< レビ記 17 >

1 ヱホバ、モーセに告て言たまはく
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
2 アロンとその子等およびイスラエルの總の子孫に告てこれに言べしヱホバの命ずるところ斯のごとし云く
“Hyɛ saa mmara a ɛfiri Awurade nkyɛn yi ma Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ no nyinaa.
3 凡そイスラエルの家の人の中牛羊または山羊を營の内に宰りあるひは營の外に宰ることを爲し
Israelni biara a ɔde nantwie, odwammaa anaa abirekyie bɛbɔ afɔdeɛ wɔ sraban mu anaa akyire no
4 之を集會の幕屋の門に牽きたりて宰りヱホバの幕屋の前において之をヱホバに禮物として献ぐることを爲ざる者は血を流せる者と算らるべし彼は血を流したるなればその民の中より絶るべきなり
a anka ɛsɛ sɛ ɔde no ba Ahyiaeɛ Ntomadan no ano hɔ de no ma Awurade sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no, wɔbɛfa saa onipa no sɛ wahwie mogya agu enti ɛsɛ sɛ wɔtwa no asuo firi ne manfoɔ mu.
5 是はイスラエルの子孫をしてその野の表に犠牲とするところの犠牲をヱホバに牽きたらしめんがためなり即ち彼等は之を牽きたり集會の幕屋の門にいたりて祭司に就きこれを酬恩祭としてヱホバに献ぐべきなり
Saa mmara yi bɛbra Israelfoɔ no a ɛremma wɔmfa mmoa mmɔ afɔdeɛ wɔ wiram baabiara kwa. Ɛbɛhyɛ wɔn ama wɔde afɔrebɔdeɛ no abrɛ ɔsɔfoɔ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano sɛdeɛ ɔsɔfoɔ no bɛtumi de ama Awurade sɛ asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ.
6 然る時は祭司その血を集會の幕屋の門なるヱホバの壇にそそぎまたその脂を馨しき香のために焚てヱホバに奉つるべし
Sɛ wɔfa saa ɛkwan no so a, ɔsɔfoɔ no bɛtumi apete mogya agu Awurade afɔrebukyia no so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano na wɔahye sradeɛ no sɛ ohwam ama Awurade ani asɔ.
7 彼等はその慕ひて淫せし魑魅に重て犠牲をささぐ可らず是は彼等が代々永くまもるべき例なり
Na ama ɔmanfoɔ agyae afɔdeɛ a wɔbɔ ma ahonhommɔne wɔ wiram no. Yei bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama mo firi awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.
8 汝また彼等に言べし凡そイスラエルの家の人または汝らの中に寄寓る他國の人燔祭あるひは犠牲を献ぐることをせんに
“Meti mu bio sɛ, ‘Hyɛ saa mmara yi nso ma wɔn. Sɛ Israelfoɔ anaa ahɔhoɔ a wɔne mo te no de ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no anaa afɔrebɔ no ba,
9 之を集會の幕屋の門に携へきたりてヱホバにこれを献ぐるにあらずばその人はその民の中より絶るべし
na sɛ wɔamfa amma Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano amfa amma Awurade a, wɔbɛtwa mo asuo afiri ɔmanfoɔ mu.
10 凡そイスラエルの家の人または汝らの中に寄寓る他國の人の中何の血によらず血を食ふ者あれば我その血を食ふ人にわが面をむけて攻めその民の中より之を斷さるべし
“‘Na mɛdane mʼani matia obiara a ɔbɛdi mogya ɛkwan biara so no; ɛmfa ho sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔhoɔ a ɔte mo mu.
11 其は肉の生命は血にあればなり我汝等がこれを以て汝等の霊魂のために壇の上にて贖罪をなさんために是を汝等に與ふ血はその中に生命のある故によりて贖罪をなす者なればなり
Ɛfiri sɛ, ɔhonam no nkwa wɔ mogya no mu, na mama mo mogya sɛ momfa mpete afɔrebukyia no so sɛ mpatadeɛ mma mo akra; nkwa a ɛwɔ mogya mu enti na wɔde yɛ mpatadeɛ ma onipa kra.
12 是をもて我イスラエルの子孫にいへり汝らの中何人も血をくらふべからずまた汝らの中に寄寓る他國の人も血を食ふべからずと
Ɛno enti, mereka akyerɛ Israelfoɔ sɛ, “Mma wɔn anaa ahɔhoɔ a wɔte wɔn mu no nni mogya.”
13 凡そイスラエルの子孫の中または汝らの中に寄寓る他國の人の中もし食はるべき獣あるひは鳥を猟獲たる者あらばその血を灑ぎいだし土にて之を掩ふべし
“‘Israelni anaa ɔhɔhoɔ biara a ɔte wɔn mu a ɔbɛkɔ ahayɔ na ɔbɛkum aboa anaa anomaa biara a wɔwe ne nam no, ɔnsɔne ne mogya na ɔmfa mfuturo nkata so,
14 凡の肉の生命はその血にして是はすなはちその魂たるなり故に我イスラエルの子孫にいへりなんぢらは何の肉の血をもくらふべからず其は一切の肉の生命はその血なればなり凡て血をくらふものは絶るべし
ɛfiri sɛ, aboa biara nkwa ne ne mogya. Ɛno enti na meka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, “Monnni mmogya, ɛfiri sɛ, nnomaa anaa aboa biara nkwa yɛ ne mogya. Enti obiara a ɔdi mogya no, ɛsɛ sɛ wɔtwa no asuo.”
15 およそ自ら死たる物または裂ころされし物をくらふ人はなんぢらの國の者にもあれ他國の者にもあれその衣服をあらひ水に身をそそぐべしその身は晩までけがるるなりその後は潔し
“‘Obiara a ɔwe aboafunu a ɔno ara awuo anaasɛ akekaboa bi na ɔkumm no no, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware, ɛfiri sɛ, ne ho nte kɔsi anwummerɛ; ɛno akyi, ɛsɛ sɛ wɔpae mu ka sɛ ne ho ate.
16 その人もし洗ふことをせずまたその身を水に滌がずばその罪を任べし
Na sɛ wansi ne ntoma annware a, wɔne no bɛdi no sɛdeɛ mmara no seɛ.’”

< レビ記 17 >