< 出エジプト記 32 >

1 茲に民モーセが山を下ることの遅きを見民集りてアロンの許に至り之に言けるは起よ汝われらを導く神を我儕のために作れ其は我らをエジプトの國より導き上りし彼モーセ其人は如何になりしか知ざればなり
Mose kyɛree wɔ bepɔ no so saa no, nnipa no nyinaa kɔɔ Aaron so kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ntɛm, yɛ anyame a wɔbɛdi yɛn anim ma yɛn, ɛfiri sɛ, yɛnhunu baabi a Mose a ɔdii yɛn anim de yɛn firi Misraim asase so baa ha no afa; ebia na biribi ayɛ no.”
2 アロンかれらに言けるは汝等の妻と息子息女等の耳にある金の環をとりはづして我に持きたれと
Aaron nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyiyi mo sika nsonkawa nyinaa mmra.”
3 是において民みなその耳にある金の環をとりはづしてアロンの許に持來りければ
Wɔyiyii wɔn nsonkawa no maa Aaron—mmaa ne mmarima ne mmarimaa ne mmaayewa nyinaa.
4 アロンこれを彼等の手より取り鎚鑿をもて之が形を造りて犢を鋳なしたるに人々言ふイスラエルよ是は汝をエジプトの國より導きのぼりし汝の神なりと
Aaron nanee sikakɔkɔɔ nsonkawa no de bɔɔ nantwie ba ohoni. Nnipa no nyinaa teaam sɛ, “Ao, Israel, yei ne mo anyame a ɔyii mo firii Misraim asase so baeɛ no.”
5 アロンこれを見てその前に壇を築き而してアロン宣告て明日はヱホバの祭禮なりと言ふ
Aaron hunuu sɛ nnipa no ani agye sika nantwie ba ohoni no ho no, ɔsii afɔrebukyia sii nantwie ba no anim kaa sɛ, “Ɔkyena yɛbɛhyɛ fa ama Awurade.”
6 是において人衆明朝早く起いでて燔祭を献げ酬恩祭を供ふ民坐して飮食し起て戯る
Wɔsɔree anɔpahema firii aseɛ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ de maa nantwie ba ohoni no. Ɛno akyi, wɔtoo ɛpono kɛseɛ bi, didi nomee, goroo abosomgorɔ, yɛɛ ahuhudeɛ hodoɔ.
7 ヱホバ、モーセに言たまひけるは汝往て下れよ汝がエジプトの地より導き出せし汝の民は惡き事を行ふなり
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Yɛ ntɛm na siane kɔ wo nkurɔfoɔ a wode wɔn firi Misraim asase so baeɛ no nkyɛn, ɛfiri sɛ, wɔagu wɔn ho fi,
8 彼等は早くも我が彼等に命ぜし道を離れ己のために犢を鋳なしてそれを拝み其に犠牲を献げて言ふイスラエルよ是は汝をエジプトの地より導きのぼりし汝の神なりと
na wɔabu me mmara nyinaa nso so. Wɔayɛ sika nantwie ba a wɔsom no, asane abɔ afɔdeɛ nso ama no aka sɛ, ‘Ao, Israel, yei ne mo nyame a ɔyii mo firii Misraim asase so baeɛ no.’”
9 ヱホバまたモーセに言たまひけるは我この民を觀たり視よ是は項の強き民なり
Awurade kaa sɛ, “Mahunu sɛdeɛ saa nnipa yi yɛ asoɔden na wɔsane yɛ adɔnyɛfoɔ fa.
10 然ば我を阻るなかれ我かれらに向ひて怒を發して彼等を滅し盡さん而して汝をして大なる國をなさしむべし
Enti afei, mede mʼabufuhyeɛ bɛtɔre wɔn ase na mama wo Mose mmom ayɛ ɔman kɛseɛ.”
11 モ-セその神ヱホバの面を和めて言けるはヱホバよ汝などて彼の大なる權能と強き手をもてエジプトの國より導きいだしたまひし汝の民にむかひて怒を發したまふや
Nanso, Mose srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnnyɛ saa. Ɔkɔɔ so sɛ, “Awurade, adɛn enti na wo bo afu atia wo ara wo nkurɔfoɔ a wonam anwanwakwan ne wo tumi so yii wɔn firii Misraim asase so yi?
