< 創世記 10 >

1 ノアの子セム、ハム、ヤペテの傳は是なり洪水の後彼等に子等生れたり
Yeinom ne Noa mmammarima: Wɔn ne Sem, Ham ne Yafet asefoɔ. Wɔwowoo mmammarima nsuyire no akyiri.
2 ヤペテの子はゴメル、マゴグ、マデア、ヤワン、トバル、メセク、テラスなり
Yafet asefoɔ nie: Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.
3 ゴメルの子はアシケナズ、リパテ、トガルマなり
Gomer asefoɔ nie: Askenas, Rifat ne Togarma.
4 ヤワンの子はエリシヤ、タルシシ、キツテムおよびドダニムなり
Yawan asefoɔ nie: Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.
5 是等より諸國の洲島の民は派分れ出て各其方言と其宗族と其邦國とに循ひて其地に住り
Na wɔn asefoɔ bɛyɛɛ ɛpo so adwumayɛfoɔ wɔ nsase ahodoɔ so a na abusuakuo biara ka ne kasa nko.
6 ハムの子はクシ、ミツライム、フテおよびカナンなり
Ham asefoɔ nie: Kus, Misraim, Put ne Kanaan.
7 クシの子はセバ、ハビラ、サブタ、ラアマ、サブテカなりラアマの子はシバおよびデダンなり
Kus asefoɔ nie: Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefoɔ nso ne: Saba ne Dedan.
8 クシ、ニムロデを生り彼始めて世の權力ある者となれり
Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofoɔ kɛseɛ wɔ asase so.
9 彼はヱホバの前にありて權力ある獵夫なりき是故にヱホバの前にある夫權力ある獵夫ニムロデの如しといふ諺あり
Na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a Awurade ahyira no, na wɔbɔ ne din ka asɛm. Na obiara a ɔyɛ akokoɔdurusɛm no, wɔde no toto Nimrod a na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a Awurade ahyira no no ho.
10 彼の國の起初はシナルの地のバベル、エレク、アツカデ、及びカルネなりき
Nʼahennie hyɛɛ aseɛ wɔ Babilonia, Erek, Akad ne Kalne a, ne nyinaa wɔ Sinear asase so.
11 其地より彼アッスリヤに出でニネベ、レホポテイリ、カラ
Ɔfirii saa asase no so trɛɛ nʼahennie mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne
12 およびニネベとカラの間なるレセンを建たり是は大なる城邑なり
Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kuro kɛseɛ wɔ saa ahemman no mu.
13 ミツライム、ルデ族アナミ族レハビ族ナフト族
Na Misraim woo Ludfoɔ, Anamfoɔ, Lehabfoɔ, Naftuhfoɔ,
14 バテロス族カスル族およびカフトリ族を生りカスル族よりペリシテ族出たり
Patrusfoɔ, Kasluhfoɔ ne Kaftorfoɔ a wɔyɛ Filistifoɔ agyanom.
15 カナン其冢子シドンおよびヘテ
Na Kanaan woo nʼabakan Sidon ne Het.
16 エブス族アモリ族ギルガシ族
Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ,
17 ヒビ族アルキ族セニ族
Hewifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ,
18 アルワデ族ゼマリ族ハマテ族を生り後に至りてカナン人の宗族蔓延りぬ
Arwadfoɔ, Semarifoɔ ne Hamatifoɔ. Akyire yi, Kanaanfoɔ mmusua no peteeɛ.
19 カナン人の境はシドンよりゲラルを經てガザに至りソドム、ゴモラ、アデマ、ゼボイムに沿てレシヤにまで及べり
Kanaan nsase ahyeɛ trɛ firii Sidon kɔduruu Gerar de kɔsii Gasa kɔduruu Sodom ne Gomora, Adma, Seboim de kɔsi Lasa.
20 是等はハムの子孫にして其宗族と其方言と其土地と其邦國に隨ひて居りぬ
Yeinom ne Ham asefoɔ a wɔn mmusuakuo, wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn aman da wɔn adi.
21 セムはヱベルの全の子孫の先祖にしてヤペテの兄なり彼にも子女生れたり
Sem a na ne nua panin ne Yafet no nso woo mmammarima. Sem nananom ne Eber mma.
22 セムの子はエラム、アシユル、アルパクサデルデ、アラムなり
Sem asefoɔ nie: Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.
23 アラムの子はウヅ、ホル、ゲテル、マシなり
Aram asefoɔ nie: Us, Hul, Geter ne Mas.
24 アルパクサデ、シラを生みシラ、エベルを生り
Na Arfaksad woo Sela, ɛnna Sela woo Eber.
25 エベルに二人の子生れたり一人の名をペレグ(分れ)といふ其は彼の代に邦國分れたればなり其弟の名をヨクタンと曰ふ
Eber woo mmammarima baanu. Abakan no din de Peleg a asekyerɛ ne “nkyekyɛmu” ɛfiri sɛ, ne berɛ so na nnipa a wɔwɔ ewiase mu kyekyɛ kɔɔ kasa ahodoɔ mu na wɔbɔ hweteeɛ. Nʼakyiri ba no din de Yoktan.
26 ヨクタン、アルモダデ、シヤレフ、ハザルマウテ、ヱラ
Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera,
27 ハドラム、ウザル、デクラ
Hadoram, Usal, Dikla,
28 オバル、アビマエル、シバ
Obal, Abimael, Seba,
29 オフル、ハビラおよびヨバブを生り是等は皆ヨクタンの子なり
Ofir, Hawila ne Yobab.
30 彼等の居住所はメシヤよりして東方の山セバルにまで至れり
Asase a wɔte so no trɛ firi Mesa kɔsi Sefar, ɔmantam a ɛda bepɔ so wɔ apueeɛ fam no.
31 是等はセムの子孫にして其宗族と其方言と其土地と其邦國とに隨ひて居りぬ
Yeinom ne Sem mmammarima, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman te no.
32 是等はノアの子の宗族にして其血統と其邦國に隨ひて居りぬ洪水の後是等より地の邦國の民は派分れ出たり
Yeinom ne Noa mmammarima mmusua, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ te wɔ wɔn amanaman mu. Na ɛfiri yeinom mu na nsuyire no akyiri amanaman petee asase so.

< 創世記 10 >