< レビ記 6 >

1 ヱホバまたモーセに告て言たまはく
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
2 人もしヱホバにむかひて不信をなして罪を獲ことあり即ち人の物をあづかり又は質にとり又は奪ひおきて然る事あらずと言ひ或は人を虐る事を爲し
“Sɛ obi yɛ bɔne tia me, sɛ ebia, ɔmpɛ sɛ ɔsane de biribi a wɔde ama no asie kɔto baabi a ɛda anaasɛ ɔbɔ korɔno, anaa ɔsisi ne yɔnko,
3 或は人の落せし物を拾ひおきて然る事なしと言ひ偽りて誓ふことを爲す等凡て人の爲て罪を獲るところの事を一にても行はば
anaa ɔtu ahunu na ɔka ntam sane wɔ ho sɛ dekodeɛ no nni ne nkyɛn a,
4 是罪を犯して身に罪ある者なればその奪し物その虐げて取たる物その預りし物その拾ひとりし物
sɛ obi yɛ bɔne na ɔdi ho fɔ a, ɔbɛsane de ne korɔnodeɛ no anaa ne tintinnyɛdeɛ anaa deɛ wɔde maa no sieeɛ anaa agyapadeɛ a wɔde ahyɛ ne nsa, anaa adeɛ a ayera no aba.
5 および凡てその偽り誓し物を還すべし即ちその原物を還しその上に五分の一をこれに加へその愆祭をささぐる日にこれをその本主に付すべし
Biribiara a waka ho ntanhunu no nso, ɔbɛsane de ne nyinaa aba na ɔde ho mfɛntom ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho abrɛ onipa ko a ne dea no, ɛda a ɔrebɔ afɔdie ho afɔdeɛ no.
6 彼その愆祭をヱホバに携へきたるべし即ち汝の估價にしたがひその愆のために群の中より全き牡羊をとりて祭司にいたるべし
Nʼafɔdie ho afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ odwennini a ɔnni dɛm. Ɛsɛ sɛ ɔdi ɛboɔ biara a wɔbɛbɔ no no. Ɔde no bɛma ɔsɔfoɔ
7 祭司はヱホバの前において彼のために贖罪をなすべし然せば彼はその中のいづれを行ひて愆を獲るもゆるさるべし
na ɔsɔfoɔ no de no ayɛ mpatadeɛ ama no wɔ Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no.”
8 ヱホバまたモーセに告て言たまはく
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
9 アロンとその子等に命じて言へ燔祭の例は是のごとし此燔祭は壇の上なる爐の上に旦まで終夜あらしむべし即ち壇の火をしてこれと共に燃つつあらしむべきなり
“Fa saa mmara a ɛfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ho yi ma Aaron ne ne mmammarima. ‘Wɔbɛgya ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no wɔ ogya no so anadwo mu no nyinaa a afɔrebukyia ogya no gu so rehye.
10 祭司は麻の衣服を着て麻の褌をその肉に纒ひ壇の上にて火にやけたる燔祭の灰を取て壇の旁に置き
Adeɛ kye a, ɔsɔfoɔ no bɛhyɛ nʼasɔfotadeɛ nahanaha wɔ aseɛ na wahyɛ atadetam korɔ no ara bi ngugusoɔ na wakɔpra ɔhyeɛ afɔdeɛ nsõ no de agu afɔrebukyia no nkyɛn.
11 而してその衣服を脱ぎ他の衣服をつけてその灰を營の外に携へいだし清淨地にもちゆくべし
Afei, ɔbɛsesa ne ntadeɛ no na wasoa nsõ no afiri beaeɛ hɔ de akɔgu beaeɛ foforɔ a wɔate hɔ no.
12 壇の上の火をばたえず燃しむべし熄しむべからず祭司は朝ごとに薪柴をその上に燃し燔祭の物をその上に陳べまた酬恩祭の脂をその上に焚べし
Saa ɛberɛ yi nyinaa ɛsɛ sɛ ogya a ɛwɔ afɔrebukyia no so no dɛre. Ɛnsɛ sɛ ɛdum. Anɔpa biara ɔsɔfoɔ no de ogya foforɔ bɛhyɛ mu na ɔde ɛda biara ɔhyeɛ afɔdeɛ agu so, na wahye sradeɛ a wɔde bɔ ɛda biara asomdwoeɛ afɔdeɛ no.
13 火はつねに壇の上にたえず燃しむべし熄しむべからず
Ɛsɛ sɛ ɛberɛ biara ogya no kɔ so dɛre. Ɛnsɛ sɛ ɛdum.
14 素祭の例は是のごとしアロンの子等これをヱホバの前すなはち壇の前にささぐべし
“‘Atokoɔ afɔdeɛ ho mmara nso nie: Aaron mmammarima bɛgyina afɔrebukyia no anim na wɔde atokoɔ afɔrebɔ no ama Awurade.
15 即ち素祭の麥粉とその膏を一握とりまた素祭の上の乳香をことごとく取て之を壇の上に焚き馨しき香となし記念の分となしてヱホバにたてまつるべし
Ɔsɔfoɔ no bɛsa asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu no ne nsabuo ma na ɔde ngo ne aduhwam afra ahye no wɔ afɔrebukyia no so sɛ ananmusideɛ ama Awurade; na Awurade ani bɛsɔ.
