< 民数記 25 >

1 イスラエルはシッテムに止まり居けるがその民モアブの婦女等と婬をおこなふことを始めたり
Ɛberɛ a Israelfoɔ bɔɔ atenaseɛ wɔ Sitim no, wɔn mu mmarima no bi hyɛɛ aseɛ ne Moab mmabaawa no bɔɔ adwaman de guu wɔn ho fi.
2 その婦女等其神々に犠牲を献る時に民を招けば民は往て食ふことを爲しかつその神々を拝めり
Saa mmabaawa yi too nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra wɔn afɔdeɛ a wɔbɔ ma wɔn anyame no ase. Ankyɛre biara, mmarima no kɔɔ wɔn apontoɔ ase na wɔsomm Moab anyame.
3 イスラエルかくバアルベオルに附ければイスラエルにむかひてヱホバ怒を發したまへり
Ɛberɛ tiawa bi akyi, Israelfoɔ no nyinaa kɔsom Baal-peor a ɔyɛ Moabfoɔ nyame. Yei maa Awurade bo fuu ne nkurɔfoɔ no yie.
4 ヱホバすなはちモーセに告て言たまはく民の首をことごとく携きたりヱホバのためにかの者等を日に曝せ然せばヱホバの烈しき怒イスラエルを離るるあらんと
Ɔhyɛɛ saa mmara yi maa Mose sɛ, “Kunkum mpanimfoɔ a wɔtuatua Israel mmusuakuo no ano no nyinaa. Sɛn wɔn wɔ Awurade anim awia ketee sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼabufuo a ano yɛ den no bɛfiri wɔn so.”
5 是においてモーセ、イスラエルの士師等にむかひ汝らおのおのその配下の人々のバアルベオルに附る者を殺せと言り
Enti, Mose hyɛɛ atemmufoɔ no ma wɔkunkumm wɔn a wɔsomm Baal-peor no nyinaa.
6 モーセとイスラエルの子孫の全會衆集合の幕屋の門にて哭をる時一箇のイスラエル人ミデアンの婦人一箇を携きたり彼らの目の前にてその兄弟等の中に至れり
Nanso, Israelni ɔhantanni bi de Midiani ababaawa bi baa wɔn atenaeɛ hɔ maa Mose ne nnipa no nyinaa hunuu no ɛberɛ a na wɔn nyinaa gyina Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono akyi retwa adwo no.
7 祭司アロンの子なるエレアザルの子ピネハスこれを見會衆の中より起あがりて槍を手に執り
Ɛberɛ a Pinehas a ɔyɛ Eleasa babarima a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ Aaron nana hunuu yei no, ɔhuri sɔɔ pea mu
8 そのイスラエルの人の後を追て之が寝室に入りイスラエルの人を衝きまたその婦女の腹を衝とほして二人を殺せり是において疫病のイスラエルの子孫におよぶこと止れり
taa saa ɔbarima no so de no kɔwuraa ne ntomadan mu baabi a ɔfaa ɔbaa no. Ɔde pea no wowɔɔ ɔbarima no sane de wɔɔ ɔbaa no yafunu mu. Enti, ɔhaw no to twaa wɔ Israelfoɔ no mu,
9 その疫病にて死たる者は二萬四千人なりき
nanso ɛkɔsi saa ɛberɛ no, na nnipa mpem aduonu ɛnan awuwu dada.
10 ヱホバ、モーセに告て言たまはく
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
11 祭司アロンの子なるエレアザルの子ピネハスはわが熱心をイスラエルの子孫の中にあらはして吾怒をその中より取去り我として熱心をもてイスラエルの子孫を滅し盡すにいたらざらしめたり
“Eleasa babarima Pinehas a ɔyɛ ɔsɔfoɔ Aaron nana adwodwo mʼabufuo ano, ɛfiri sɛ, ɔbɔɔ mmɔden te sɛ me ara wɔ mʼanimuonyam ho, enti sɛdeɛ meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛsɛe Israelfoɔ nyinaa no, magyae.
12 故に汝言へ我これに平和のわが契約をさづく
Enti ka kyerɛ no sɛ, me ne no rebɛyɛ asomdwoeɛ apam.
13 即ち彼とその後の子孫永く祭司の職を得べし是は彼その神のために熱心にしてイスラエルの子孫のために贖をなしたればなり
Saa apam yi mu, ɔno ne nʼasefoɔ bɛyɛ asɔfoɔ afebɔɔ, ɛfiri sɛ watwe me, ne Onyankopɔn, ho ninkunu wɔ Israelfoɔ mu de ayɛ mpata ama wɔn.”
14 その殺されしイスラエル人すなはちミデアンの婦人とともに殺されし者はその名をジムリと言てサルの子にしてシメオン人の宗族の牧伯の一人なり
Ɔbarima a wɔkumm no ne Midiani ababaawa no, na ne din de Simri a na ɔyɛ Salu a ɔtua Simeon abusuakuo ano no babarima.
15 またその殺されしミデアンの婦人は名をコズビと曰てツルの女子なりツルはミデアンの民の宗族の首なり
Ɔbaa no nso, na ne din de Kosbi a na ɔyɛ Midianhene babarima Sur babaa.
16 ヱホバ、モーセに告て言たまはく
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
17 ミデアン人に逼りてこれを撃て
“To hyɛ Midianfoɔ no so na sɛe wɔn,
18 其は彼ら謀計をもて汝に逼りペオルの事とその姉妹なるミデアンの牧伯の女すなはちペオルのために疫病の起れる日に殺されしコズビの事において汝らを惑したればなり
ɛfiri sɛ, wɔfaa mo sɛ atamfoɔ, na wɔdaadaa mo ma mosomm Baal-peor, ne Kosbi a ɔyɛ Midian ntuanoni babaa a wɔkumm no wɔ Peor ɔyaredɔm ɛda no.”

< 民数記 25 >