< 民数記 7 >

1 モーセ幕屋を建をはり之に膏を灌ぎてこれを聖別めまたその一切の器具およびその壇とその一切の器具に膏を灌ぎて之を聖別たる日に
Ɛda a Mose wiee Ahyiaeɛ Ntomadan no hyehyɛ no, ɔsraa ho nyinaa ngo, tee ho nyinaa a afɔrebukyia no ne ɛho nneɛma nyinaa ka ho.
2 イスラエルの牧伯等すなはちその諸宗族の長諸支派の牧伯にしてその核數られし者を監督る者等献物を爲り
Afei, Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo no mu mpanin a wɔhwɛɛ nnipakan no so no nyinaa de wɔn afɔrebɔdeɛ baeɛ.
3 彼等その禮物をヱホバに持きたるに蓋ある車六輛と牛十二匹あり牧伯二人に車一輛一人に牛一匹なり即ちこれか幕屋の前にひき至れり
Wɔde nteaseɛnam nsia a wɔakatakata ho ne anantwie dumienu na wɔde baeɛ. Na nteaseɛnam no baako biara yɛ mpanimfoɔ mmienu dea, a nantwie baako yɛ wɔn mu biara dea. Wɔde ne nyinaa maa Awurade wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no anim.
4 時にヱホバ、モーセに告て言たまはく
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
5 汝これを彼等より取て集會の幕屋の用に供へレビ人にその職分職分にしたがひて之を授すべし
“Gye wɔn akyɛdeɛ no na fa nteaseɛnam no yɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ho adwuma. Fa ma Lewifoɔ no na wɔmfa nni dwuma biara a ɛho hia wɔn.”
6 是においてモーセその車と牛を取て之をレビ人に授せり
Enti Mose de nteaseɛnam no ne anantwie no maa Lewifoɔ no.
7 即ちゲルシヨンの子孫にはその職分を按へて車二輛と牛四匹を授し
Ɔmaa Gerson ne ne nkurɔfoɔ nteaseɛnam mmienu ne anantwie ɛnan
8 メラリの子孫にはその職分を按へて車四輛と牛八匹を授し祭司アロンの子イタマルをしてこれを監督らしめたり
ɛnna ɔmaa Merari ne ne nkurɔfoɔ nso nteaseɛnam ɛnan ne anantwie nwɔtwe a Aaron babarima Itamar na na ɔdi so panin.
9 然どコハテの子孫には何をも授さざりき是は彼等が聖所になすべき職分はその肩をもて擔ふの事なるが故なり
Wɔamma Kohat nkurɔfoɔ nteaseɛnam no bi, ɛfiri sɛ, na ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn kyɛfa a ɛfa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho nneɛma no ho no wɔ wɔn mmatire.
10 壇に膏を灌ぐ日に牧伯等壇奉納の禮物を携へ來り牧伯等その禮物を壇の上に献げたり
Ɛda no, mpanimfoɔ a wɔdi anim no nso de atenaseɛbɔ akyɛdeɛ bɛguu afɔrebukyia no anim da a wɔresra afɔrebukyia no ngo no.
11 ヱホバ先にモーセに言たまひけるは牧伯等は一日に一人宛その壇奉納の禮物を献ぐべし
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kyekyɛ nna a obiara de nʼatenasebɔdeɛ bɛba afɔrebukyia no so.”
12 第一日に禮物を献げし者はユダの支派のアミナダブの子ナシヨンなり
Aminadab babarima Nahson a ɔfiri Yuda abusuakuo mu na ɔde nʼatenasebɔdeɛ baa ɛda a ɛdi ɛkan no.
13 その禮物は銀の皿一箇その重は百三十シケル銀の鉢一箇是は七十シケル皆聖所のシケルに循ふ此二者には麥粉に油を和たる素祭の品を充す
Nneɛma a ɔde baeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte baako a emu duru yɛ kilogram baako ne fa, dwetɛ kyɛnsee bi a ɛbɛyɛ kilogram baako a ne nyinaa na wɔde asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.
14 また金の匙の十シケルなる者一箇是には香を充す
Afei, ɔde sikakɔkɔɔ adaka ketewa bi a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ no ma baeɛ.
15 また燔祭に用ふる若き牡牛一匹牡羊一匹當歳の羔羊一匹
Ɔde nantwinini ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ.
