< 出エジプト記 20 >

1 神この一切の言を宣て言たまはく
Afei, Onyankopɔn kaa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn:
2 我は汝の神ヱホバ汝をエジプトの地その奴隸たる家より導き出せし者なり
“Mene Awurade, mo Onyankopɔn a meyii mo firii nkoasom mu wɔ Misraim no.
3 汝我面の前に我の外何物をも神とすべからず
“Monnsom onyame foforɔ biara nnka me ho.
4 汝自己のために何の偶像をも彫むべからず又上は天にある者下は地にある者ならびに地の下の水の中にある者の何の形状をも作るべからず
Monnyɛ ohoni anaa biribiara a ɛsɛ adeɛ a ɛwɔ ewiem, anaa deɛ ɛwɔ asase so, anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu, anaa deɛ ɛwɔ asase ase.
5 之を拝むべからずこれに事ふべからず我ヱホバ汝の神は嫉む神なれば我を惡む者にむかひては父の罪を子にむくいて三四代におよぼし
Monnkoto ohoni biara nsom no ɛkwan biara so, na me, Awurade mo Onyankopɔn, meyɛ ninkunfoɔ. Na me ne onyame foforɔ bi nkyɛ mo dɔ a modɔ me no. Na sɛ nnipa bi bɔne a wayɛ enti metwe wɔn aso a, metwe wɔn aso kɔsi wɔn awontoatoasoɔ a wɔtan me no nyinaa so.
6 我を愛しわが誡命を守る者には恩惠をほどこして千代にいたるなり
Na medɔ awoɔ ntoatoasoɔ mpem a wɔdɔ me na wɔdi mʼahyɛdeɛ so.
7 汝の神ヱホバの名を妄に口にあぐべからずヱホバはおのれの名を妄に口にあぐる者を罰せではおかざるべし
Mommmɔ Awurade Onyankopɔn din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, ɔbɛbu mo fɔ.
8 安息日を憶えてこれを聖潔すべし
Monkae homeda na monni no sɛ ɛda kronkron.
9 六日の間勞きて汝の一切の業を爲べし
Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa,
10 七日は汝の神ヱホバの安息なれば何の業務をも爲べからず汝も汝の息子息女も汝の僕婢も汝の家畜も汝の門の中にをる他國の人も然り
na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma Awurade Onyankopɔn. Saa ɛda no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmammarima, mo mmabaa anaa mo asomfoɔ anaa mo anantwie anaa mo ahɔhoɔ yɛ adwuma biara.
11 其はヱホバ六日の中に天と地と海と其等の中の一切の物を作りて第七日に息みたればなり是をもてヱホバ安息日を祝ひて聖日としたまふ
Ɛfiri sɛ, Awurade de nna nsia na ɛbɔɔ ɛsoro, asase ne ɛpo ne biribiara a ɛwɔ ne nyinaa mu, ɛnna ɔhomee ne nnanson so; enti ɔhyiraa homeda no so sɛ wɔmfa nhome.
12 汝の父母を敬へ是は汝の神ヱホバの汝にたまふ所の地に汝の生命の長からんためなり
Di wʼagya ne wo maame ni na wo nna aware wɔ asase a Awurade, wo Onyankopɔn, de bɛma wo no.
13 汝殺すなかれ
Nni awu.
14 汝姦淫するなかれ
Nsɛe awadeɛ.
15 汝盗むなかれ
Mmɔ korɔno.
16 汝その隣人に對して虚妄の證據をたつるなかれ
Nni adansekurumu.
17 汝その隣人の家を貧るなかれ又汝の鄰人の妻およびその僕婢牛驢馬ならびに凡て汝の隣人の所有を貧るなかれ
Mma wʼani mmerɛ wo yɔnko fie anaa ne yere anaa nʼasomfoɔ anaa nʼanantwie anaa ne mfunumu anaa biribiara a ɛyɛ ne dea.”
18 民みな雷と電と喇叭の音と山の煙るとを見たり民これを見て懼れをののきて遠く立ち
Nnipa no nyinaa hunuu ayerɛmo ne wisie kumɔnn wɔ bepɔ no so. Wɔtee aprannaa ne totorobɛnto nne a ɛyɛ hu a ɛrebɔ dendeenden. Enti, wɔte gyinaeɛ a ehu ama wɔn ho rewoso.
19 モーセにいひけるは汝われらに語れ我等聽ん唯神の我らに語りたまふことあらざらしめよ恐くは我等死ん
Wɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn, na yɛbɛtie. Na mma Onyankopɔn ankasa nkasa nkyerɛ yɛn na yɛanwuwu.”
20 モーセ民に言けるは畏るるなかれ神汝らを試みんため又その畏怖を汝らの面の前におきて汝らに罪を犯さざらしめんために臨みたまへるなり
Mose nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔda ne tumi adi kyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛfiri ɛnnɛ rekɔ, mobɛsuro sɛ mobɛyɛ bɔne atia no.”
21 是において民は遠くに立ちしがモーセは神の在すところの濃雲に進みいたる
Nanso, nnipa no tee wɔn ho gyinaa akyirikyiri baabi. Mose deɛ, ɔwuraa esum kabii no mu kɔɔ baabi a Onyankopɔn wɔ hɔ.
22 ヱホバ、モーセに言たまひけるは汝イスラエルの子孫に斯いふべし汝等は天よりわが汝等に語ふを見たり
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka saa asɛm yi kyerɛ Israelfoɔ no. ‘Modi ho adanseɛ nokorɛm sɛ, mefiri soro ada me pɛ adi akyerɛ mo.
23 汝等何をも我にならべて造るべからず銀の神をも金の神をも汝等のために造るべからず
Monkae sɛ ɛnsɛ sɛ moyɛ anaa mosom ahoni a wɔde sika anaa dwetɛ anaa biribi foforɔ ayɛ.
24 汝土の壇を我に築きてその上に汝の燔祭と酬恩祭汝の羊と牛をそなふべし我は凡てわが名を憶えしむる處にて汝に臨みて汝を祝まん
“‘Dɔteɛ afɔrebukyia na monyɛ mma me. Ɛso na mommɔ mo afɔdeɛ mma me. Mo ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ a mode nnwan ne anantwie bɔ no nyinaa mommɔ mma me. Baabi a mɛkyerɛ mo sɛ monsi afɔrebukyia no na monsi na mɛba hɔ abɛhyira mo.
25 汝もし石の壇を我につくるならば琢石をもてこれを築くべからず其は汝もし鑿をこれに當なば之を汚すべければなり
Motumi de aboɔ nso si afɔrebukyia, nanso aboɔ a wɔntwaeɛ na momfa nsi. Sɛ mode afidie bi twa aboɔ no di no adwini a, ɛnyɛ sɛ wɔde si, ɛfiri sɛ, moagu ho fi.
26 汝階よりわが壇に升るべからず是汝の恥る處のその上に露るることなからんためなり
Monnyɛ atrapoe mma afɔrebukyia no anyɛ saa a, obi bɛhwɛ mo ntadeɛ ase ahunu mo adagya mu.’

< 出エジプト記 20 >