< ゼパニヤ書 3 >

1 此暴虐を行ふ悖りかつ汚れたる邑は禍なるかな
Nnome nka nhyɛsofoɔ kuropɔn atuateɛ kuropɔn a ɛho agu fi!
2 是は聲を聽いれず敎晦を承ずヱホバに依賴まずおのれの神に近よらず
Ɔnnyɛ ɔsetie mma obiara ɔnnye nteɛsoɔ biara nto mu. Ɔmfa ne ho nto Awurade so. Ɔntwi mmɛn ne Onyankopɔn.
3 その中にをる牧伯等は吼る獅子の如くその審士は明旦までに何をも遺さざる 夜求食する狼のごとし
Nʼakandifoɔ yɛ agyata a wɔbobɔ mu, ne sodifoɔ yɛ mpataku a wɔnam anadwo, a wɔnnya biribiara mma adekyeɛ.
4 その預言者は傲りかつ詐る人なり その祭司は聖物を汚し律法を破ることをなせり
Ne nkɔmhyɛfoɔ yɛ ahantan; wɔyɛ afatwafoɔ. Nʼasɔfoɔ gu kronkronbea ho fi. Wɔnam mmara no so di nsɛmmɔne.
5 その中にいますヱホバは義くして不義を行なひたまはず朝な朝な己の公義を顯して缺ることなし 然るに不義なる者は恥を知ず
Awurade a ɔte ne mu no yɛ ɔteneneeni; ɔnnyɛ mfomsoɔ biara. Adekyeeɛ biara ɔda ne tenenee adi, na ɔnni hwammɔ da, nanso amumuyɛfoɔ deɛ wonnim aniwuo.
6 我國々の民を滅したればその櫓は凡て荒たり 我これが街を荒凉れしめたれば往來する者なし その邑々は滅びて人なく住む者なきに至れり
“Masɛe amanaman; madwiri wɔn abandenden agu. Wɔn mmorɔno so adeda mpan, a obiara ntwa mu hɔ. Wɔaseɛ wɔn nkuropɔn; a obi biara renka.
7 われ前に言り 汝ただ我を畏れまた警敎を受べし 然らばその住家は我が凡て之につきて定めたる所の如くに滅されざるべしと 然るに彼等は夙に起て己の一切の行状を壞れり
Meka kyerɛɛ kuropɔn no sɛ, ‘ampa ara wobɛsuro me na woagye nteɛsoɔ ato mu!’ Na afei ne tenaberɛ rensɛe, na mʼasotwe biara nso remma ne so. Nanso, wɔn ho peree wɔn sɛ wɔbɛkɔso ayɛ bɔne wɔn nneyɛeɛ nyinaa mu.
8 ヱホバ曰たまふ 是ゆゑに汝らわが起て獲物をする日いたるまで我を俟て 我もろもろの民を集へ諸の國を聚めてわが憤恨とわが烈き忿怒を盡くその上にそそがんと思ひ定む 全地はわが嫉妬の火に燒ほろぼさるべし
Enti, twɛn me,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “na ɛda no mɛsɔre adi adanseɛ. Mayɛ mʼadwene sɛ mɛboaboa amanaman ne ahennie ano na mahwie mʼabufuo agu wɔn so mʼabufuhyeɛ nyinaa. Me ninkuntwe abufuo ogya mu no, asase nyinaa bɛhye.
9 その時われ國々の民に清き唇をあたへ彼らをして凡てヱホバの名を呼しめ心をあはせて之につかへしめん
“Afei mɛdwira nnipa no ano, na wɔn nyinaa abɔ Awurade din na wɔaka abɔ mu asom no.
10 わが散せし者等の女即ち我を拜む者エテオピアの河々の彼旁よりもきたりて我に禮ものをささぐべし
Mʼasomfoɔ, me nkurɔfoɔ a wɔabɔ ahwete no bɛfiri nsubɔntene a ɛwɔ Kus nohoa de wɔn afɔrebɔdeɛ abrɛ me.
