< 詩篇 38 >

1 ヱホバよねがはくは忿恚をもて我をせめ はげしき怒をもて我をこらしめ給ふなかれ
Dawid dwom. Adesrɛ. Ao Awurade, nka mʼanim wɔ wʼabofuo mu na ntwe mʼaso wɔ wʼabufuhyeɛ mu.
2 なんぢの矢われにあたり なんぢの手わがうへを壓へたり
Wo bɛmma ahwire me mu, na wo nsa adwerɛ me.
3 なんぢの怒によりてわが肉には全きところなく わが罪によりてわが骨には健かなるところなし
Wʼabofuhyeɛ no enti, ahoɔden biara nni me mu; me bɔne enti, me nnompe ahodwo.
4 わが不義は首をすぎてたかく重荷のごとく負がたければなり
Mʼafɔdie amene me te sɛ adesoa a emu yɛ duru dodo.
5 われ愚なるによりてわが傷あしき臭をはなちて腐れただれたり
Mʼakuro bɔn na aporɔ ɛsiane me bɔne mu agyimisɛm enti.
6 われ折屈みていたくなげきうなたれたり われ終日かなしみありく
Makoto na wɔabrɛ me ase; da mu nyinaa menantenante twa agyaadwoɔ.
7 わが腰はことごとく燒るがごとく肉に全きところなければなり
Mʼakyi dompe mu yea boro so: ahoɔden biara nni me onipadua mu.
8 我おとろへはて甚くきずつけられわが心のやすからざるによりて欷歔さけべり
Mabrɛ na mapɛkyɛ koraa. Mʼakoma mu yea ma me si apinie.
9 ああ主よわがすべての願望はなんぢの前にあり わが嘆息はなんぢに隠るることなし
Ao Awurade, deɛ merehwɛ anim nyinaa da wʼanim; mʼapinisie nhintaa wo.
10 わが胸をどりわが力おとろへ わが眼のひかりも亦われをはなれたり
Mʼakoma bɔ paripari, na mʼahoɔden asa mpo mʼaniwa aduru sum.
11 わが友わが親めるものはわが痍をみて遥にたち わが隣もまた遠かりてたてり
Mʼapirakuro enti me nnamfonom ne mʼayɔnkofoɔ mmɛn me; mʼafipamfoɔ twe wɔn ho firi me ho.
12 わが生命をたづぬるものは羂をまうけ我をそこなはんとするものは惡言をいひ また終日たばかりを謀る
Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no sum me mfidie, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔha me no di me sɛeɛ ho nkɔmmɔ. Ɛda mu nyinaa wɔdwene nnaadaasɛm ho.
13 然はあれどわれは聾者のごとくきかず われは口をひらかぬ唖者のごとし
Mete sɛ ɔsotifoɔ a ɔnte asɛm, mete sɛ mumu a ɔntumi nkasa.
14 如此われはきかざる人のごとく口にことあげせぬ人のごときなり
Mayɛ sɛ obi a ɔnte asɛm, deɛ nʼano ntumi mma mmuaeɛ.
15 ヱホバよ我なんぢを俟望めり 主わが神よなんぢかならず答へたまふべければなり
Ao Awurade, meretwɛn wo; Ao Awurade me Onyankopɔn, wobɛgye me so.
16 われ曩にいふ おそらくはかれらわが事によりて喜び わが足のすべらんとき我にむかひて誇りかにたかぶらんと
Mekaa sɛ, “Mma wɔn ani nnye; anaa mma wɔnhoahoa wɔn ho wɔ me nan a awatiri no enti.”
17 われ仆るるばかりになりぬ わが悲哀はたえずわが前にあり
Mereyɛ mahwe ase, na me yea da so wɔ me mu.
18 そは我みづから不義をいひあらはし わが罪のためにかなしめばなり
Meka me mfomsoɔ kyerɛ; me bɔne hyɛ me so.
19 わが仇はいきはたらきてたけく故なくして我をうらむるものおほし
Bebree na wɔyɛ mʼatamfoɔ; wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso.
20 惡をもて善にむくゆるものはわれ善事にしたがふが故にわが仇となれり
Wɔn a wɔde bɔne tua me papa so ka no bɔ me ahohora ɛberɛ a mereyɛ papa.
21 ヱホバよねがはくは我をはなれたたまふなかれ わが神よわれに遠かりたまふなかれ
Ao, Awurade nnya me. Ao me Onyankopɔn, nkɔ akyiri!
22 主わがすくひよ速きたりて我をたすけたまへ
Bra ntɛm bɛboa me, Awurade, mʼAgyenkwa.

< 詩篇 38 >