16 罪祭に用ふる牡山羊一匹
Wɔde abirekyie baeɛ sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ
17 酬恩祭の犠牲に用ふる牛二匹牡羊五匹牡山羊五匹當歳の羔羊五匹アミナダブの子サションの禮物は是の如し
na asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no deɛ, anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyie enum ne nnwammaa enum a wɔadi afe na wɔde wɔn baeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Nahson babarima Aminadab de baeɛ.
18 第二日にはイッサカルの牧伯ツアルの子ネタニエル献納を爲り
Ɛda a ɛtɔ so mmienu no, Suar babarima Netanel a ɔda Isakar abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
19 その献げし禮物は銀の皿一箇その重は百三十シケル銀の鉢一箇是は七十シケル皆聖所のシケルに循ふ此二者には麥粉に油を和たる素祭の品を充す
Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
20 また金の匙の十シケルなる者一箇是には香を充す
Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
21 また燔祭に用ふる若き牡牛一匹牡羊一匹當歳の羔羊一匹
Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
22 罪祭に用ふる牡山羊一匹
ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ
23 酬恩祭の犠牲に用ふる牛二匹牡羊五匹牡山羊五匹當歳の羔羊五匹ツアルの子ネタニエルの禮物は是のごとし
ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Suar babarima Netanel de baeɛ.
24 第三日にはゼブルンの子孫の牧伯ヘロンの子エリアブ献納を爲り
Ne nnansa so no, Helon babarima Eliab a ɔda Sebulon abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
25 その禮物は銀の皿一箇その重は百三十シケル銀の鉢一箇是は七十シケル皆聖所のシケルに循ふ此二者には麥粉に油を和たる素祭の品を充す
Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.
26 また金の匙の十シケルなる者一箇是には香を充す
Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ ma nso baeɛ.
27 また燔祭に用ふる若き牡牛一匹牡羊一匹當歳の羔羊一匹
Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
28 罪祭に用ふる牡山羊一匹
ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
29 酬恩祭の犠牲に用ふる牛二匹牡羊五匹牡山羊五匹當歳の羔羊五匹ヘロンの子エリアブの禮物は是のごとし
ne anantwie mmienu, nnwennini enum ne mmirekyinini enum sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Helon babarima Eliab de baeɛ.
30 第四日にはルベンの子孫の牧伯シデウルの子エリヅル献納を爲り
Ne nnanan so no, Sedeur babarima Elisur a ɔda Ruben abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
31 その禮物は銀の皿一箇その重は百三十シケル銀の鉢一箇是は七十シケル皆聖所のシケルに循ふ此二者には麥粉に油を和たる素祭の品を充す
Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.
32 また金の匙の十シケルなる者一箇是には香を充す
Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
33 また燔祭に用ふる若き牡牛一匹牡羊一匹當歳の羔羊一匹
Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
34 罪祭に用ふる牡山羊一匹
ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
35 酬恩祭の犠牲に用ふる牛二匹牡羊五匹牡山羊五匹當歳の羔羊五匹シデウルの子エリヅルの禮物は是のごとし
ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe. Yei ne afɔdeɛ a Sedeur babarima Elisur de baeɛ.
36 第五日にはシメオンの子孫の牧伯ツリシヤダイの子シルミエル献物を爲り
Ne nnanum so no, Surisadai babarima Selumiel a ɔda Simeon abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
37 その禮物は銀の皿一箇その重は百三十シケル銀の鉢一箇是は七十シケル皆聖所のシケルに循ふ此二者には麥粉に油を和たる素祭の品を充す
Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.
38 また金の匙の十シケルなる者一箇是には香を充す
Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a emu duru bɛyɛ gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
39 また燔祭に用ふる若き牡牛一匹牡羊一匹當歳の羔羊一匹
Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wɔadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
40 罪祭に用ふる牡山羊一匹
ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ,
41 酬恩祭の犠牲に用ふる牛二匹牡羊五匹牡山羊五匹當歳の羔羊五匹ツリシヤダイの子シルミエルの禮物は是のごとし
ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyinini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Surisadai ba Selumiel de baeɛ.
