< レビ記 21 >

1 ヱホバ、モーセに告て言たまはくアロンの子等なる祭司等に告てこれに言へ民の中の死人のために身を汚す者あるべからず
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ asɔfoɔ no sɛ, ‘Wɔnnsɔ efunu mu mfa ngu wɔn ho fi.
2 但しその骨肉の親のためすなはちその母のため父のため男子のため女子のため兄弟のため
Sɛ wɔbɛsɔ efunu mu a, na ɛyɛ wɔn fieni, sɛ ebia, ɛna, agya, ɔbabarima, ɔbabaa, onuabarima
3 またその姉妹の處女にして未だ夫あらざる者のためには身を汚すも宜し
anaa onuabaa a ɔyɛ ɔbaabunu a ɔte ase no na ɔdan ɔsɔfoɔ no.
4 祭司はその民の中の長者なれば身を汚して褻たる者となるべからず
Ɛfiri sɛ, ɔsɔfoɔ no yɛ obi a ɔtua ne nkurɔfoɔ ano a ɛnsɛ sɛ ɔgu ne ho fi sɛdeɛ onipa foforɔ bi bɛtumi agu ne ho fi no.
5 彼等は髮をそりて頭に毛なき所をつくるべからずその鬚の兩傍を損ずべからずまたその身に傷つくべからず
“‘Asɔfoɔ no nni ho kwan sɛ wɔbɔ’, yi wɔn abɔgyesɛ anaasɛ wɔsesa wɔn ho.
6 その神に對て聖あるべくまたその神の名をけがすべからず彼等はヱホバの火祭すなはち其神の食物を献ぐる者なれば聖あるべきなり
Ɛsɛ sɛ wɔyɛ kronkron ma wɔn Onyankopɔn. Ɛnsɛ sɛ wɔgu ne din ho fi. Sɛ ɛba saa a, wɔremfata sɛ wɔde ogya bɛbɔ aduane afɔdeɛ ama Awurade wɔn Onyankopɔn.
7 彼等は妓女または汚れたる女を妻に娶るべからずまた夫に出されたる女を娶るべからず其はその身ヱホバにむかひて聖ければなり
“‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ware odwamanfoɔ anaa ɔbaa bi a ɔfiri ɔman foforɔ so. Ɔnni ho kwan sɛ ɔware ɔbaa bi a wagyae awadeɛ, ɛfiri sɛ, ɔsɔfoɔ yɛ onipa kronkron ma Onyankopɔn.
8 汝かれをもて聖者とすべし彼は汝の神ヱホバの食物を献ぐる者なればなり汝すなはちこれをもて聖者となすべし其は我ヱホバ汝らを聖別る者聖ければなり
Wɔayi ɔsɔfoɔ no asi hɔ sɛ ɔmmɔ mo Onyankopɔn afɔdeɛ; ɔyɛ kronkron na me Awurade a mete mo ho ma moyɛ kronkron no nso, meyɛ kronkron.
9 祭司の女たる者淫行をなしてその身を汚さば是その父を汚すなり火をもてこれを燒べし
“‘Ɔsɔfoɔ babaa biara a ɔbɛbɔ adwaman no gu nʼagya ne ɔno ankasa ho fi, enti ɛsɛ sɛ wɔhye no.
10 その兄弟の中灌膏を首にそそがれ職に任ぜられて祭司の長となれる者はその頭をあらはすべからずまたその衣服を裂べからず
“‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfopanin a wɔde ngo sononko bi asra no ahyɛ no atadeɛ sononko no gyaa ne tirinwi ma ɛsensɛn wɔ ayiyɛ mu. Saa ara nso na ɔnni ho kwan sɛ ɔsunsuane nʼatadeɛ mu.
11 死人の所に往べからずまたその父のためにも母のためにも身を汚すべからず
Ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ efunu ho—nʼagya anaa ne maame funu koraa ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ ho.