12 何ぞエジプト人をして斯言しむべけんや曰く彼は禍をくだして彼等を山に殺し地の面より滅し盡さんとて彼等を導き出せしなりと然ば汝の烈き怒を息め汝の民にこの禍を下さんとせしを思ひ直したまへ
Wopɛ sɛ Misraimfoɔ no ka sɛ, ‘Onyankopɔn daadaa wɔn sɛ wɔmmra bepɔ no so sɛdeɛ ɔbɛnya wɔn akum wɔn, atɔre wɔn ase afiri asase so?’ Ma wo bo ntɔ wo yam na gyae adwene a woafa sɛ wode rebɛtia wo nkurɔfoɔ no.
13 汝の僕アブラハム、イサク、イスラエルを憶ひたまへ汝は自己さして彼等に誓ひて我天の星のごとくに汝等の子孫を増し又わが言ところの比地をことごとく汝等の子孫にあたへて永くこれを有たしめんと彼等に言たまへりと
Kae ɛbɔ a wohyɛɛ wʼasomfoɔ Abraham, Isak ne Israel no. Wo ara wokaa ntam sɛ, ‘Mɛma mo asefoɔ adɔɔso sɛ ɛsoro nsoromma na mede saa asase a mahyɛ mo ho bɔ yi nyinaa bɛma mo asefoɔ na wɔatena so afebɔɔ.’”
14 ヱホバ是においてその民に禍を降んとせしを思ひ直したまへり
Na Awurade sesaa nʼadwene de wɔn ho kyɛɛ wɔn.
15 モーセすなはち身を轉して山より下れりかの律法の二枚の板その手にあり此板はその兩面に文字あり即ち此面にも彼面にも文字あり
Afei, Mose siane firii bepɔ no so baeɛ a ɔkura Mmaransɛm Edu no a wɔatwerɛ agu aboɔ apono mmienu akyi ne animu no.
16 此板は神の作なりまた文字は神の書にして板に彫つけてあり
Onyankopɔn no ankasa na ɔtwerɛɛ mmaransɛm no wɔ apono no so.
17 ヨシユア民の呼はる聲を聞てモーセにむかひ營中に戰爭の聲すと言ければ
Ɛberɛ a Yosua tee sɛ nnipa bi reyɛ gyegyeegye no, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ɛyɛ me sɛ wɔreboaboa wɔn ho akɔ ɔko!”
18 モーセ言ふ是は勝鬨の聲にあらず又敗北の號呼聲にもあらず我が聞ところのものは歌唱ふ聲なりと
Ɛnna Mose nso buaa no sɛ, “Ɛnnyɛ nkonimdie mu anigyeɛ anaa, nkoguo na mmom, ɛyɛ nnwontoɔ.”
19 斯てモ-セ營に近づくに及びて犢と舞跳を見たれば怒を發してその手よりかの板を擲ちこれを山の下に碎けり
Wɔbɛduruu atenaeɛ hɔ, Mose hunuu nantwie ba no ne asa a wɔresa. Enti, ɔde abufuhyeɛ too twerɛ apono no hwee fam ma ɛbubuu wɔ bepɔ no ase.
20 而して彼等が作りし犢をとりてこれを火に燒き碎きて粉となしてこれを水に撒きイスラエルの子孫に之をのましむ
Ɔfaa nantwie ba no nanee no wɔ ogya mu na ɛdwoeɛ no, ɔyam no muhumuhu de guu nsuo mu maa nnipa no nomeeɛ.
21 モーセ、アロンに言けるは此民汝に何をなしてか汝かれらに大なる罪を犯させしや
Afei, ɔbisaa Aaron sɛ, “Ɛdeɛn nko ara na nnipa no ka kyerɛɛ wo a enti ɛnam so maa wode saa bɔne kɛseɛ yi baa wɔn so?”
22 アロン言けるは吾主よ怒を發したまふ勿れ此民の惡なるは汝の知ところなり
Aaron buaa no sɛ, “Mma wo bo mfu. Wo ara wonim sɛdeɛ wo nkurɔfoɔ yi yɛ nnipa bɔne fa.
23 彼等われに言けらく我らを導く神をわれらのために作れ其は我らをエジプトの國より導き上りし彼モーセ其人は如何になりしか知ざればなりと
Wɔn ara na wɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛ onyame bi ma yɛn na ɔnkyerɛ yɛn ɛkwan na biribi ayɛ saa Mose a ɔdii yɛn anim firii Misraim no.’
