< Psalmorum 148 >

1 alleluia laudate Dominum de caelis laudate eum in excelsis
Monkamfo Awurade! Monkamfo Awurade mfiri ɔsorosoro, monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea.
2 laudate eum omnes angeli eius laudate eum omnes virtutes eius
Nʼabɔfoɔ nyinaa, monkamfo no, ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no.
3 laudate eum sol et luna laudate eum omnes stellae et lumen
Owia ne ɔsrane, monkamfo no, nsoromma a ɛhran nyinaa, monkamfo no.
4 laudate eum caeli caelorum et aqua quae super caelum est
Monkamfo no, ɔsoro mu ɔsoro ne mo nsuo a mowɔ ɔsoro atifi.
5 laudent nomen Domini quia ipse dixit et facta sunt ipse mandavit et creata sunt
Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din, ɛfiri sɛ ɔno na ɔhyɛeɛ na wɔbɔɔ wɔn.
6 statuit ea in saeculum et in saeculum saeculi praeceptum posuit et non praeteribit
Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ; na wahyɛ nʼasɛm a ɛrentwam da.
7 laudate Dominum de terra dracones et omnes abyssi
Monkamfo Awurade mfiri asase so, mo, ɛpo kɛseɛ mu abɔdeɛ ne ɛpo bunu nyinaa,
8 ignis grando nix glacies spiritus procellarum quae faciunt verbum eius
anyinam ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne omununkum, ahum a moyɛ nʼapɛdeɛ,
9 montes et omnes colles ligna fructifera et omnes cedri
mo, mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa, nnua a ɛso aba ne ntweneduro nyinaa,
10 bestiae et universa pecora serpentes et volucres pinnatae
wira mu mmoa ne anantwie, abɔdeɛ nketewa ne nnomaa a wɔtuo,
11 reges terrae et omnes populi principes et omnes iudices terrae
asase ne amanaman nyinaa so ahemfo, mo, mmapɔmma ne asase sodifoɔ nyinaa,
12 iuvenes et virgines senes cum iunioribus laudent nomen Domini
mmeranteɛ ne mmabaawa mmasiriwa ne mmɔfra nso.
13 quia exaltatum est nomen eius solius
Ma wɔnkamfo Awurade din, na ne din so sene edin biara; nʼanimuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so.
14 confessio eius super caelum et terram et exaltabit cornu populi sui hymnus omnibus sanctis eius filiis Israhel populo adpropinquanti sibi
Wapagya abɛn bi ama ne nkurɔfoɔ, ama nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam, Israelfoɔ, nnipa a wɔda nʼakoma so no. Monkamfo Awurade.

< Psalmorum 148 >