< 歴代誌Ⅰ 6 >

1 レビの子等はゲルシヨン、コハテ、メラリ
Na Lewi mmammarima yɛ: Gerson, Kohat ne Merari.
2 コハテの子等はアムラム、イヅハル、ヘブロン、ウジエル
Na Kohat asefoɔ nso yɛ: Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.
3 アムラムの子等はアロン、モーセ、ミリアム、アロンの子等はナダブ、アビウ、エレアザル、イタマル
Na Amram mma yɛ: Aaron, Mose ne Miriam. Na Aaron mmammarima yɛ: Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.
4 エレアザル、ピネハスを生み ピネハス、アビシユアを生み
Eleasa woo Pinehas. Pinehas woo Abisua.
5 アビシユア、ブツキを生み ブツキ、ウジを生み
Abisua woo Buki, na Buki woo Usi,
6 ウジ、ゼラヒヤを生み ゼラヒヤ、メラヨテを生み
Usi woo Serahia, Serahia woo Meraiot,
7 メラヨテ、アマリヤを生み アマリヤ、アヒトブを生み
Meraiot woo Amaria, na Amaria woo Ahitub,
8 アヒトブ、ザドクを生み ザドク、アヒマアズを生み
Ahitub woo Sadok, na Sadok woo Ahimaas,
9 アヒマアズ、アザリヤを生み アザリヤ、ヨハナンを生み
Ahimaas woo Asaria, Asaria woo Yohanan,
10 ヨハナン、アザリヤを生り此アザリヤはヱルサレムなるソロモンの建たる宮にて祭司の職をなせし者なり
Yohanan woo Asaria, a ɔno na na ɔyɛ ɔsɔfopanin wɔ asɔredan a Salomo sii wɔ Yerusalem no mu.
11 アザリヤ、アマリヤを生み アマリヤ、アヒトブを生み
Asaria woo Amaria, Amaria woo Ahitub,
12 アヒトブ、ザドクを生み ザドク、シヤルムを生み
Ahitub woo Sadok, Sadok woo Salum,
13 シヤルム、ヒルキヤを生み ヒルキヤ、アザリヤを生み
Salum woo Hilkia, Hilkia woo Asaria.
14 アザリヤ、セラヤを生み セラヤ、ヨザダクを生む
Asaria woo Seraia, Seraia woo Yehosadak.
15 ヨザダグはヱホバ、ネブカデネザルの手をもてユダおよびヱルサレムの人を擄へうつしたまひし時に擄へられて往り
Wɔtwaa Yehosadak asuo ɛberɛ a Awurade de Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ kɔɔ nnommum mu a na wɔhyɛ Nebukadnessar ase no.
16 レビの子等はゲルシヨン、コハテおよびメラリ
Na Lewi mmammarima din de: Gersom, Kohat ne Merari.
17 ゲルシヨンの子等の名は左のごとしリブニおよびシメイ
Na Libni ne Simei ka Gerson asefoɔ ho.
18 コハテの子等はアムラム、イヅハル、ヘブロン、ウジエル
Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefoɔ no ho.
19 メラリの子等はマヘリおよびムシ、レビ人の宗族はその宗家によれば是のごとし
Na Mahli ne Musi ka Merari asefoɔ no ho. Yeinom ne Lewifoɔ mmusua sɛdeɛ wɔn mpanimfoɔ nnidisoɔ teɛ.
20 ゲシヨンの子はリブニ その子はヤハテ その子はジンマ
Na Gerson asefoɔ yɛ: Libni, Yahat, Sima,
21 その子はヨア その子はイド その子はゼラ その子はヤテライ
Yoa, Ido, Serah ne Yeaterai.
22 コハテの子はアミナダブ その子はコラ その子はアシル
Na Kohat asefoɔ ne Aminadab, Kora, Asir,
23 その子はエルカナ その子はエビアサフ その子はアシル
Elkana, Ebiasaf, Asir,
24 その子はタハテ その子はウリエル その子はウジヤ その子はシヤウル
Tahat, Uriel, Usia ne Saulo.
25 エルカナの子等はアマサイおよびアヒモテ
Na Elkana asefoɔ ne: Amasai, Ahimot,
26 エルカナについてはエルカナの子はゾバイ その子はナハテ
Sofai, Nahat,
27 その子はエリアブ その子はヱロハム その子はエルカナ
Eliab, Yeroham, Elkana ne Samuel.
