< レビ記 9 >

1 斯て第八日にいたりてモーセ、アロンとその子等およびイスラエルの長老等を呼
Ahodwira no akyi ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, Mose frɛɛ Aaron ne ne mmammarima ne Israel mpanimfoɔ nyinaa.
2 而してアロンに言けるは汝若き牡犢の全き者を罪祭のために取りまた牡羊の全き者を燔祭のために取りてこれをヱホバの前に献ぐべし
Ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ, ɔnkɔkyere nantwinini ba mfiri anantwie no mu na ɔmfa no mmɔ bɔne afɔdeɛ, na ɔnkyere odwennini a ne ho nni dɛm mfa no mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɔ saa afɔdeɛ yi nyinaa wɔ Awurade anim.
3 汝イスラエルの子孫に告て言べし汝等牡山羊を罪祭のために取りまた犢牛と羔羊の當歳にして全き者を燔祭のために取きたれ
Afei Mose kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Israelfoɔ na wɔnyi ɔpapo mfa no mmɔ bɔne afɔdeɛ mma wɔn ho, na wɔmfa nantwie a wadi afe ne odwammaa a wadi afe a wɔn ho nni dɛm biara mmɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no.
4 また酬恩祭のためにヱホバの前に供ふる牡牛と牡羊を取り且油を和たる素祭をとりきたるべしヱホバ今日汝等に顯れたまふべければなり
Bio, ka kyerɛ wɔn sɛ wɔmfa nantwinini ne odwennini mmɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ na wɔmfa asikyiresiam a wɔde ngo afra mmɔ aduane afɔdeɛ. Ka kyerɛ ma wɔmfa saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa mma Awurade, ɛfiri sɛ ɛnnɛ, Awurade bɛyi ne ho adi akyerɛ mo.”
5 是に於てモーセの命ぜし物を集會の幕屋の前に携へ來り會衆みな進よりてヱホバの前に立ければ
Enti wɔde saa nneɛma yi nyinaa baa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no. Nnipa no nyinaa bɛgyinagyinaa Awurade anim.
6 モーセ言ふヱホバの汝等に爲と命じたまへる者はすなはち是なり斯せばヱホバの榮光汝等にあらはれん
Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ modi Awurade mmara so a, mobɛnya nʼanimuonyam.”
7 モーセすなはちアロンに言けるは汝壇に往き汝の罪祭と汝の燔祭を献げて己のためと民のために贖罪を爲しまた民の禮物を献げて之がために贖罪をなし凡てヱホバの命じたまひし如くせよ
Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɔnkɔ afɔrebukyia no so na ɔnkɔbɔ bɔne ne ɔhyeɛ afɔdeɛ no mfa nyɛ mpatadeɛ mma ne ho ansa na ato nnipa no sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.
8 是に於てアロン壇に往き自己のためにする罪祭の犢を宰れり
Enti Aaron foro kɔɔ afɔrebukyia no so. Ɔkumm nantwie ba no de bɔɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔdeɛ.
9 しかしてアロンの子等その血をアロンの許にたづさへ來りければアロン指をその血にひたして之を壇の角につけその血を壇の底下に灌ぎ
Ne mmammarima no de mogya no brɛɛ no ɛnna ɔde ne nsateaa baako bɔɔ mu fɔree mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no ɛnna ɔhwiee nkaeɛ no guu afɔrebukyia no ase.
10 また罪祭の牲の脂と腎と肝の上の網膜を壇の上に燒り凡てヱホバのモーセに命じたまひし如し
Afei, ɔhyee sradeɛ, sawa, berɛboɔ, berɛboɔ nkotokuo a ɛfiri bɔne afɔrebɔdeɛ no mu sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.
11 またその肉と皮は營の外にて火に焚り
Na ɛnam no deɛ, ɔhyee no ne ne nhoma wɔ sraban no akyi.
