< دوم تواریخ 4 >

و مذبح برنجینی ساخت که طولش بیست ذراع، و عرضش بیست ذراع، و بلندیش ده ذراع بود. ۱ 1
Salomo san yɛɛ kɔbere mfrafrae afɔremuka a ne tenten yɛ anammɔn aduasa, ne trɛw yɛ anammɔn aduasa saa ara, na ne sorokɔ yɛ anammɔn dunum.
و دریاچه ریخته شده را ساخت که ازلب تا لبش ده ذراع بود، و از هر طرف مدور بود، وبلندیش پنج ذراع، و ریسمانی سی ذراعی آن راگرداگرد احاطه می‌داشت. ۲ 2
Afei, ɔyɛɛ nsukorade kɛse kurukuruwa bi a efi ano kɔka ano yɛ anammɔn dunum. Wɔtoo no din Po. Na emu dɔ yɛ anammɔn ason ne fa, na ne dantaban yɛ anammɔn aduanan anum.
و زیر آن از هر طرف صورت گاوان بود که آن را گرداگرد احاطه می‌داشتند، یعنی برای هر ذراع ده از آنها دریاچه را از هرجانب احاطه می‌داشتند، و آن گاوان دردو صف بودند و در حین ریخته شدن آن ریخته شدند. ۳ 3
Na Po no wɔ nsɛsode a ɛte sɛ anantwi a atwa afa ano no ase ahyia. Anammɔn baako biara mu no, na anantwi sɛso asia wɔ so a wɔagu ama afra nsukorade no.
و آن بر دوازده گاو قایم بود که روی سه از آنها به سوی شمال و روی سه به سوی مغرب وروی سه به سوی جنوب و روی سه به سوی مشرق بود، و دریاچه بر فوق آنها و همه موخرهای آنها به طرف اندرون بود. ۴ 4
Na Po no si nsiase a ɛyɛ kɔbere mfrafrae anantwi dumien sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔnten. Abiɛsa ani kyerɛ atifi fam. Abiɛsa ani kyerɛ atɔe fam. Abiɛsa kyerɛ anafo fam, na abiɛsa nso ani kyerɛ apuei fam.
و حجم آن یک وجب بود و لبش مثل لب کاسه مانند گل سوسن ساخته شده بود که گنجایش سه هزار بت به پیمایش داشت. ۵ 5
Po no afasu mu piw yɛ bɛyɛ nsateaa abiɛsa, na nʼano no trɛw te sɛ kuruwa a ɛsɛ sukooko nhwiren a apae. Na Po no tumi kora nsu gyare mpem dunsia ne ahannum.
و ده حوض ساخت و از آنهاپنج را به طرف راست و پنج را به طرف چپ گذاشت تا در آنها شست و شو نمایند، و آنچه راکه به قربانی های سوختنی تعلق داشت در آنهامی شستند، اما دریاچه برای شست و شوی کاهنان بود. ۶ 6
Ɔyɛɛ guasɛn du a wɔkora nsu a wɔde hohoro afɔrebɔde ho. Na emu anum wɔ Po no anafo fam na anum wɔ atifi fam. Asɔfo no de, na Po no ankasa mu nsu na na wɔde hohoro wɔn ho, na wɔmmfa guasɛn no mu nsu no bi.
و ده شمعدان طلا موافق قانون آنها ساخته، پنج را به طرف راست و پنج را به طرف چپ درهیکل گذاشت. ۷ 7
Salomo de sikakɔkɔɔ yɛɛ akaneadua du, sɛnea wɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no no, de sisii Asɔredan no mu. Wɔde mu anum sisi bɛn anafo fam ɔfasu, na wɔde mu anum a aka no nso sisi bɛn atifi fam ɔfasu no.
و ده میز ساخته، پنج را به طرف راست و پنج را به طرف چپ در هیکل گذاشت، وصد کاسه طلا ساخت. ۸ 8
Afei, ɔyɛɛ apon du de sisii Asɔredan no mu. Wɔde mu anum sisii anafo fam ɔfasu no anim, na wɔde mu anum a aka no nso sisii atifi fam ɔfasu no anim. Afei, ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ guasɛn ɔha.
و صحن کاهنان و صحن بزرگ و دروازه های صحن (بزرگ را) ساخت، ودرهای آنها را به برنج پوشانید. ۹ 9
Salomo sii adiwo maa asɔfo no, san sii adiwo kɛse bi wɔ Asɔredan no mfikyiri. Ɔyɛɛ apon totoo adiwo akwan no ano, na ɔde kɔbere mfrafrae duraa ho.