28 サムエルの子等は長子はヨエル 次はアビヤ
Na Samuel mmammarima din ne: Yoɛl a ɔyɛ ɔpanin ne Abiya a ɔtɔ so mmienu no.
29 メラリの子はマヘリ その子はリブニ その子はシメイ その子はウザ
Na Merari mma ne: Mahli, Libni, Simei, Usa,
30 その子はシメア その子はハギヤ その子はアサヤなり
Simea, Hagia ne Asaia.
31 契約の櫃を安置せし後ダビデ左の人々を立てヱホバの家にて謳歌事を司どらせたり
Dawid maa saa nnipa a wɔn din didi soɔ yi dii Awurade fie nnwom anim, ɛberɛ a wɔde Apam Adaka no sii hɔ no.
32 彼等は集會の幕屋の住所の前にて謳歌事をおこなひ來りしがソロモン、ヱルサレムにヱホバの室を建るにおよびその次序に循ひてその職をつとめたり
Wɔde nnwom kaa wɔn som ho wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ, kɔsii sɛ Salomo sii Awurade asɔredan no wɔ Yerusalem. Afei, wɔnam mmara a wɔde maa wɔn so dii wɔn dwuma wɔ hɔ.
33 立て奉事をなせるものおよびその子等は左のごとしコハテの子等の中ヘマンは謳歌師長たり ヘマンはヨルの子 ヨエルはサムエルの子
Saa mmarima yi na wɔne wɔn mma somm wɔ hɔ no. Heman, dwom ho nimdefoɔ no, na ɔfiri Kohat abusua mu. Wɔto nʼabusuadua ana firi Yoɛl, Samuel,
34 サムエルはエルカナの子 エルカナはヱロハムの子 ヱロハムはエリエルの子 エリエルはトアの子
Elkana, Yeroham, Eliel, Yoa,
35 トアはヅフの子 ヅフはエルカナの子 エルカナはマハテの子 マハテはアマサイの子
Suf, Elkana, Mahat, Amasai,
36 アマサイはヱルカナの子 エルカナはヨエルの子 ヨエルはアザリヤの子 アザリヤはゼパニヤの子
Elkana, Yoɛl, Asaria, Sefania,
37 ゼパニヤはタハテの子 タハテはアシルの子 アシルはエビアサフの子 エビアサフはコラの子
Tahat, Asir, Ebiasaf, Kora,
38 コラはイヅハルの子 イヅハルはコハテの子 コハテはレビの子 レビはイスラエルの子なり
Ishar, Kohat, Lewi ne Israel ase;
39 ヘマンの兄弟アサフ、ヘマンの右に立り アサフはベレキヤの子 ベレキヤはシメアの子
Herman abadiakyire a ɔdi ɛkan no din de Asaf, a na ɔfiri Gerson abusua mu. Wɔto Asaf abusuadua ana firi Berekia, Simea,
40 シメアはミカエルの子 ミカエルはバアセヤの子 バアセヤはマルキヤの子
Mikael, Baaseia, Malkia,
41 マルキヤはエテニの子 エテニはゼラの子 ゼラはアダヤの子
Etni, Serah, Adaia,
42 アダヤはエタンの子 エタンはジンマの子 ジンマはシメイの子
Etan, Sima, Simei,
43 シメイはヤハテの子 ヤハテはゲルシヨンの子 ゲルシヨンはレビの子なり
Yahat, Gersom ne Lewi ase.
44 また彼らの兄弟なるメラリ人等その左に立り 其中のエタンはキシの子なり キシはアブデの子 アブデはマルクの子
Herman abadiakyire a ɔtɔ so mmienu no din de Etan, a na ɔfiri Merari abusua mu. Wɔto Etan abusuadua ana firi Kisi, Abdi, Maluk,
45 マルクはハシヤビヤの子 ハシヤビヤはアマジヤの子 アマジヤはヒルキヤの子
Hasabia, Amasia, Hilkia,
46 ヒルキヤはアムジの子 アムジはバニの子 バニはセメルの子
Amsi, Bani, Semer,
47 セメルはマヘリの子 マヘリはムシの子 ムシはメラリの子 メラリはレビの子なり
Mahli, Musi, Merari ne Lewi ase.
