< Psalmorum 128 >

1 canticum graduum beati omnes qui timent Dominum qui ambulant in viis eius
Ɔsorokorɔ dwom. Nhyira ne wɔn a wɔsuro Awurade, na wɔnante nʼakwan so.
2 labores manuum tuarum quia; manducabis beatus es et bene tibi erit
Wobɛdi wʼadwuma so aba; nhyira ne yiedie bɛyɛ wo dea.
3 uxor tua sicut vitis abundans in lateribus domus tuae filii tui sicut novella olivarum in circuitu mensae tuae
Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛso aba wɔ wo fie; na wo mmammarima ayɛ sɛ ngo dua a afifiri atwa wo ɛpono ho ahyia.
4 ecce sic benedicetur homo qui timet Dominum
Yei ne onipa a wɔahyira noɔ, deɛ ɔsuro Awurade no.
5 benedicat te Dominus ex Sion et videas bona Hierusalem omnibus diebus vitae tuae
Awurade nhyira wo mfiri Sion wo nkwa nna nyinaa; na ɔmma wo nhunu Yerusalem nkɔsoɔ,
6 et videas filios filiorum tuorum pax super Israhel
na ɔmma wo ntena ase nhunu wo mma mma. Asomdwoeɛ nka Israel.

< Psalmorum 128 >