< 出エジプト記 11 >

1 ヱホバ、モーセにいひたまひけるは我今一箇の災をパロおよびエジプトに降さん然後かれ汝等を此處より去しむべし彼なんぢらを全く去しむるには必ず汝らを此より逐はらはん
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mɛma ɔhaw a ɛtwa toɔ aba Farao ne nʼasase so. Na ɛno akyiri no, ɔbɛma mo akɔ. Nokorɛm, ne ho bɛpere no sɛ mobɛfiri ne ho ama ɔno ara apamo mo afiri ɔman no mu.
2 然ば汝民の耳にかたり男女をしておのおのその隣々に銀の飾品金の飾具を乞しめよと
Monka nkyerɛ Israelfoɔ mmarima ne mmaa nyinaa sɛ, wɔmmisa wɔn amannifoɔ Misraimfoɔ no na wɔmma wɔn sikakɔkɔɔ ne dwetɛ adwinneɛ.”
3 ヱホバつひに民をしてエジプト人の恩を蒙らしめたまふ又その人モーセはエジプトの國にてパロの臣下の目と民の目に甚だ大なる者と見えたり
Awurade maa Misraimfoɔ no hunuu Israelfoɔ no mmɔbɔ, na Mose nso yɛɛ onipa kɛseɛ a na Farao mpanimfoɔ ne Misraimfoɔ no bu no yie wɔ ɔman no mu.
4 モーセいひけるはヱホバかく言たまふ夜半頃われ出てエジプトの中に至らん
Mose bɔɔ Farao amaneɛ sɛ, “Awurade se menka nkyerɛ wo sɛ, ‘Anadwo nnɔndumienu mɛtwam wɔ Misraim asase so.
5 エジプトの國の中の長子たる者は位に坐するパロの長子より磨の後にをる婢の長子まで悉く死べし又獣畜の首出もしかり
Na Misraim fie biara mu ɔbabarima panin bɛwu. Ɛfiri Farao babarima panin so, ne dehyeɛ a ɔbɛdi nʼadeɛ, ne ɔsomfoɔ mu ɔsomfoɔ kumaa koraa ba panin ne ne nyɛmmoa abakan nyinaa bɛwuwu.
6 而してエジプト全國に大なる號哭あるべし是まで是のごとき事はあらずまた再び斯ること有ざるべし
Na owuo no ho agyaadwotwa bɛduru Misraim asase so nyinaa. Awerɛhoɔ a ɛte saa mmaa Misraim asase so da, na ebi nso remma da bio.
7 然どイスラエルの子孫にむかひては犬もその舌をうごかさじ人にむかひても獣畜にむかひても然り汝等これによりてヱホバがエジプト人とイスラエルのあひだに區別をなしたまふを知べし
Na Israelfoɔ mu deɛ, biribiara bɛyɛ dwoodwoo na ɔkraman mpo rempɔ.’ Na ɛbɛma woahunu sɛ, Awurade de nsonsonoeɛ ato Misraimfoɔ ne Israelfoɔ ntam!
8 汝の此臣等みなわが許に下り來てわれを拝し汝となんぢに從がふ民みな出よと言ん然る後われ出べしと烈しく怒りてパロの所より出たり
Wo mpanimfoɔ yi nyinaa bɛtu mmirika, adi mʼakyiri, akoto asrɛ sɛ, ‘Yɛpa wo kyɛw, firi ha ntɛm na kɔfa wo nkurɔfoɔ nyinaa ka wo ho kɔ.’ Sɛ ɛba saa a ansa na mɛkɔ!” Mose wiee kasa no, ɔde abufuhyeɛ firii ahemfie hɔ kɔeɛ.
9 ヱホバ、モーセにいひたまひけるはパロ汝に聽ざるべし是をもて吾がエジプトの國に奇蹟をおこなふこと増べし
Na Awurade aka akyerɛ Mose sɛ, “Asɛm a wobɛka no, Farao rentie. Na ɛno so na mɛgyina ayɛ anwanwadeɛ de ada me tumi adi.”
10 モーセとアロンこの諸の奇蹟をことごとくパロの前に行ひたれどもヱホバ、パロの心を剛愎にしたまひければ彼イスラエルの子孫をその國より去しめざりき
Ɛwom sɛ Mose ne Aaron yɛɛ saa anwanwadeɛ no nyinaa wɔ Farao anim nanso Awurade pirim nʼakoma sɛdeɛ ɔremma nnipa no mfiri asase no so nkɔ.

< 出エジプト記 11 >