12 また聖所より出べからずその神の聖所を褻すべからず其はその神の任職の灌膏首にあればなり我はヱホバなり
Sɛ ɔgu so reyɛ nʼasɔfodwuma wɔ kronkronbea hɔ a, ɔnni ho kwan sɛ ɔfiri adi. Ɛnsɛ sɛ ɔfa mʼAhyiaeɛ Ntomadan sɛ efie bi kɛkɛ, ɛfiri sɛ, ne Onyankopɔn ngo a wɔde tee ne ho no da so wɔ ne so. Mene Awurade.
13 彼妻には處女を娶るべし
“‘Ɛsɛ sɛ ɔware ɔbaabunu.
14 寡婦休れたる婦または汚れたる婦妓女等は娶るべからず惟自己の民の中の處女を妻にめとるべし
Ɛnsɛ se ɔware okunafoɔ anaa ɔbaa bi a wagyae awadeɛ anaa odwamanfoɔ. Ɛsɛ sɛ ɔbaa a ɔbɛware no no yɛ ɔbaabunu a ɔfiri ne ɔman mu,
15 その民の中に自己の子孫を汚すべからずヱホバこれを聖別ればなり
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔngu ne mma ho fi wɔ ne nkurɔfoɔ mu. Mene Awurade a metee ne ho no.’”
16 ヱホバ、モーセに告て言たまはく
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
17 アロンに告て言へ凡そ汝の歴代の子孫の中身に疵ある者は進みよりてその神ヱホバの食物を献ぐる事を爲べからず
“Ka kyerɛ Aaron sɛ, ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so no, nʼasefoɔ biara a wɔadi dɛm no nni ho kwan sɛ wɔbɔ Onyankopɔn afɔdeɛ.
18 凡て疵ある人は進みよるべからずすなはち瞽者跛者および鼻の缺たる者成餘るところ身にある者
Obi a wadi dɛm mmɛm me: onifirani anaa apakye anaa deɛ ɔwɔ honam akwaa mu sintɔ;
19 脚の折たる者手の折たる者
obi a ɔyɛ abasin anaa nansin,
20 傴僂者侏儒目に雲膜ある者疥ある者癬ある者外腎の壞れたる者等は進みよるべからず
anaa deɛ ɔyɛ afu anaa akwatia anaa deɛ nʼani nyɛ anaa deɛ ekuro atutu no anaa deɛ ɔyɛ ɛtwo.
21 凡そ祭司アロンの子孫の中身に疵ある者は進みよりてヱホバの火祭を献ぐべからず彼は身に疵あるなれば進みよりてヱホバの食物を献ぐべからざるなり
Ɔsɔfoɔ Aaron aseni biara a wadi dɛm mma mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade. Wadi dɛm, ɛno enti ɛnsɛ sɛ ɔtwe bɛn sɛ ɔde ne Onyankopɔn aduane rebrɛ no.
22 神の食物の至聖者も聖者も彼は食ふことを得
Nanso sɛ wɔbɔ afɔdeɛ no wie a, ɔsɔfoɔ no tumi ma no Onyankopɔn afɔdeɛ no aduane no bi di a ɛmfa ho sɛ ɛyɛ afɔdeɛ kronkron.
23 然ど障蔽の幕に至べからずまた祭壇に近よるべからず其は身に疵あればなり斯かれわが聖所を汚すべからず其は我ヱホバこれを聖別ればなり
Nanso ne dɛm no enti, ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ ntwamutam no akyi anaa ɔbɛn afɔrebukyia no. Yei bɛgu me kronkronbea hɔ ho fi na ɛyɛ Awurade na wate hɔ ho.”
24 モーセすなはちアロンとその子等およびイスラエルの一切の子孫にこれを告たり
Enti Mose hyɛɛ mmara yi maa Aaron ne ne mmammarima ne Israelfoɔ nyinaa.

< レビ記 21 >