48 彼らの兄弟なるレビ人等は神の室の幕屋の諸の職に任ぜられたり
Na wɔn abusuafoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ no nso, wɔmaa wɔn dwuma ahodoɔ bi dii wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛyɛ Onyankopɔn fie no mu.
49 アロンおよびその子等は燔祭の壇と香壇の上に物を献ぐることを司どりまた至聖所の諸の工をなし且イスラエルのために贖をなすことを司どれり凡て神の僕モーセの命じたるごとし
Aaron ne nʼasefoɔ nko na wɔsom sɛ asɔfoɔ. Na wɔde afɔrebɔdeɛ gu ɔhyeɛ afɔrebukyia ne ohwam afɔrebukyia so, na wɔdi dwuma biara a ɛfa kronkron mu kronkron hɔ ho. Wɔnam mmara a Onyankopɔn ɔsomfoɔ Mose de maa wɔn no so yɛɛ mpatadeɛ maa Israel.
50 アロンの子孫は左のごとし アロンの子はエレアザル その子はピネハス その子はアビシユア
Na Aaron asefoɔ yɛ: Eleasa, Pinehas, Abisua,
51 その子はブツキ その子はウジ その子はゼラヒヤ
Buki, Usi, Serahia,
52 その子はメラヨテ その子はアマリヤ その子はアヒトブ
Meraiot, Amaria, Ahitub,
53 その子はザドク その子はアヒマアズ
Sadok ne Ahimaas.
54 アロンの子孫の住處は四方の境の内にありその閭里に循ひていはば左の如し先コハテ人の宗族が籤によりて得たるところは是なり
Yei ne abakɔsɛm a ɛfa nkuro ne asase a wɔnam ntontobɔ kronkron so de maa Aaron ne nʼasefoɔ a wɔfiri Kohat abusua mu no.
55 すなはちユダの地の中よりはヘブロンとその周圍の郊地を得たり
Na Hebron ne mmoa adidibea nsase a atwa ho ahyia wɔ Yuda no ka ho.
56 但しその邑の田野と村々はヱフンネの子カレブに歸せり
Nanso, kuro no ho mfuo ne ɛho nkuraa no deɛ, wɔde maa Yefune babarima Kaleb.
57 すなはちアロンの子孫の得たる邑は逃遁邑なるヘブロン、リブナとその郊地 ヤツテルおよびエシテモアとそれらの郊地
Enti, saa nkuro yi a mmoa adidibea atwa ebiara ho ahyia na wɔde maa Aaron asefoɔ: Hebron a ɛyɛ dwanekɔbea kuro, Libna, Yatir, Estemoa,
58 ホロンとその郊地 デビルとその郊地
Hilen, Debir,
59 アシヤンとその郊地 ベテシメシとその郊地なり
Asan, Yuta ne Bet-Semes.
60 またベニヤミンの支派の中よりはゲバとその郊地 アレメテとその郊地 アナトテとその郊地を得たり 彼らの邑はその宗族の中に都合十三ありき
Na wɔmaa wɔn Gibeon, Geba, Alemet ne Anatot firii Benyamin asase mu a mmoa adidibea ka emu biara ho. Enti, nkurotoɔ dumiɛnsa na wɔde maa Aaron asefoɔ.
61 またコハテの子孫の支派の中此他なる者はかの半支派の中即ちマナセの半支派の中より籤によりて十の邑を得たり
Na Kohat asefoɔ a wɔkaeɛ no nso, wɔnyaa nkurotoɔ edu a wɔnam ntontobɔ kronkron so firii Manase abusua fa no asase so.
62 またゲルシヨンの子孫の宗族はイツサカルの支派アセルの支派ナフタリの支派及びバシヤンなるマナセの支派の中より十三の邑を得たり
Gerson asefoɔ nam ntontobɔ kronkron so nyaa nkurotoɔ dumiɛnsa firii Isakar, Aser ne Naftali nsase so. Wɔnyaa bi nso firii Basan pɔ mu a ɛyɛ Manase dea, a ɛwɔ Yordan apueeɛ fam no.