24 是において我凡て金をもつ者はそれをとりはづせと彼等に言ければ則ちそれを我に與へたり我これを火に投たれば此犢出きたれりと
Enti, me nso mekaa sɛ, ‘Monyiyi mo sikakɔkɔɔ nsonkawa mma me.’ Wɔyiyi de maa me na mede guu ogya mu. Ɛne saa nantwie ba no.”
25 モーセ民を視るに縦肆に事をなすアロン彼等をして縦肆に事をなさしめたれば彼等はその敵の中に嘲笑となれるなり
Mose hunuu sɛ Aaron ama nnipa no adane adwamammɔfoɔ ama wɔn atamfoɔ anya wɔn no,
26 茲にモーセ營の門に立ち凡てヱホバに歸する者は我に來れと言ければレビの子孫みな集りてかれに至る
ɔgyinaa wɔn atenaeɛ hɔ ɛpono no ano teaam sɛ, “Mo a mowɔ Awurade afa no, mommra me nkyɛn.” Lewifoɔ no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn.
27 モーセすなはち彼等に言けるはイスラエルの神ヱホバ斯言たまふ汝等おのおの劍を横たへて門より門と營の中を彼處此處に行めぐりて各人その兄弟を殺し各人その伴侶を殺し各人その隣人を殺すべしと
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade Israel Onyankopɔn se, ‘Momfa mo akofena nhyehyɛ mo ho na monni mo atenaeɛ hɔ akɔneaba, na monkunkum mo nuanom, mo nnamfonom ne mo afipamfoɔ.’”
28 レビの子孫すなはちモーセの言のごとくに爲たればその日民凡三千人殺されたり
Enti, wɔyɛɛ saa maa nnipa bɛyɛ mpensa totɔɔ ɛda no.
29 是に於てモーセ言ふ汝等おのおのその子をもその兄弟をも顧ずして今日ヱホバに身を献げ而して今日福祉を得よ
Afei, Mose ka kyerɛɛ Lewifoɔ no sɛ, “Ɛnnɛ, moatu mo ho akyɛ sɛ mobɛsom Awurade, ɛfiri sɛ, moayɛ ɔsetie ama no ama mpo, monam so akunkum mo mma ne mo nuanom, enti ɔbɛhyira mo bebree.”
30 明日モーセ民に言けるは汝等は大なる罪を犯せり今我ヱホバの許に上りゆかんとす我なんちらの罪を贖ふを得ることもあらん
Adeɛ kyee anɔpa no, Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ, “Moayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, nanso mɛsane akɔ Awurade nkyɛn wɔ bepɔ no so akɔhwɛ sɛ ebia, mɛnya bɔnefakyɛ ama mo anaa.”
31 モーセすなはちヱホバに歸りて言けるは嗚呼この民の罪は大なる罪なり彼等は自己のために金の神を作れり
Enti, Mose sane kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ao, saa nnipa yi ayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, na wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ wɔn anyame.
32 然どかなはば彼等の罪を赦したまへ然ずば願くは汝の書しるしたまへる書の中より吾名を抹さりたまへ
Enti, meredi ama wɔn sɛ, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na sɛ ɛnte saa nso a, pepa me din firi nwoma a woatwerɛ no mu.”
33 ヱホバ、モーセに言たまひけるは凡てわれに罪を犯す者をば我これをわが書より抹さらん
Awurade buaa Mose sɛ, “Obiara a wayɛ me bɔne no, mɛpepa no afiri me nwoma mu.
34 然ば今往て民を我が汝につげたる所に導けよ吾使者汝に先だちて往ん但しわが罰をなこなふ日には我かれらの罪を罰せん
Enti afei, kɔ na di nkurɔfoɔ no anim kɔ beaeɛ a mekyerɛɛ woɔ no na mehyɛ wo bɔ sɛ, mɛma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim; nanso sɛ mebɛsra nkurɔfoɔ no a, mɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne no ho.”
35 ヱホバすなはち民を撃たまへり是はかれら犢を造りたるに因る即ちアロンこれを造りしなり
Na ɛsiane sɛ nnipa no somm Aaron nantwie ba no enti, ɔtee yadeɛ guu wɔn so.

< 出エジプト記 32 >