< 創世記 14 >

1 當時シナルの王アムラペル、エラサルの王アリオク、エラムの王ケダラオメルおよびゴイムの王テダル等
Na ɛbaa sɛ Babiloniahene Amrafel, Elasarhene Ariok, Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal berɛ so,
2 ソドムの王ベラ、ゴモルの王ビルシア、アデマの王シナブ、ゼボイムの王セメベルおよびベラ(即ち今のゾアル)の王と戰ひをなせり
na saa ahemfo yi ne Sodomhene Birsa, Gomorahene Birsa, Admahene Sinab, Seboimhene Semeber ne Belahene a na wɔfrɛ no Soar no dii ako.
3 是等の五人の王皆結合てシデムの谷に至れり其處は今の鹽海なり
Saa ahemfo yi a ɛyɛ Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene boaboaa wɔn akodɔm ano wɔ Sidim subɔnhwa a ɛno ne Nkyene Ɛpo no mu.
4 彼等は十二年ケダラオメルに事へ第十三年に叛けり
Wɔsomm Kedorlaomer mfeɛ dumienu, na afe a ɛtɔ so dumiɛnsa mu no, wɔtee atua.
5 第十四年にケダラオメルおよび彼と偕なる王等來りてアシタロテカルナイムのレパイム人、ハムのズジ人、シヤベキリアタイムのエミ人
Afe akyiri no, Kedorlaomer ne ahemfo a wɔbɛkaa ne ho no tuu ɔsa. Na wɔko dii saa nnipa yi so nkonim: Refaimfoɔ, a wɔwɔ Asterot-Karnaim ne Susifoɔ a wɔwɔ Ham ne Emifoɔ a wɔwɔ Kiriataim
6 およびセイル山のホリ人を撃て曠野の傍なるエルパランに至り
ne Horifoɔ a wɔwɔ bepɔ Seir so de kɔsi El-Paran a ɛda ɛserɛ ano no.
7 彼等歸りてエンミシパテ(即ち今のカデシ)に至りアマレク人の國を盡く撃又ハザゾンタマルに住るアモリ人を撃り
Afei, wɔsane wɔn akyiri baa En-Mispat a, akyire no, wɔfrɛɛ no Kades bɛkunkumm Amalekfoɔ ne Amorifoɔ nso a na wɔte Hasason-Tamar, sɛee wɔn ɔman no nyinaa.
8 爰にソドムの王ゴモラの王アデマの王ゼボイムの王およびベラ(即ち今のゾアル)の王出てシデムの谷にて彼等と戰ひを接たり
Afei, saa ahemfo baanum yi a wɔn ne Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene a akyire yi, wɔfrɛ no Soar no kɔɔ
9 即ち彼五人の王等エラムの王ケダラオメル、ゴイムの王テダル、シナルの王アムラペル、エラサルの王アリオクの四人と戰へり
saa ahemfo baanan yi a wɔn ne Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal, Sinearhene Amrafel ne Elasarhene Ariok nkyɛn. Wɔkɔhyiaa wɔ Sidim subɔnhwa mu.
10 シデムの谷には地瀝靑の坑多かりしがソドムとゴモラの王等遁て其處に陷りぬ其餘の者は山に遁逃たり
Na nkomena pii wɔ Sidim Bɔnhwa no mu a wɔatu ama wɔ hɔ pɛn. Enti, ɛbaa sɛ Sodomhene ne Gomorahene akodɔm no redwane no, wɔn mu bi kɔtotɔɔ nkomena no mu, na nkaeɛ no nso dwane kɔɔ mmepɔ a na ɛwɔ hɔ no so.
11 是に於て彼等ソドムとゴモラの諸の物と其諸の食料を取て去れり
Ahemfo baanan a wɔdii nkonim no fom Sodom ne Gomorafoɔ ahodeɛ ne wɔn nnuane nyinaa de kɔeɛ.
12 彼等アブラムの姪ロトと其物を取て去り其は彼ソドムに住たればなり
Esiane sɛ na Abram nuabarima ba Lot te Sodom asase so no enti, nkonimdifoɔ no faa ɔno ne nʼagyapadeɛ nyinaa kɔeɛ.
