< 箴言 知恵の泉 5 >

1 我が子よわが智慧をきけ 汝の耳をわが聰明に傾け
Me ba, yɛ aso ma me nyansa; tie me nhunumu nsɛm no yie,
2 しかしてなんぢ謹愼を守り汝の口唇に知識を保つべし
sɛdeɛ ɛbɛma woahwɛ yie, na wʼano akora nimdeɛ.
3 娼妓の口唇は蜜を滴らし 其口は脂よりも滑なり
Ɛfiri sɛ ɔbaa dwamanfoɔ ano sosɔ ɛwoɔ, na ne kasa kɔ yɛɛ sene ngo;
4 されど其終は茵蔯の如くに苦く兩刃の劍の如くに利し
nanso, awieeɛ no ɛyɛ nwono sene bɔnwoma, ɛyɛ nam sɛ akofena anofanu.
5 その足は死に下り その歩は陰府に趣く (Sheol h7585)
Ne nan kɔ owuo mu; nʼanammɔntutuo kɔ ɛda mu tee. (Sheol h7585)
6 彼は生命の途に入らず 其徑はさだかならねども自ら之を知ざるなり
Ɔnnwene ɛkwan a ɛkɔ nkwa mu ho; nʼakwan yɛ kɔntɔnkye, nanso ɔnnim.
7 小子等よいま我にきけ 我が口の言を棄つる勿れ
Enti, afei, me mma, montie me; Monntwe mo ho mfiri deɛ meka ho.
8 汝の途を彼より遠く離れしめよ 其家の門に近づくことなかれ
Ɛkwan a ɛmmɛn noɔ no na momfa so mommmɛn ne fie ɛpono ano,
9 恐くは汝の榮を他人にわたし 汝の年を憐憫なき者にわたすにいたらん
anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforɔ na mode mo mfeɛ ama otirimuɔdenfoɔ,
10 恐くは他人なんぢの資財によりて盈され 汝の勞苦は他人の家にあらん
anyɛ saa a, ahɔhoɔ bɛfom mo ahonyadeɛ na mobrɛ de ahonya akɔ afoforɔ fie.
11 終にいたりて汝の身なんぢの體亡ぶる時なんぢ泣悲みていはん
Mo nkwanna akyi, mobɛsi apinie ɛberɛ a mo honam ne mo onipadua asa no.
12 われ敎をいとひ 心に譴責をかろんじ
Na moaka sɛ, “Na mekyiri ahohyɛsoɔ! Mʼakoma ampɛ ntenesoɔ!
13 我が師の聲をきかず 我を敎ふる者に耳を傾けず
Manyɛ ɔsetie amma mʼakyerɛkyerɛfoɔ na mantie mʼakwankyerɛfoɔ asɛm.
14 あつまりの中會衆のうちにてほとんど諸の惡に陷れりと
Maduru ɔsɛeɛ ntɛntɛnoa wɔ asafo no nyinaa mu.”
15 汝おのれの水溜より水を飮み おのれの泉より流るる水をのめ
Nom nsuo firi wʼankasa ankorɛ mu, nsuo a ɛtene firi wʼankasa abura mu.
16 汝の流をほかに溢れしめ 汝の河の水を衢に流れしむべけんや
Ɛsɛ sɛ wo nsutire yiri fa mmɔntene so na wo nsuwa kokɔ ɔman adwaberem anaa?
17 これを自己に歸せしめ 他人をして汝と偕にこに與らしむること勿れ
Ma ɛnyɛ wo nko ara dea, a wone ahɔhoɔ nnkyɛ da.
18 汝の泉に福祉を受しめ 汝の少き時の妻を樂しめ
Nhyira nka wʼasubura na wʼani nka wʼababunuberɛ mu yere ho.
19 彼は愛しき麀のごとく美しき鹿の如し その乳房をもて常にたれりとし その愛をもて常によろこべ
Ɔte sɛ ɔtwe bereɛ dɔfoɔ, ɔwansane animuonyamfoɔ. Ma ne nufoɔ nsɔ wʼani daa na ne dɔ nkyekyere wo.
20 我子よ何なればあそびめをたのしみ 淫婦の胸を懐くや
Me ba, adɛn enti na woma ɔbaa dwamanfoɔ kyekyere wo? Adɛn enti na woda ɔbarima foforɔ bi yere kokom?
21 それ人の途はヱホバの目の前にあり 彼はすべて其行爲を量りたまふ
Awurade hunu onipa akwan nyinaa, na ɔhwehwɛ ne nyinaa mu.
22 惡者はおのれの愆にとらへられ その罪の繩に繋る
Omumuyɛfoɔ nnebɔne sum no afidie; na ne bɔne nhoma kyekyere no papee.
23 彼は訓誨なきによりて死 その多くの愚なることに由りて亡ぶべし
Ɔbɛwu ɛsiane ahohyɛsoɔ a ɔnni enti, na wayera ɛsiane nʼagyegyentwisɛm enti.

< 箴言 知恵の泉 5 >