63 またメラリの子孫の宗族はルベンの支派ガドの支派およびゼブルンの支派の中より籤によりて十二の邑を得たり
Merari asefoɔ nam ntontobɔ kronkron so, nyaa nkurotoɔ dumienu firii Ruben, Gad ne Sebulon nsase so.
64 イスラエルの子孫は邑とその郊地とをレビ人に與へたり
Enti, Israelfoɔ de saa nkuro yi ne mmoa adidibea yi nyinaa maa Lewifoɔ.
65 即ちユダの子孫の支派とシメオンの子孫の支派とベニヤミンの子孫の支派の中よりして此に名を擧たる是等の邑を籤によりて之に與へたり
Wɔnam ntontobɔ kronkron so na wɔde nkuro a ɛwowɔ Yuda, Simeon ne Benyamin nsase so maeɛ sɛdeɛ wɔaka dada no.
66 コハテの子孫の宗族はまたエフライムの支派の中よりも邑を得てその領地となせり
Saa nkurotoɔ yi ne ɛho mmoa adidibea na Kohat asefoɔ nya firii Efraim asase so:
67 即ちその得たる逃遁邑はエフライム山のシケムとその郊地およびゲゼルとその郊地
Sekem a ɛyɛ dwanekɔbea kuro a ɛwɔ Efraim bepɔ asase no so, Geser,
68 ヨクメアムとその郊地 ベテホロンとその郊地
Yokmeam, Bet-Horon,
69 アヤロンとその郊地 ガテリンモンとその郊地なり
Ayalon ne Gat-Rimon.
70 またマナセの半支派の中よりはアネルとその郊地 ビレアムとその郊地是みなコハテの子孫の遺れる宗族に歸せり
Kohat asefoɔ nkaeɛ no, wɔde saa nkurotoɔ a ɛfiri Manase abusua fa no mu na ɛmaa wɔn: Aner ne Bileam a emu biara mmoa adidibea ka ho.
71 ゲルシヨンの子孫に歸せし者はマナセの半支派の宗族の中よりはバシヤンのゴランとその郊地 アシタロテとその郊地
Gerson asefoɔ nyaa kuro a wɔfrɛ no Golan a ɛwɔ Basan no firii Manase abusua fa asase so a Astarot ka ho, a ne nyinaa mmoa adidibea da ho.
72 イツサカルの支派の中よりはゲデシとその郊地 ダベラテとその郊地
Isakar asase so nso, wɔmaa wɔn Kedes, Daberat,
73 ラモテとその郊地 アネムとその郊地
Ramot ne Anem a wɔn mmoa adidibea ka ho.
74 アセル支派の中よりはミシアルとその郊地 アブドンとその郊地
Aser asase so, wɔnyaa Masal, Abdon,
75 ホコクとその郊地レホブとその郊地
Hukok ne Rehob a na emu biara mmoa adidibea ka ho.
76 ナフタリの支派の中よりはガリラヤのゲデシとその郊地 ハンモンとその郊地 キリアタイムとその郊地
Naftali asase so, wɔde Kedes a ɛwɔ Galilea, Hamon ne Kiriataim maa wɔn, a na mmoa adidibea ka emu biara ho.
77 比外の者すなはちメラリの子孫に歸せし者はゼブルンの支派の中よりはリンモンとその郊地 タボルとその郊地
Merari asefoɔ nkaeɛ no nyaa Yokneam, Karta, Rimon ne Tabor nkuro firi Sebulon asase so, a na mmoa adidibea ka ebiara ho.
78 ヱリコに對するヨルダンの彼旁すなはちヨルダンの東においてルベンの支派の中よりは曠野のベゼルとその郊地 ヤザとその郊地
Ruben asase a ɛda Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a ɛne Yeriko di nhwɛanim no nso, wɔnyaa Beser a ɛyɛ anweatam kuro, Yahas,
79 ケデモテとその郊地 メバアテとその郊地
Kedemot ne Mefaat a mmoa adidibea ka emu biara ho.
80 ガドの支派の中よりはギレアデのラモテとその郊地 マハナイムとその郊地
Na Gad asase so nso, wɔnyaa Ramot a ɛwɔ Gilead, Mahanaim,
81 ヘシボンとその郊地 ヤゼルとその郊地
Hesbon ne Yaser a mmoa adidibea ka ebiara ho.

< 歴代誌Ⅰ 6 >