< 箴言 知恵の泉 9 >

1 智慧はその家を建て その七の柱を砍成し
Nyansa asi ne fie; watwa nʼafadum nson ho.
2 その畜を宰り その酒を混和せ その筵をそなへ
Wasiesie nʼaduane afra ne nsã wato ne ɛpono.
3 その婢女をつかはして邑の高處に呼はりいはしむ
Wasoma ne mmaawa, na ɔfrɛ firi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea hɔ sɛ,
4 拙者よここに來れと また智慧なき者にいふ
“Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha!” Ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo sɛ,
5 汝等きたりて我が糧を食ひ わがまぜあはせたる酒をのみ
“Mommra mmɛdi mʼaduane na monnom nsã a mafra no.
6 拙劣をすてて生命をえ 聰明のみちを行め
Monnya mo ntetekwaasɛm no na mobɛnya nkwa; monnante nteaseɛ akwan so.”
7 嘲笑者をいましむる者は恥を己にえ 惡人を責むる者は疵を己にえん
Deɛ ɔtenetene ɔfɛdifoɔ no frɛ ahohorabɔ; na deɛ ɔka amumuyɛfoɔ anim no nya ɔyea.
8 嘲笑者を責むることなかれ 恐くは彼なんぢを惡まん 智慧ある者をせめよ 彼なんぢを愛せん
Ɛno enti, nnka ɔfɛdifoɔ anim na ɔmmɛtane wo; ka onyansafoɔ anim na ɔbɛdɔ wo.
9 智慧ある者に授けよ 彼はますます智慧をえん 義者を敎へよ 彼は知識に進まん
Ma onyansafoɔ akwankyerɛ na ɔbɛkɔ so ahunu nyansa; kyerɛkyerɛ ɔteneneeni na ɔde bɛka nʼadesua ho.
10 ヱホバを畏るることは智慧の根本なり 聖者を知るは聰明なり
Awurade suro yɛ nyansa ahyɛaseɛ Ɔkronkronni no ho nimdeɛ yɛ nteaseɛ.
11 我により汝の日は多くせられ 汝のいのちの年は増べし
Me mu na wo nna bɛdɔɔso, na wɔde mfeɛ bɛka wo nkwa ho.
12 汝もし智慧あらば自己のために智慧あるなり 汝もし嘲らば汝ひとり之を負ん
Sɛ woyɛ onyansafoɔ a, wobɛnya wo nyansa ho mfasoɔ; sɛ woyɛ ɔfɛdifoɔ a, wo nko ara na ɛbɛhunu amane.
13 愚なる婦は嘩しく且つたなくして何事をも知らず
Ɔbaa ɔkwasea yɛ ɔkasafoɔ; ɔnni ahohyɛsoɔ na ɔnni nimdeɛ.
14 その家の門に坐し邑のたかき處にある座にすわり
Ɔte ne fie ɛpono ano, na ɔte akonnwa a ɛsi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea,
15 道をますぐに過る往來の人を招きていふ
na ɔfrɛfrɛ wɔn a wɔtwam hɔ, wɔn a wɔnam wɔn kwan so tee sɛ,
16 拙者よここに來れと また智慧なき人にむかひては之にいふ
“Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha” ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo sɛ,
17 竊みたる水は甘く密かに食ふ糧は美味ありと
“Nsuo a wɔwia no yɛ fremfrem na aduane a wɔdi no ahintaeɛ no yɛ dɛ!”
18 彼處にある者は死し者その客は陰府のふかき處にあることを是等の人は知らざるなり (Sheol h7585)
Nanso wɔnnim koraa sɛ awufoɔ wɔ hɔ sɛ nʼahɔhoɔ wɔ ɛda no ase tɔnn. (Sheol h7585)

< 箴言 知恵の泉 9 >