42 第六日にはガドの子孫の牧伯デウエルの子エリアサフ献納をなせり
Ne nna nsia so no, Deguel babarima Eliasaf a ɔda Gad abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
43 その禮物は銀の皿一箇その重は百三十シケル銀の鉢一箇是は七十シケル皆聖所のシケルに循ふこの二者には麥粉に油を和たる素祭の品を充す
Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
44 また金の匙の十シケルなる者一箇是には香を充す
Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
45 また燔祭に用ふる若き牡牛一匹牡羊一匹當歳の羔羊一匹
Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
46 罪祭に用ふる牡山羊一匹
ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
47 酬恩祭の犠牲に用ふる牛二匹牡羊五匹牡山羊五匹當歳の羔羊五匹デウエルの子エリアサフの禮物はかくのごとし
ne nantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Deguel ba Eliasaf de baeɛ.
48 第七日にはエフライムの子孫の牧伯アミホデの子エリシヤマ献納をなせり
Ne nnanson so no, Amihud babarima Elisama a ɔda Efraim abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
49 その禮物は銀の皿一箇その重は百三十シケル銀の鉢一箇是は七十シケル皆聖所のシケルに循ふ此二者には麥粉に油を和たる素祭の品を充す
Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
50 また金の匙の十シケルなる者一箇是には香を充す
Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
51 また燔祭に用ふる若き牡牛一匹牡羊一匹當歳の羔羊一匹
Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
52 罪祭に用ふる牡山羊一匹
ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
53 酬恩祭の犠牲に用ふる牛二匹牡羊五匹牡山羊五匹當歳の羔羊五匹アミホデの子エリシヤマの禮物は是のごとし
ne nantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Amihud babarima Elisama de baeɛ.
54 第八日にはマナセの子孫の牧伯パダヅルの子ガマリエル献納をなせり
Ne nnawɔtwe so no, Pedahsur babarima Gamaliel a ɔda Manase abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
55 その禮物は銀の皿一箇その重は百三十シケル銀の鉢一箇是は七十シケルみな聖所のシケルに循ふこの二者には麥粉に油を和たる素祭の品を充す
Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
56 また金の匙の十シケルなる者一箇是には香を充す
Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
57 また燔祭に用ふる若き牡牛一匹牡羊一匹當歳の羔羊一匹
Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
58 罪祭に用ふる牡山羊一匹
ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
59 酬恩祭の犠牲に用ふる牛二匹牡羊五匹牡山羊五匹當歳の羔羊五匹パダヅルの子ガマリエルの禮物は是のごとし
ne nantwie mmienu, nnwennini enum, mpɔnkyenini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Pedahsur ba Gamaliel de baeɛ.
60 第九日にはベニヤミンの子孫の牧伯ギデオニの子アビダン献納をなせり
Ne nna nkron so no, Gideoni babarima Abidan a ɔda Benyamin abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
61 その禮物は銀の皿一箇その重は百三十シケル銀の鉢一箇是は七十シケルみな聖所のシケルに循ふこの二者には麥粉に油を和たる素祭の品を充す
Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
62 また金の匙の十シケルなる者一箇是には香を充す
Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
63 また燔祭に用ふる若き牡牛一匹牡羊一匹當歳の羔羊一匹
Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
64 罪祭に用ふる牡山羊一匹
ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ
65 酬恩祭の犠牲に用ふる牛二匹牡羊五匹牡山羊五匹當歳の羔羊五匹ギデオニの子アビダンの禮物は是のごとし
ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Gideoni babarima Abidan de baeɛ.
66 第十日にはダンの子孫の牧伯アミシヤダイの子アヒエゼル献納をなせり
Ne dadu so no, Amisadai babarima Ahieser a ɔda Dan abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
67 その禮物は銀の皿一箇その重は百三十シケル銀の鉢一箇是は七十シケル皆聖所のシケルに循ふこの二者には麥粉に油を和たる素祭の品を充す
Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
68 また金の匙の十シケルなる者一箇是には香を充す
Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
69 また燔祭に用ふる若き牡牛一匹牡羊一匹當歳の羔羊一匹
Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
70 罪祭に用ふる牡山羊一匹
ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
71 酬恩祭の犠牲に用ふる牛二匹牡羊五匹牡山羊五匹當歳の羔羊五匹アミシヤダイの子アヒエゼルの禮物は是のごとし
ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyinini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Amisadai babarima Ahieser de baeɛ.