16 その遺餘はアロンとその子等これを食ふべし即ち酵をいれずして之を聖所に食ふべし集會の幕屋の庭にて之を食ふべきなり
Ɔsa ne nsabuo ma wie a, deɛ ɛbɛka no yɛ Aaron ne ne mmammarima dea a wɔbɛdie. Wɔbɛdi a wɔremfa mmɔreka mfra wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no adihɔ hɔ.
17 之を酵いれて燒べからずわが火祭の中より我これを彼等にあたへてその分となさしか是は罪祭と愆祭のごとくに至聖し
Si so dua sɛ, sɛ wɔto a, wɔmmfa mmɔreka mfra mu. Mede saa ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ maa me no bi ama asɔfoɔ no. Esiane sɛ ne nyinaa yɛ bɔne ne afɔdie ho afɔrebɔ enti, ɛyɛ kronkron.
18 アロンの子等の男たる者はみな之を食ふことを得べし是はヱホバにたてまつる火祭の例にして汝等が代々永くまもるべき者なり凡てこれに觸る者は聖なるべし
Aaron asefoɔ mmarima ne asɔfoɔ na wɔnni mfiri awoɔ ntoatoasoɔ so nkɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. Nanso asɔfoɔ no nko ara na wɔnni afɔrebɔdeɛ a wɔabɔ no ogya so ama Awurade no.’”
19 ヱホバ、モーセに告て言たまはく
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
20 アロンとその子等が膏そそがるる日にヱホバにささぐべき禮物は是のごとし麥粉一エパの十分の一を素祭となして恒に献ぐべし即ちその半を朝にその半を夕にささぐべし
“Ɛda a wɔbɛsra Aaron ne ne mmammarima ngo no, ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam lita mmienu ne fa brɛ Awurade. Wɔde fa bɛba anɔpa na wɔde fa aba anwummerɛ.
21 是は鍋の内に油をもて作りその燒たる時に汝これを携へきたるべし即ちこれを幾個にも劈て素祭となしヱホバに献げて馨しき香とならしむべし
Wɔde ngo bɛfra ato wɔ dadeɛ apaawa so. Ɛsɛ sɛ wɔto no yie na wɔde brɛ Awurade sɛ nʼafɔrebɔdeɛ a ɛsɔ nʼani yie.
22 アロンの子等の中膏をそそがれて彼に継で祭司となる者はこれを献ぐべし斯はヱホバに對して永く守るべき例なり是は全く焚つくすべし
Ɔsɔfoɔ a ɔfiri Aaron mmammarima mu a wɔrehyɛ no ɔsɔfoɔ ma wasi nʼagya anan no de bɛma Awurade sɛdeɛ wɔahyɛ ho mmara afebɔɔ sɛ wɔnhye ne nyinaa no.
23 凡て祭司の素祭はみな全く焚つくすべし食ふべからざるなり
Ɔsɔfoɔ biara atokoɔ afɔdeɛ a ɔbɛbɔ no, ɛsɛ sɛ wɔhye ne nyinaa. Ɛnsɛ sɛ wɔdi.”
24 ヱホバまたモーセに告て言たまはく
Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
25 アロンとその子等に告ていふべし罪祭の例は是のごとし燔祭の牲を宰る場にて罪祭の牲をヱホバの前に宰るべし是は至聖物なり
“Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima sɛ bɔne afɔrebɔ ho mmara nie: Saa afɔrebɔdeɛ yi ho yɛ kronkron yie enti ɛsɛ sɛ wɔkum no Awurade anim wɔ beaeɛ a wɔkum ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ wɔ hɔ no.
26 罪のために之をささぐるところの祭司これを食ふべし即ち集會の幕屋の庭において聖所に之を食ふべし
Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ a ɔyɛ afɔrebɔ no ho adwuma no we afɔrebɔdeɛ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no adihɔ hɔ.
27 凡てその肉に觸る者は聖なるべしその血もし衣服に灑ぎかかることあらばその灑ぎかかれる者を聖所に洗ふべし
Wɔn a wɔate wɔn ho a wɔyɛ asɔfoɔ nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔde wɔn nsa ka ɛnam no bi; na sɛ ɛba sɛ aboa no mogya bi pete wɔn ntadeɛ mu a, ɛsɛ sɛ wɔsi ntadeɛ no wɔ beaeɛ a wɔate ho hɔ.
28 またこれを煮たる土瓦の器皿は碎くべし若これを煮たる者銅の鍋ならば水をもてこれを磨き洗ふべし
Kukuo a wɔnoaa ɛnam no wɔ mu no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no; na sɛ ɛyɛ kɔbere nso a, ɛsɛ sɛ wɔtwi mu, na wɔde nsuo hohoro mu nyinaa yie.
29 祭司等の中の男たる者は皆これを食ふことを得べし是は至聖し
Ɔbarima biara a ɔfra asɔfoɔ no mu no bɛdi afɔrebɔdeɛ no bi—wɔn nko ara—ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron yie.
30 然どその血を集會の幕屋にたづさへいりて聖所にて贖罪をなしたる罪祭はこれを食ふべからず火をもてこれを焚べし
Sɛ wɔde bɔne ho afɔrebɔdeɛ no mogya no bi kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ de kɔyɛ mpatadeɛ wɔ kronkronbea hɔ a, ɔsɔfoɔ biara renwe bi. Ɛsɛ sɛ wɔde ogya hye aboa no nyinaa wɔ Awurade anim.

< レビ記 6 >