12 アロンまた燔祭の牲を宰りしがその子等これが血を自己の許に携へきたりければ之を壇の周圍に灌げり
Deɛ ɛdi hɔ ne sɛ, ɔkumm ɔhyeɛ afɔdeɛ aboa no maa ne mmammarima sɔɔ mogya no maa ɔde petee afɔrebukyia no ho nyinaa,
13 彼等また燔祭の牲すなはちその肉塊と頭をかれに持きたりければ彼壇の上にこれを焚き
Wɔde aboa no brɛɛ no asinasini a ne ti ka ho. Ɔhyee aboa no akwaa biara wɔ afɔrebukyia no so.
14 またその臓腑と脛を洗ひ壇の上にて之を燔祭の上に焚り
Afei, ɔhoroo aboa no ayamdeɛ ne ne nan ho hyee no afɔrebukyia no so sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.
15 彼また民の禮物を携へきたれり即ち民のためにする罪祭の山羊を取て之を宰り前のごとくに之を献げて罪祭となし
Afei, ɔbɔɔ afɔdeɛ maa ɔmanfoɔ. Ɔkumm abirekyie nanso ɔfaa ɛkwan korɔ a ɔfaa so bɔɔ bɔne afɔdeɛ maa ne ho no so bɔɔ afɔdeɛ maa ne ho.
16 また燔祭の牲を牽きたりて定例のごとくに之をささげたり
Saa ɛkwan no so na ɔfa bɔɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ de maa Awurade sɛdeɛ Onyankopɔn mmara kyerɛ no.
17 また素祭を携へきたりてその中より一握をとり朝の燔祭にくはへてこれを壇の上に焚り
Afei, ɔbɔɔ atokoɔ afɔdeɛ no, ɔfaa ne nsabuo ma ɛnna ɔhyee no afɔrebukyia no so de kaa anɔpa ɔhyeɛ afɔrebɔ no ho.
18 アロンまた民のためにする酬恩祭の犠牲なる牡牛と牡羊を宰りしがその子等これが血を己にもちきたりければ之を壇の周圍に灑げり
Ɔkumm nantwie ne odwennini no a ɛyɛ nnipa no asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no. Aaron mmammarima no de mogya no brɛɛ no maa ɔde petee afɔrebukyia no ho nyinaa.
19 彼等またその牡牛と牡羊の脂およびその脂の尾と臓腑を裹む者と腎と肝の上の網膜とを携へきたれり
Ɔyii nantwie no ne odwennini no sradeɛ. Ɔyii wɔn padua mu sradeɛ ne wɔn ayamdeɛ sradeɛ, ne wɔn sawa ne wɔn berɛboɔ kotokuo.
20 即ち彼等その脂をその胸の上に載きたりけるにアロンその脂を壇の上に焚り
Wɔde sradeɛ no guu mmoa no ayan so na Aaron hyee no afɔrebukyia no so.
21 その胸と右の腿はアロンこれをヱホバの前に搖て搖祭となせり凡てモーセの命じたる如し
Na ɔhim ayan no ne mmoa no mmati nifa no wɔ Awurade anim de kyerɛɛ sɛ afɔdeɛ no yɛ ne dea sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no.
22 アロン民にむかひて手を擧てこれを祝し罪祭燔祭酬恩祭を献ぐることを畢て下れり
Afei, Aaron trɛɛ ne nsam wɔ nnipa no so hyiraa wɔn, ɛnna ɔsiane firii afɔrebukyia no ho sii fam.
23 モーセとアロン集會の幕屋にいり出きたりて民を祝せり斯てヱホバの榮光總體の民に顯れ
Mose ne Aaron kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ na wɔsane baa bio no, wɔhyiraa nnipa no na Awurade animuonyam baa nnipa no nyinaa so.
24 火ヱホバの前より出て壇の上の燔祭と脂を燬つくせり民これを見て聲をあげ俯伏ぬ
Na ogya firi Awurade nkyɛn bɛhyee ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no ne sradeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no so no. Na nnipa no hunuu yei no, wɔn nyinaa teateaam butubutuu fam wɔ Awurade anim.

< レビ記 9 >