11 その日には汝われに對てをかしきたりし諸の行爲をもて羞を得ことなかるべし その時には我なんぢの中より高ぶり樂む者等を除けば汝かさねてわが聖山にて傲り高ぶることなければなり
Saa ɛda no, wo Yerusalem, wɔrengu wʼanim ase wɔ nneyɛeɛ bɔne a woayɛ atia me ho, ɛfiri sɛ mɛyi afiri saa kuropɔn yi mu, wɔn a wodi ahantan mu ahurisie na worenyɛ ahantan bio wɔ me bepɔ kronkron no so.
12 われ柔和にして貧き民をなんぢの中にのこさん 彼らはヱホバの名に依賴むべし
Nanso mɛgya wɔ wo mu wɔn a wɔdwo na wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔde wɔn ho to Awurade so.
13 イスラエルの遺れる者は惡を行はず 謊をいはず その口のうちには詐僞の舌なし 彼らは草食ひ臥やすまん 之を懼れしむる者なかるべし
Israel nkaeɛfoɔ renyɛ bɔne Wɔrenka nkontonpo nsɛm, na wɔn ano renka nnaadaa nsɛm wɔbɛdidi na wɔada na obiara renyi wɔn hu.”
14 シオンの女よ歡喜の聲を擧よ イスラエルよ樂み呼はれ エルサレムの女よ心のかぎり喜び樂め
To dwom Ao, Ɔbabaa Sion; team denden Ao, Israel! Ma wʼani nnye, na di ahurisie wɔ wʼakoma nyinaa mu, Ao, Ɔbabaa Yerusalem!
15 ヱホバすでに汝の鞫を止め汝の敵を逐はらひたまへり イスラエルの王ヱホバ汝の中にいます 汝はかさねて災禍にあふことあらじ
Ɛfiri sɛ, Awurade ayi wʼasotweɛ afiri wo so, wama wo ɔtamfoɔ asane nʼakyi. Awurade Israelhene ka wo ho; worensuro ɔhaw biara bio.
16 その日にはエルサレムに向ひて言あらん 懼るるなかれ シオンよ 汝の手をしなえ垂るるなかれと
Saa ɛda no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ, “Mma nsuro, Ao Sion! Mma wo nsa mu nhodwo.
17 なんぢの神ヱホバなんぢの中にいます 彼は拯救を施す勇士なり 彼なんぢのために喜び樂み愛の餘りに默し汝のために喜びて呼はりたまふ
Awurade wo Onyankopɔn ne wo wɔ hɔ, Ɔyɛ ɔgyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ. Nʼani bɛgye wo ho ɔfiri ne dɔ mu bɛdwodwo wo, ɔde nnwontoɔ bɛma nʼani agye wo ho.
18 われ節會のことにつきて憂ふるものを集めん 彼等は汝より出し者なり 恥辱かれらに蒙むること重負のごとし
“Mo awerɛhoɔ to bɛtwa ɛfiri sɛ mobɛnya ɛkwan adi mo afahyɛ no; mo anim rengu ase bio.
19 視よその時われ汝を虐遇る者を盡く處置し足蹇たるものを救ひ逐はなたれたる者を集め彼らをして其羞辱を蒙りし一切の國にて稱譽を得させ名を得さすべし
Saa ɛberɛ no me ne wɔn a wɔhyɛɛ wo so nyinaa bɛdi; Mɛgye mmerɛyɛfoɔ na mɛboaboa wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete no ano. Mɛkamfo wɔn ahyɛ wɔn animuonyam asase biara a wɔguu wɔn anim ase wɔ so no so.
20 その時われ汝らを携へその時われ汝らを集むべし 我なんぢらの目の前において汝らの俘囚をかへし汝らをして地上の萬國に名を得させ稱譽を得さすべし ヱホバこれを言ふ
Saa ɛda no, mɛboaboa wo ano, na mede wo aba fie. Mɛhyɛ wo animuonyam na makamfo wo wɔ asase so nnipa nyinaa mu na mede wʼahonyadeɛ bɛsane ama wo na wode wʼani bɛhunu,” sɛdeɛ Awurade ka nie.

< ゼパニヤ書 3 >