< ヨシュア記 15 >

1 ユダの子孫の支派がその宗族にしたがひて籤にて獲たる地はエドムの境界に達し南の方ヂンの荒野にわたり南の極端に及ぶ
Asase a wɔde maa mmusua a wɔbom yɛ Yuda abusuakuo no kɔduruu Edom ɛhyeɛ so wɔ anafoɔ fam, na Sin ɛserɛ so na ɛkɔpem.
2 その南の境界は鹽海の極端なる南に向へる入海より起り
Anafoɔ fam ɛhyeɛ no hyɛɛ aseɛ wɔ Nkyene Ɛpo no mpoano a ɛwɔ anafoɔ fam,
3 アクラビムの坂の南にわたりてヂンに進みカデシバルネアの南より上りてヘヅロンに沿て進みアダルに上りゆきてカルカに環り
tene faa Akrabbim kɔsii Sin ɛserɛ so. Ɛtoaa so kɔɔ Kades-Barnea anafoɔ fam kɔsii Hesron. Afei ɛkɔɔ soro kɔsii Adar, ɛnna ɛdane kɔɔ Karka.
4 アズモンに進みてエジプトの河にまで達しその境界海にいたりて盡く汝らの南の境界は是の如くなるべし
Ɛtwaam kɔɔ Asmon kɔduruu Misraim asuwa no ho, na ɛfaa ho ara kɔwiee wɔ ɛpo kɛseɛ no mu. Yei ne wɔn anafoɔ fam ɛhyeɛ.
5 その東の境界は鹽海にしてヨルダンの河口に達す北の方の境界はヨルダンの河口なる入海より起り
Apueeɛ fam ɛhyeɛ no firi Nkyene Ɛpo no kɔduru Asubɔnten Yordan ano. Atifi fam ɛhyeɛ no firi beaeɛ a Asubɔnten Yordan bɔ Nkyene Ɛpo no mu,
6 上りてベテホグラにいたりベテアラバの北をすぎ上りてルベン人ボハンの石に達し
na ɛtwam kɔ Bet-Hogla, na afei akɔ Bet-Araba atifi fam, akɔka Bohan boɔ no ho. Na Bohan yɛ Ruben babarima.
7 またアコルの谷よりデビルに上りて北におもむき河の南にあるアドミムの坂に對するギルガルに向ひすすみてエンシメシの水に達しエンロゲルにいたりて盡く
Ɛfiri hɔ a, ɛkɔfa Akɔr bɔnhwa no mu kɔka Debir, na ɛdane wɔ atifi fam kyerɛ Gilgal, a ɛtwam firi Adumim nsianeɛ mu wɔ anafoɔ fam wɔ bɔnhwa no nkyɛn mu. Ɛfiri hɔ a, ɛhyeɛ no tene kɔsi En-Semes nsuo no ano, na akɔpem En-Rogel.
8 又その境界はベニヒンノムの谷に沿てヱブス人の地すなはちヱルサレムの南の脇に上りゆきヒンノムの谷の西面に横はる山の嶺に上る是はレバイムの谷の北の極處にあり
Afei, ɛhyeɛ no fa Hinom babarima bɔnhwa no mu, kɔfa Yebusifoɔ anafoɔ nsianeɛ so, deɛ Yerusalem kuropɔn no da. Afei ɛkɔ atɔeɛ fam wɔ bepɔ no apampam, toa so kɔ Hinom bɔnhwa no so kɔsi Refaim bɔnhwa ano wɔ atifi fam.
9 而してその境界この山の嶺より延てネフトアの水の泉源にいたりエフロン山の邑々にわたりその境昇延てバアラにいたる是すなはちキリアテヤリムなり
Ɛfiri hɔ a, ɛhyeɛ no toa so kɔfa bepɔ no apampam kɔ Neftoa asuo no asutire no ho. Ɛfiri hɔ kɔ nkuro a ɛdeda Efron bepɔ so no. Na ɛhima kɔ Baala (a ɛyɛ Kiriat-Yearim.)
10 その境界バアラより西の方セイル山に環りヤリム山(すなはちケサロン)の北の脇をへてベテシメシに下りテムナに沿て進み
Ɛhyeɛ no twa fa Baala ho wɔ atɔeɛ fam kɔsi bepɔ Seir so, ɛkɔ ara kɔsi Kesalon kurom wɔ bepɔ Yearim atifi nsianeɛ so, na akɔ fam akɔsi Bet-Semes ne Timna.
11 エクロンの北の脇にわたり延てシツケロンに至りバアラ山に進みヤブネルに達し海にいたりて盡く
Ɛhyeɛ no kɔ ara kɔsi bepɔ no nsianeɛ a ɛwɔ Ekron atifi fam, baabi a ɛdane hwɛ Sikron ne Baala bepɔ no. Ɛtra Yabneel na akɔpem Ɛpo Kɛseɛ no.
12 また西の境界は大海にいたりその濱をもて限とすユダの子孫がその宗族にしたがひて獲たる地の四方の境界は是のごとし
Na atɔeɛ fam ɛhyeɛ no nso ne Ɛpo Kɛseɛ no mpoanompoano. Yeinom ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda mmusuakuo no ahyeɛ.
