمنان مرا بشنو! ۱۹ 19
Yɛ aso ma me, Awurade; tie nea wɔn a wɔpam me ti so no reka!
آیا بدی به عوض نیکویی ادا خواهدشد زیرا که حفره‌ای برای جان من کنده‌اند. بیادآور که چگونه به حضور تو ایستاده بودم تا درباره ایشان سخن نیکو گفته، حدت خشم تو را ازایشان بگردانم. ۲۰ 20
Ɛsɛ sɛ wɔde bɔne tua papa so ka ana? Nanso wɔatu amoa ama me. Kae sɛ migyinaa wʼanim na mekasa maa wɔn, sɛnea wubeyi wʼabufuwhyew afi wɔn so.
پس پسران ایشان را به قحطبسپار و ایشان را به دم شمشیر تسلیم نما و زنان ایشان، بی‌اولاد و بیوه گردند و مردان ایشان به سختی کشته شوند و جوانان ایشان، در جنگ به شمشیر مقتول گردند. ۲۱ 21
Ɛno nti, ma ɔkɔm nne wɔn mma; yi wɔn ma afoa. Ma wɔn yerenom nyɛ abonin ne akunafo; ma wonkunkum wɔn mmarima, na wɔmfa afoa nkunkum wɔn mmerante wɔ ɔko mu.
و چون فوجی بر ایشان ناگهان بیاوری نعره‌ای از خانه های ایشان شنیده شود زیرا به جهت گرفتار کردنم حفره‌ای کنده اندو دامها برای پایهایم پنهان نموده. ۲۲ 22
Ma wɔnte osu wɔ wɔn afi mu bere a atamfo atu wɔn so sa mpofirim, efisɛ wɔatu amoa ama me, na wɔasunsum mʼanan mfiri.
اما تو‌ای خداوند تمامی مشورتهایی را که ایشان به قصد جان من نموده‌اند می‌دانی. پس عصیان ایشان رامیامرز و گناه ایشان را از نظر خویش محو مسازبلکه ایشان به حضور تو لغزانیده شوند و در حین غضب خویش، با ایشان عمل نما. ۲۳ 23
Nanso wunim Awurade, pɔw a wɔabɔ nyinaa se wobekum me. Mfa wɔn nsɛmmɔne nkyɛ wɔn, na nyi wʼani mfi wɔn bɔne so. Ma wonni nkogu wɔ wʼanim; na wo ne wɔn nni wɔ wʼabufuw mu.

< ارمیا 18 >