و دریاچه را به‌جانب راست خانه به سوی مشرق از طرف جنوب گذاشت. ۱۰ 10
Wɔde Po no sii anafo fam ne apuei fam afasu ahyiae no twɔtwɔw so hɔ.
و حورام دیگها و خاکندازها و کاسه‌ها راساخت پس حورام تمام کاری که برای سلیمان پادشاه به جهت خانه خدا می‌کرد به انجام رسانید. ۱۱ 11
Huram-Abi yɛɛ nkuku, nsofi ne guasɛn a ɛho hia nyinaa. Nea ɔhene Salomo kyerɛɛ Huram-Abi sɛ ɔnyɛ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no ho no nyinaa no, ɔyɛe.
دو ستون و پیاله های تاجهایی که بر سر دوستون بود و دو شبکه به جهت پوشانیدن دو پیاله تاجهایی که بر ستونها بود ۱۲ 12
Afadum abien, afadumti a wɔayɛ no sɛ asuhina abien a esisi afadum no atifi, ntweaban a wɔayɛ no sɛ atena abien a wɔde asiesie afadumti no,
و چهارصد انار برای دو شبکه و دو صف انار برای هر شبکه بود تا دوپیاله تاجهایی را که بالای ستونها بود بپوشاند. ۱۳ 13
ne atoaa nsɛso ahannan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu ntaaso no so (atoaa a wɔahyehyɛ no ntenten so abien a biara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn ntaaso a egu afadum no atifi no so no).
و پایه‌ها را ساخت و حوضها را بر پایه هاساخت. ۱۴ 14
Ɔyɛɛ nsu nteaseɛnam a guasɛn no sisi so,
و یک دریاچه و دوازده گاو را زیردریاچه (ساخت ). ۱۵ 15
Po no ne anantwi sɛso dumien a wɔhyɛ ase,
و دیگها و خاکندازها وچنگالها و تمامی اسباب آنها را پدرش حورام برای سلیمان پادشاه به جهت خانه خداوند ازبرنج صیقلی ساخت. ۱۶ 16
nkuku, nsofi, nam nnarewa ne nneɛma a ɛkeka ho nyinaa. Huram-Abi de kɔbere mfrafrae a wɔabere ho na ɛyɛɛ saa nneɛma yi nyinaa maa Awurade Asɔredan no, sɛnea Ɔhene Salomo hyɛɛ no no.
آنها را پادشاه درصحرای اردن در گل رست که در میان سکوت وصرده بود ریخت. ۱۷ 17
Ɔhene no ma woguu no wɔ kankua a na ɛwɔ Yordan tataw a na ɛwɔ Sukot ne Sereda ntam no so.
و سلیمان تمام این آلات رااز حد زیاده ساخت، چونکه وزن برنج دریافت نمی شد. ۱۸ 18
Kɔbere mfrafrae a wɔde dii dwuma no dodow nti, wɔantumi anhu emu duru ano.
و سلیمان تمامی آلات را که در خانه خدابود و مذبح طلا و میزها را که نان تقدمه بر آنها بودساخت. ۱۹ 19
Na Salomo yɛɛ nneɛma a wɔde siesie Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa: sikakɔkɔɔ afɔremuka; apon a wɔde Daa Daa Brodo gu so;
و شمعدانها و چراغهای آنها را ازطلای خالص تا برحسب معمول در مقابل محراب افروخته شود. ۲۰ 20
kanea nnua ne nʼakanea a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a ɛbɛhyerɛn wɔ Kronkron mu Kronkron no anim sɛnea wɔakyerɛ no;
و گلها و چراغها وانبرها را از طلا یعنی از زر خالص ساخت. ۲۱ 21
nhwiren a wɔde siesie, akanea ne adabaw a wɔde sikakɔkɔɔ ankasa na ɛyɛɛ ne nyinaa;
و گلگیرها و کاسه‌ها و قاشقها و مجمرها را از طلای خالص (ساخت )، و دروازه خانه و درهای اندرونی آن به جهت قدس‌الاقداس و درهای خانه هیکل از طلا بود. ۲۲ 22
akanea adabaw, guasɛn, nyowa ne nkankyee a wɔnoa mu, ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ ankasa; apon a wosisii wɔ ɔkwan a ɛkɔ Kronkron mu Kronkron ne nea ɛkɔ Asɔredan no dan kɛse mu no, wɔde sikakɔkɔɔ na eduraduraa ho nyinaa.

< دوم تواریخ 4 >