< 詩篇 39 >

1 われ曩にいへり われ舌をもて罪ををかさざらんために我すべての途をつつしみ惡者のわがまへに在るあひだはわが口に衝をかけんと
Wɔde ma ɔdwomkyerɛfoɔ no. Yedutun. Dawid dwom. Mekaa sɛ, “Mɛhwɛ mʼakwan yie na mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne; mɛto mʼano nnareka ɛberɛ a amumuyɛfoɔ bɛne me yi.
2 われ默して唖となり善言すらことばにいださず わが憂なほおこれり
Nanso brɛ a meyɛɛ komm a manka asɛm papa biara mpo no mʼapinisie mu yɛɛ den.
3 わが心わがうちに熱し おもひつづくるほどに火もえぬればわれ舌をもていへらく
Mʼakoma ho dwanee no wɔ me mu na metee nka sɛ ogya redɛre wɔ me mu na afei mede me tɛkrɛma kasaeɛ sɛ:
4 ヱホバよ願くはわが終とわが日の數のいくばくなるとを知しめたまへ わが無常をしらしめたまへ
“Ao Awurade, ma menhunu me nkwa awieeɛ ne me nna dodoɔ; ma menhunu sɛdeɛ me nkwa twa mu ntɛm so.
5 觀よなんぢわがすべての日を一掌にすぎさらしめたまふ わがかいのち主前にてはなきにことならず 實にすべての人は皆その盛時だにもむなしからざるはなし (セラ)
Woayɛ me nna sɛ nsateakwaa baako pɛ; na me mfeɛ dodoɔ nyɛ hwee wɔ wʼani so. Onipa nkwa yɛ ahomeɛ bi kɛkɛ.
6 人の世にあるは影にことならず その思ひなやむことはむなしからざるなし その積蓄ふるものはたが手にをさまるをしらず
Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sɛ sunsum bi kwa; ɔha ne ho, nanso ɔyɛ kwa; ɔboa ahonya ano, na ɔnnim deɛ ɛbɛyɛ ne dea.
7 主よわれ今なにをかまたん わが望はなんぢにあり
“Afei Awurade ɛdeɛn na merehwehwɛ? Mʼanidasoɔ wɔ wo mu.
8 ねがはくは我ぞすべて愆より助けいだしたまへ 愚なるものに誹らるることなからしめたまへ
Gye me firi me bɔne nyinaa mu; mma mennyɛ nkwaseafoɔ aseredeɛ.
9 われは默して口をひらかず 此はなんぢの成したまふ者なればなり
Meyɛɛ komm, na mammue mʼano ɛfiri sɛ, wo na woayɛ yei.
10 願くはなんぢの責をわれよりはなちたまへ 我なんぢの手にうちこらさるるによりて亡ぶるばかりになりぬ
Yi wʼasotwe firi me so; wo nsa ano amanehunu amene me.
11 なんぢ罪をせめて人をこらし その慕ひよろこぶところのものを蠧のくらふがごとく消うせしめたまふ 實にもろもろの人はむなしからざるなし (セラ)
Woka nnipa anim, na wotwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho; wosɛe wɔn ahonya te sɛ nweweboa onipa biara yɛ ahomeɛ kɛkɛ.
12 ああヱホバよねがはくはわが祈をきき わが號呼に耳をかたぶけたまへ わが涙をみて默したまふなかれ われはなんぢに寄る旅客すべてわが列祖のごとく宿れるものなり
“Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ, tie me sufrɛ; nsi wʼaso wɔ me su ho Me ne wo te hɔ sɛ ɔhɔhoɔ, sɛdeɛ na mʼagyanom nyinaa teɛ no.
13 我ここを去てうせざる先になんぢ面をそむけてわれを爽快ならしめたまへ
Yi wʼani firi me so na manya anigyeɛ bio ansa na mafiri ha a mente ase bio.”

< 詩篇 39 >