< دوم تواریخ 3 >

و سلیمان شروع کرد به بنا نمودن خانه خداوند در اورشلیم بر کوه موریا، جایی که (خداوند) بر پدرش داود ظاهر شده بود، جایی که داود در خرمنگاه ارنون یبوسی تعیین کرده بود. ۱ 1
Na Salomo fii ase sii Awurade Asɔredan no wɔ Yerusalem Moria bepɔw so a ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo agya Ɔhene Dawid no. Wosii Asɔredan no wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ, baabi a Dawid yi too hɔ no.
و در روز دوم ماه دوم از سال چهارم سلطنت خود به بنا کردن شروع نمود. ۲ 2
Salomo dii ade no, ne mfe anan so, Adar ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) mu, na wofii ɔdan no si ase.
و این است اساس هایی که سلیمان برای بنا نمودن خانه خدا نهاد: طولش به ذراعها برحسب پیمایش اول شصت ذراع و عرضش بیست ذراع، ۳ 3
Na Onyankopɔn Asɔredan no fapem ntwemu yɛ anammɔn aduɔkron, na ne trɛw mu yɛ anammɔn aduasa.
و طول رواقی که پیش خانه بود مطابق عرض خانه بیست ذراع، و بلندیش صد و بیست ذراع و اندرونش رابه طلای خالص پوشانید. ۴ 4
Ntwironoo a ɛwɔ Asɔredan no anim trɛw yɛ anammɔn aduasa, a ɛne Asɔredan no trɛw yɛ pɛ. Afasu a ɛwɔ ntwironoo no mu no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura mu. Ntwironoo no sorokɔ yɛ anammɔn aduasa.
و خانه بزرگ را به چوب صنوبر پوشانید و آن را به زر خالص پوشانید، و بر آن درختان خرما و رشته‌ها نقش نمود. ۵ 5
Ɔpepaw nnua na wɔde sam Asɔredan no mu, na wɔde sikakɔkɔɔ ankasa guu so, dii mmedua ne nkɔnsɔnkɔnsɔn adwinni wɔ so.
و خانه را به سنگهای گرانبها برای زیبایی مرصع ساخت، و طلای آن طلای فروایم بود. ۶ 6
Abohemaa a ɛyɛ fɛ ne sikakɔkɔɔ a efi Parwaim na wɔde siesiee Asɔredan no afasu ho.
وتیرها و آستانه‌ها و دیوارها و درهای خانه را به طلا پوشانید و بر دیوارها کروبیان نقش نمود. ۷ 7
Wɔde sikakɔkɔɔ guu Asɔredan no afasu, afadum, apon ne abobow ano nyinaa ho, na wodii kerubim sɛso adwinni wɔ afasu no ho.
و خانه قدس‌الاقداس را ساخت که طولش موافق عرض خانه بیست ذراع، و عرضش بیست ذراع بود، و آن را به زر خالص به مقدار ششصدوزنه پوشانید. ۸ 8
Na Kronkron mu Kronkron hɔ trɛw yɛ anammɔn aduasa te sɛ asɔredan no ara, ne ntwemu nso yɛ anammɔn aduasa. Sikakɔkɔɔ ankasa bɛyɛ nkaribo tɔn aduonu abiɛsa na wɔde guu so.
و وزن میخها پنجاه مثقال طلابود، و بالاخانه‌ها را به طلا پوشانید. ۹ 9
Sikakɔkɔɔ nnadewa a biara kari bɛyɛ gram ahannum ne aduoson anum na wɔde dii ɔdan no ho dwuma. Sikakɔkɔɔ ankasa na wɔde guu soro adan no afasu ani.
و در خانه قدس‌الاقداس دو کروبی مجسمه کاری ساخت و آنها را به طلا پوشانید. ۱۰ 10
Salomo yɛɛ kerubim sɛso abien, de sikakɔkɔɔ ankasa guu ho. Wɔde eyinom sisii Kronkron mu Kronkron hɔ.
و طول بالهای کروبیان بیست ذراع بود که بال یکی پنج ذراع بوده، به دیوار خانه می‌رسید و بال دیگرش پنج ذراع بوده، به بال کروبی دیگربرمی خورد. ۱۱ 11
Kerubim abien no a wosisi hɔ no ntaban ka bɔ mu a, ne trɛw yɛ anammɔn aduasa. Kerubim baako ntaban baako a ɛpem ɔfasu no tenten yɛ anammɔn ason ne fa. Ntaban baako no nso a ɛyɛ anammɔn ason ne fa no, ɛne kerubim baako no ntaban hyia.
و بال کروبی دیگر پنج ذراع بوده، به دیوار خانه می‌رسید وبال دیگرش پنج ذراع بوده، به بال کروبی دیگر ملصق می‌شد. ۱۲ 12
Saa ara nso na kerubim a ɔto so abien no ntaban baako mu trɛw yɛ anammɔn ason ne fa, na ɛpem Asɔredan no fasu a ɛne ɔfasu baako no di nhwɛanim. Ntaban baako a aka no nso trɛw a ɛyɛ anammɔn ason ne fa no, ehyia kerubim a edi kan no ntaban baako.
وبالهای این کروبیان به قدر بیست ذراع پهن می‌بودو آنها بر پایهای خود ایستاده بودند، و رویهای آنها به سوی اندرون خانه می‌بود. ۱۳ 13
Enti na kerubim abien no ntaban mu trɛw yɛ anammɔn aduasa. Na wɔn nyinaa sisi hɔ a wɔn anim kyerɛ Asɔredan no mu.
و حجاب رااز آسمانجونی و ارغوان و قرمز و کتان نازک ساخت، و کروبیان بر آن نقش نمود. ۱۴ 14
Salomo de ntwamtam a ɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne nwera ayɛ, a wɔanwen kerubim nsɛsode agu mu, sɛn Kronkron mu Kronkron no kwan ano.
و پیش خانه دو ستون ساخت که طول آنهاسی و پنج ذراع بود و تاجی که بر سر هر یکی ازآنها بود پنج ذراع بود. ۱۵ 15
Asɔredan no anim, Salomo yɛɛ afadum abien a emu biara sorokɔ yɛ anammɔn aduonu ason. Na ntaaso kata emu biara atifi a ɛno nso sorokɔ yɛ anammɔn ason ne fa.
و رشته‌ها مثل آنهایی که در محراب بود ساخته، آنها را بر سر ستونها نهاد وصد انار ساخته، بر رشته‌ها گذاشت. ۱۶ 16
Ɔyɛɛ ntweaban nkɔnsɔnkɔnsɔn, de siesiee afadum no atifi. Ɔsan yɛɛ atoaa aba nsɛso fɛfɛ de susoo ntweaban no mu.
و ستونهارا پیش هیکل یکی به‌دست راست، و دیگری به طرف چپ برپا نمود، و آن را که به طرف راست بود یاکین و آن را که به طرف چپ بود بوعز نام نهاد. ۱۷ 17
Afei, ɔde afadum abien no sisii Asɔredan no ano kwan ano. Ɔde baako sii ɔkwan no anafo fam no ano, na ɔde baako nso sii atifi fam. Ɔtoo nea ɛwɔ anafo fam no din Yakin, na nea ɛwɔ atifi fam no, ɔtoo no din Boas.

< دوم تواریخ 3 >