13 ヨシユアそのヱホバに命ぜられしごとくヱフンネの子カレブにユダの子孫の中にてキリアテアルバすなはちヘブロンを與へてその分となさしむ
Awurade hyɛɛ Yosua sɛ ɔmfa Yuda asase no bi mma Yefune babarima Kaleb. Enti, wɔde kuropɔn Arba (a ɛyɛ Hebron) a wɔde too Anak tete agya no maa no.
14 アルバはアナクの父なりカレブかしこよりアナクの子三人を逐はらへり是すなはちアナクより出たるセシヤイ、アヒマンおよびタルマイなり
Na Kaleb tuu Sesai, Ahiman ne Talmai a wɔyɛ Anak asefoɔ no firii hɔ.
15 而して彼かしこよりデビルの民の所に攻上れりデビルの名は元はキリアテセペルといふ
Afei, ɔko tiaa nnipa a na wɔte kuro Debir (a kane no na wɔfrɛ no Kiriat-Sefer) no.
16 カレブ言けらくキリアテセペルを撃てこれを取る者には我女子アクサを妻に與へんと
Kaleb kaa sɛ, “Obiara a ɔbɛto ahyɛ Kiriat-Sefer so na wafa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.”
17 ケナズの子にしてカレブの弟なるオテニエルといふ者これを取ければカレブその女子アタサを之が妻に與へたり
Ɛnna Kaleb nua Kenas babarima Otniel dii so enti, Aksa bɛyɛɛ Otniel yere.
18 アクサ適く時田野をその父に求むべきことをオテニエルに勸め遂にみづから驢馬より下れりカレブこれに何を望むやと言ければ
Aksa waree Otniel no, ɔhyɛɛ no sɛ ɔmmisa nʼagya Kaleb na ɔmfa asase no bi nka ho. Aksa firii nʼafunumu so sii fam no, Kaleb bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn? Ɛdeɛn na menyɛ mma wo?”
19 答へて言ふ我に粧奩を與へよ汝われを南の地に遣なれば水泉をも我に與へよと乃ち上の泉と下の泉とをこれに與ふ
Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Hyira me bio. Woayɛ adom ama me Asase wɔ Negeb; ma me nsuwansuwa asase nso.” Enti, Kaleb maa no atifi ne anafoɔ fam nsuwansuwa asase.
20 ユダの子孫の支派がその宗族にしたがひて獲たる產業は是のごとし
Yei ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda abusuakuo no agyapadeɛ.
21 ユダの子孫の支派が南においてエドムの境界の方に有るその遠き邑々は左のごとしカブジエル、エデル、ヤグル
Na Yudafoɔ nkuro a ɛdeda Edom ahyeɛ so wɔ anafoɔ pɛɛ no ne: Kabseel ne Eder ne Yagur,
22 キナ、デモナ、アダダ、
Kina ne Dimona ne Adada,
23 ケデシ、ハゾル、イテナン、
Kedes ne Hasor ne Itnan,
24 ジフ、テレム、ベアロテ
Sif ne Telem ne Bealot,
25 ハゾルハダツタ、ケリオテヘヅロンすなはちハゾル
Hasor-Hadata ne ne Keriot Hesron (a ɛne Hasor),
26 アマム、シマ、モラダ
Amam ne Sema ne Molada,
27 ハザルガダ、ヘシモン、ベテパレテ
Hasar-Gada ne Hesmon ne Bet-Pelet,
28 ハザルシユアル、ベエルシバ、ビジヨテヤ
Hasar-Sual ne Beer-Seba ne Bisotia,
29 バアラ、イヰム、エゼム
Baala ne Iim ne Esem,
30 エルトラデ、ケシル、ホルマ
El-Tolad ne Kesil ne Horma,
31 チクラグ、マデマンナ、サンサンナ
Siklag ne Madmana ne Sansana,
32 レバオテ、シルヒム、アイン、リンモン、その邑あはせて二十九ならびに之に屬る村々なり
Lebaot ne Silhim ne Ain ne Rimon. Na saa nkuro yi nyinaa ne wɔn nkuraaseɛ a atwa ho ahyia dodoɔ yɛ aduonu nkron.
33 平野にてはエシタオル、ゾラ、アシナ
Saa nkuro a na ɛwɔ atɔeɛ fam nkokoɔ no so a wɔde maa Yuda nie: Estaol ne Sora ne Asna.
34 ザノア、エンガンニム、タップア、エナム
Sanoa ne En-Ganim, Tapua ne Enam,
35 ヤルムテ、アドラム、シヨコ、アゼカ
Yarmut ne Adulam, Soko ne Aseka,
36 シヤアライム、アデタイム、ゲデラ、ゲデロタイム合せて十四邑ならびに之に屬る村々なり
Saaraim ne Aditaim ne Gedera ne Gederotaim. Saa nkuro yi ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia nyinaa dodoɔ yɛ dunan.
