< ハバクク書 1 >

1 預言者ハバククが示を蒙りし預言の重負
Yei ne asɛm a odiyifoɔ Habakuk nya firii Awurade nkyɛn wɔ anisoadehunu mu.
2 ヱホバよ我呼はるに汝の我に聽たまはざること何時までぞや 我なんぢにむかひて強暴を訴ふれども汝は助けたまはざるなり
Ao, Awurade, memfrɛ mmisa mmoa nkɔsi da bɛn, a nso wontie me? Meteam mefrɛ wo, akakabensɛm enti, nanso womma mmɛgye me.
3 汝なにとて我に害惡を見せたまふや 何とて艱難を瞻望居たまふや 奪掠および強暴わが前に行はる且爭論あり鬪諍おこる
Adɛn na woma mehwɛ ntɛnkyea? Adɛn enti na wotena bɔne ho? Ɔsɛeɛ ne akakabensɛm da mʼanim, basabasayɛ ne abɛbrɛsɛ atwa me ahyia.
4 是によりて律法弛み公義正しく行はれず惡き者義しき者を圍むが故に公義曲りて行はる
Enti, mmara nyɛ adwuma na atɛntenenee nni baabiara, atirimuɔdenfoɔ aka ateneneefoɔ ahyɛ, enti wɔkyea atemmuo.
5 汝ら國々の民の中を望み觀おどろけ駭け 汝らの日に我一の事を爲ん 之を告る者あるとも汝ら信ぜざらん
“Momma ɛnyɛ mo nwanwa, na mo ho nnwiri mo! Merebɛyɛ biribi wɔ mo berɛ so, na sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nni.
6 視よ我カルデヤ人を興さんとす 是すなはち猛くまた荒き國人にして地を縦横に行めぐり 己の有ならざる住處を奪ふ者なり
Mema Babiloniafoɔ asɔre, ɔman a wɔyɛ atirimuɔdenfoɔ ne ntɔkwapɛfoɔ; wɔbufa asase nyinaa so, na wɔfa tenabea a ɛnyɛ wɔn dea.
7 是は懼るべく又驚くべし 其是非威光は己より出づ
Wɔn ho yɛ hu na nnipa suro wɔn; wɔyɛ wɔn bo so adeɛ, de pɛ animuonyam ma wɔn ho.
8 その馬は豹よりも迅く夜求食する豺狼よりも疾し 其騎兵は跑まはる 即ちその騎兵は遠き處より來る 其飛ことは物を食はんと急ぐ鷲のごとし
Wɔn apɔnkɔ ho yɛ herɛ sene asebɔ, na wɔn ho yɛ hu sene pataku a ɔnam anadwo, wɔn apɔnkɔsotefoɔ kɔ wɔn anim mmarima so, wɔfiri akyirikyiri nsase so, na wɔto hoo sɛ akroma a ɔrekɔkye aboa.
9 是は全く強暴のために來り 其面を前にむけて頻に進むその俘虜を寄集むることは砂のごとし
Wɔn nyinaa ba sɛ wɔrebɛyɛ basabasayɛ. Wɔn dɔm pem kɔ wɔn anim te sɛ anweatam so mframa, na wɔtase nneduafoɔ sɛ anwea.
10 是は王等を侮り君等を笑ひ諸の城々を笑ひ土を積あげてこれを取ん
Wɔmmmu ahene, wɔdi aman sodifoɔ ho fɛw, na wɔtwee nkuropɔn ho banbɔ denden. Wɔsisi dɔteɛ epie nam so kyekyere atamfoɔ.
11 斯て風のごとくに行めぐり進みわたりて罪を獲ん 是は己の力を神とす
Wɔbɔ hoo te sɛ mframa kɔ wɔn anim. Afɔdifoɔ a wɔn ahoɔden yɛ wɔn nyame.”
12 ヱホバわが神わが聖者よ 汝は永遠より在すに非ずや 我らは死なじ ヱホバよ汝は是を審判のために設けたまへり 磐よ汝は是を懲戒のために立たまへり
Ao, Awurade, wonni hɔ firi tete anaa? Me Onyankopɔn, me Kronkronni, wo a wote ase daa. Ao, Awurade, woapa wɔn sɛ wɔmmu atɛn; Ao Ɔbotantim, woahyɛ wɔn sɛ wɔntwe aso.
13 汝は目清くして肯て惡を觀たまはざる者 肯て不義を視たまはざる者なるに何ゆゑ邪曲の者を觀すて置たまふや 惡き者を己にまさりて義しき者を呑噬ふに何ゆゑ汝默し居たまふや
Wʼaniwa yɛ kronkron, a wontumi nhwɛ nnebɔne; wonnyegye bɔne so. Na ɛdeɛn enti na wogyegye nnipa kɔntɔnkye so, na ɛdeɛn enti na wayɛ komm wɔ ɛberɛ a atirimuɔdenfoɔ remene ateneneefoɔ?
14 汝は人をして海の魚のごとくならしめ君あらぬ昆蟲のごとくならしめたまふ
Woama nnipa ayɛ sɛ nsuomnam a ɛwɔ ɛpo mu, te sɛ abɔdeɛ a ɛwɔ ɛpo mu a wonni sodifoɔ.
15 彼鈎をもて之を盡く釣あげ網をもて之を寄せ集め引網をもて之を捕ふるなり 是に因て彼歡び樂しむ
Ɔtamfoɔ tirimuɔdenfoɔ no de darewa yi wɔn, ɔgu nʼasau de buma wɔn, na afei ɔsɛpɛ ne ho ma nʼani gye.
16 是故に彼その網に犠牲を獻げその引網に香を焚く 其は之がためにその分肥まさりその食饒になりたればなり
Ne saa enti ɔbɔ afɔdeɛ ma nʼasau na wahye aduhwam ama no, ɛfiri sɛ asau yi so na ɔnam nya ateyie, na ɔdi nʼakɔnnɔ aduane.
17 然ど彼はその網を傾けつつなほたえず國々の人を惜みなく殺すことをするならんか
Enti ɔnkɔ so nni nʼasau mu nam, na ɔmfa atirimuɔden nsɛe aman anaa?

< ハバクク書 1 >