72 第十一日にはアセルの子孫の牧伯オクランの子パギエル献納を爲せり
Ne dadu da baako so no, Okran babarima Pagiel a ɔda Aser abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
73 その禮物は銀の皿一箇その重は百三十シケル銀の鉢一箇是は七十シケルみな聖所のシケルに循ふこの二者には麥粉に油を和たる素祭の品を充す
Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
74 亦金の匙の十シケルなる者一箇是には香を充す
Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
75 亦燔祭に用ふる若き牡牛一匹牡羊一匹當歳の羔羊一匹
Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
76 罪祭に用ふる牡山羊一匹
ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
77 酬恩祭の犠牲に用ふる牛二匹牡羊五匹牡山羊五匹當歳の羔羊五匹オクランの子パギエルの禮物は是のごとし
ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyinini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Okran babarima Pagiel de baeɛ.
78 第十二日にはナフタリの子孫の牧伯エナンの子アヒラ献物をなせり
Ne dadu nna mmienu so no, Enan babarima Ahira a ɔda Naftali abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
79 其禮物は銀の皿一箇その重は百三十シケル銀の鉢一箇是は七十シケルみな聖所のシケルに循ふこの二者には麥粉に油を和たる素祭の品を充す
Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
80 また金の匙の十シケルなる者一箇是には香を充す
Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
81 また燔祭に用ふる若き牡牛一匹牡羊一匹當歳の羔羊一匹
Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
82 罪祭に用ふる牡山羊一匹
ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
83 酬恩祭の犠牲に用ふる牛二匹牡羊五匹牡山羊五匹當歳の羔羊五匹エナンの子アヒラの禮物は是のごとし
ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Enan babarima Ahira de baeɛ.
84 是すなはち壇に油を灌げる日にイスラエルの牧伯等が献げたる壇奉納の禮物なり即ち銀の皿十二銀の鉢十二金の匙十二
Enti, yei ne afɔrebukyia no afɔrebɔdeɛ a Israel mpanimfoɔ de ba bɛsraa afɔrebukyia no nam so bɔɔ no atenaseɛ: dwetɛ mprɛte dumienu, dwetɛ hweaseammɔ dumienu ne sikakɔkɔɔ aduhwam akoradeɛ dumienu.
85 銀の皿は各々百三十シケル鉢は各々七十シケル聖所のシケルに依ばこの諸の銀の器はその重都合二千四百シケルなりき
Ne nyinaa mu, na dwetɛ nneɛma no nyinaa kari bɛyɛ kilogram aduasa. Na prɛte biara kari kilogram baako ne fa, na dwetɛ kyɛnsee no nso kari kilogram baako.
86 また香を充せる金の匙十二ありその重は聖所のシケルに依ば各々十シケルその匙の金は都合百二十シケルなりき
Sikakɔkɔɔ a wɔde bɛkyɛeɛ no mu duru yɛɛ bɛyɛ kilogram baako ne fa a ɛkyerɛ sɛ, sikakɔkɔɔ no akoradeɛ no mu biara duru yɛ nnwetɛbena edu a wɔde aduhwam ahyɛ no ma.
87 また燔祭に用ふる者は牡牛十二牡羊十二當歳の羔羊十二ありき之にその素祭の物を加ふまた罪祭の牡山羊十二あり
Wɔde anantwie dumienu ne nnwennini a wɔn mu biara adi afe na wɔde bɛbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no a atokoɔ afɔrebɔ nso ka ho. Wɔde mpapo bɛbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ.
88 また酬恩祭の犠牲に用ふる者は牡牛二十四牡羊六十牡山羊六十當歳の羔羊六十あり壇に膏を灌ぎて後に献たる壇奉納の禮物は是のごとし
Asomdwoeɛ afɔdeɛ nneɛma a wɔde baeɛ nie: anantwinini mma aduonu ɛnan, nnwennini aduosia, mmirekyie aduosia, nnwammaanini a wɔn mu biara adi afe aduosia.
89 斯てモーセはヱホバと語はんとて集會の幕屋に入けるに律法の櫃の上なる贖罪所の上兩箇のケルビムの間より聲いでて己に語ふを聽り即ち彼と語へり
Ɛberɛ a Mose kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu sɛ ɔne Awurade rekɔkasa no, ɔtee nne bi firi soro a ɛrekasa kyerɛ no firi Mpata Beaeɛ no atifi hɔ, wɔ adaka no ho baabi a Kerubim mmienu no sisi no ntam.

< 民数記 7 >