37 ゼナン、ハダシヤ、ミグダルガデ
Deɛ ɛka ho bio ne Senan ne Hadasa ne Migdal-gad,
38 デラン、ミヅバ、ヨクテル
Dilean ne ne Mispe ne Yokteel,
39 ラキシ、ボヅカテ、エグロン
Lakis ne Boskat ne Eglon,
40 カボン、ラマム、キリテシ
Kabon ne Lahmam ne Kitlis,
41 ゲデロテ、ベテダゴン、ナアマ、マツケダ合せて十六邑ならびに之に屬る村々なり
Gederot, Bet-Dagon ne Naama ne Makeda. Saa nkuro yi ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia nyinaa dodoɔ yɛ dunsia.
42 またリブナ、エテル、アシヤン
Yeinom akyi no na Libna ne Eter ne Asan,
43 イフタ、アシナ、ネジブ
Yifta ne Asna ne Nesib,
44 ケイラ、アクジブ、マレシア合せて九邑ならびに之に屬ける村々なり
Keila ne Aksib ne Maresa ka ho. Saa nkuro yi ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia nyinaa dodoɔ yɛ nkron.
45 エクロンならびにその郷里および村々なり
Ekron nkuro ne nkuraaseɛ nyinaa ka Yuda asase ho,
46 エクロンより海まで凡てアシドドの邊にある處々ならびに之につける村々なり
ɛfiri Ekron no, ɛhyeɛ no trɛ de kɔ atɔeɛ fam a nkuro a ɛbɛn Asdod ne wɔn nkuraaseɛ a atwa ho ahyia ka ho.
47 アシドドならびにその郷里および村々 ガザならびにその郷里および村々 エジプトの河および大海の濱にいたるまでの處々なり
Saa ara na Asdod nkuro ne ne nkuraaseɛ, Gasa nkuro ne ne nkuraaseɛ kɔsi Misraim asuwa no, de kɔfa Ɛpo Kɛseɛ no mpoano ka ho.
48 山地にてはシヤミル、ヤツテル、シヨコ
Yuda sane nyaa nkuro a ɛdidi so yi a na ɛwɔ nkokoɔ asase so: Samir ne Yatir ne Soko,
49 ダンナ、キリアテサンナすなはちデビル
Dana ne Kiriat-Sana a ɛne Debir,
50 アナブ、エシテモ、アニム
Anab ne Estemo ne Anim,
51 ゴセン、ホロン、ギロ、合せて十一邑ならびに之に屬る村々なり
Gosen ne Holon ne Gilo, Saa nkuro yi ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia nyinaa dodoɔ yɛ dubaako.
52 アラブ、ドマ、エシヤン
Na saa nkuro yi ka ho: Arab ne Duma ne Esan,
53 ヤニム、ベテタツプア、アペカ
Yanum ne Bet-Tapua ne Afeka,
54 ホムタ、キリアテアルバすなはちヘブロン、デオルあはせて九邑ならびに之につける村々なり
Humta ne Kiriat-Arba (a ɛyɛ Hebron) ne Sior. Nkuro nkron ne ne nkuraaseɛ atwa ho ahyia.
55 マオン、カルメル、ジフ、ユダ
Nkuro a ɛdidi soɔ yi nso ka ho: Maon, Karmel, Sif ne Yuta,
56 ヱズレル、ヨグテアム、ザノア
Yesreel ne Yokdeam ne Sanoa,
57 カイン、ギベア、テムナあはぜて十邑ならびに之に屬る村々なり
Kain, Gibea ne Timna, nkuro edu ne ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia.
58 ハルホル、ベテズル、ゲドル
Bio Halhul, Bet-Sur ne Gedor,
59 マアラテ、ベテアノテ、エルテコンあはせて六邑ならびに之に屬る村々なり
Maarat ne Bet-Anot ne Eltekon ka ho, nkuro nsia ne ne nkuraaseɛ atwa ho ahyia.
60 キリアテバアルすなはちキリアテヤリムおよびラバあはせて二邑ならびに之につける村々なり
Saa ara na Kiriat-Baal (a ɛne Kiriat-Yearim) ne Raba ka ho, nkuro mmienu ne ne nkuraaseɛ atwa ho ahyia.
61 荒野にてはベテアラバ、ミデン、セカカ
Ɛserɛ so nkuro no nso ne: Bet-Araba, Midin ne Sekaka,
62 ニブシヤン鹽邑エングデあはせて六邑ならびに之につける村々なり
Nibsan ne Nkyene kuropɔn no ne En-Gedi, nkuro nsia ne ne nkuraaseɛ atwa ho ahyia.
63 ヱルサレムの民ヱブス人はユダの子孫これを逐はらふことを得ざりき是をもてヱブス人は今日までユダの子孫とともにエルサレムに住ぬ
Na Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no deɛ, Yuda abusuakuo no antumi antu wɔn enti, Yebusifoɔ ne Yuda abusuakuo no tenaeɛ de bɛsi ɛnnɛ.

< ヨシュア記 15 >