13 茲に遁逃者來りてヘブル人アブラムに之を告たり時にアブラムはアモリ人マムレの橡林に住りマムレはエシコルの兄弟又アネルの兄弟なり是等はアブラムと契約を結べる者なりき
Na Sodom ne Gomora adwanefoɔ no mu baako bɛbɔɔ Hebrini Abram ɔko no mu amaneɛ. Saa ɛberɛ no, na Abram abɔ ne ho atenaseɛ wɔ odum kwaeɛ bi a ɛyɛ Amorini Mamrɛ dea no ase. Mamrɛ yi nso, na ne nuanom ne Eskol ne Aner a na wɔyɛ Abram aboafoɔ no.
14 アブラム其兄弟の擄にせられしを聞しかば其熟練したる家の子三百十八人を率ゐてダンまで追いたり
Ɛberɛ a Abram tee sɛ wɔafa ne busuani Lot dommum no, ɔboaboaa ne fiefoɔ nnipa ahasa ne dunwɔtwe a wɔatete wɔn sɛ akofoɔ ano, ma wɔtii atamfoɔ no, kɔsii kuro bi a wɔfrɛ no Dan mu.
15 其家臣を分ちて夜に乗じて彼等を攻め彼等を撃破りてダマスコの左なるホバまで彼等を追ゆけり
Ɛda no anadwo, Abram kyekyɛɛ nʼakodɔm no mu, ma wɔto hyɛɛ atamfoɔ no so, kunkumm wɔn, taa wɔn kɔduruu kuro bi a wɔfrɛ no Hoba a ɛwɔ Damasko atifi fam no mu.
16 アブラム斯諸の物を奪回し亦其兄弟ロトと其物および婦人と人民を取回せり
Abram gyee ɔko mu nneɛma a wɔfaeɛ no nyinaa faa ne busuani Lot ne nʼagyapadeɛ ne mmaa ne nnipa foforɔ a wɔkyekyee wɔn no nyinaa sane baeɛ.
17 アブラム、ケダラオメルおよび彼と偕なる王等を撃破りて歸れる時ソドムの王シヤベの谷(即ち今の王の谷)にて彼を迎へたり
Abram kɔdii Kedorlaomer ne ahemfo a na wɔka ne ho no so nkonim akyiri no, Sodomhene bɛhyiaa no wɔ Sawe bɔnhwa a ɛno ara na wɔfrɛ no Ɔhene Bɔnhwa no mu.
18 時にサレムの王メルキゼデク、パンと酒を携出せり彼は至高き神の祭司なりき
Na Salemhene Melkisedek a na ɔyɛ Ɔsorosoro Awurade Onyankopɔn ɔsɔfoɔ no de burodo ne nsã brɛɛ no.
19 彼アブラムを祝して言けるは願くは天地の主なる至高神アブラムを祝福みたまへ
Afei, Melkisedek hyiraa Abram sɛ: “Ɔsorosoro Onyankopɔn a ɔbɔɔ soro ne asase, nhyira nka wo, Abram.
20 願くは汝の敵を汝の手に付したまひし至高神に稱譽あれとアブラム乃ち彼に其諸の物の什分の一を饋れり
Na nhyira nka Ɔsorosoro Onyankopɔn, a ɔde wʼatamfoɔ ahyɛ wo nsam no.” Na Abram maa Melkisedek nneɛma a ne nsa kaeɛ no nyinaa mu biara nkyekyɛmu edu mu baako.
21 茲にソドムの王アブラムに言けるは人を我に與へ物を汝に取れと
Afei, Sodomhene ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Fa me nnipa a wofaa wɔn no ma me kɛkɛ, na wo nso, fa nneɛma a aka no nyinaa.”
22 アブラム、ソドムの王に言けるは我天地の主なる至高き神ヱホバを指て言ふ
Nanso, Abram ka kyerɛɛ Sodomhene sɛ, “Madi nse aka ntam akyerɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn, ɔsoro ne asase yɛfoɔ sɛ,
23 一本の絲にても鞋帶にても凡て汝の所屬は我取ざるべし恐くは汝我アブラムを富しめたりと言ん
Merennye biribiara, sɛ ɛyɛ asaawa ahoma baako anaa mpaboa so ahoma mpo, mfiri wo nkyɛn, na woanka da sɛ, ‘Me na memaa Abram nyaa ne ho.’
24 但少者の旣に食ひたる物および我と偕に行し人アネル、エシコルおよびマムレの分を除くべし彼等には彼等の分を取しめよ
Merennye hwee mfiri wo nkyɛn, gye deɛ me mmarima yi adi nko. Me nkurɔfoɔ Aner, Eskol ne Mamrɛ deɛ, ma wɔn wɔn kyɛfa.”

< 創世記 14 >