< サムエル記Ⅱ 2 >

1 此のちダビデ、ヱホバに問ていひけるは我ユダのひとつの邑にのぼるべきやヱホバかれにいひたまひけるはのぼれダビデいひけるは何處にのぼるべきやヱホバいひたまひけるはヘブロンにのぼるべしと
Mmerɛ no ara mu, Dawid bisaa Awurade sɛ, “Mensane nkɔ Yuda anaa?” Awurade buaa no sɛ, “Kɔ.” Dawid bisaa no sɛ, “Kuro bɛn na menkɔ so?” Awurade buaa no sɛ, “Hebron.”
2 ダビデすなはち彼處にのぼれりその二人の妻ヱズレル人アヒノアムおよびカルメル人ナバルの妻なりしアビガルもともにのぼれり
Na Dawid yerenom ne Ahinoam a ɔfiri Yesreel ne Abigail a ɔfiri Karmel a na ɔyɛ Nabal yere no. Enti Dawid ne ne yerenom,
3 ダビデ其おのれとともにありし從者と其家族をことごとく將のぼりければ皆ヘブロンの諸巴にすめり
ne ne mmarima ne wɔn fiefoɔ nyinaa tu kɔɔ Yuda, na wɔkɔtenaa Hebron ne ne nkuro so.
4 時にユダの人々きたり彼處にてダビデに膏をそそぎてユダの家の王となせり 人々ダビデにつげてサウルを葬りしはヤベシギレアデの人なりといひければ
Afei, Yuda ntuanofoɔ kɔɔ Hebron, kɔsraa Dawid ngo sii no ɔhene wɔ Yuda abusuakuo so. Na ɛberɛ a Dawid tee sɛ Yabes Gilead mmarima asie Saulo no,
5 ダビデ使者をヤベシギレアデの人におくりてこれにいひけるは汝らこの厚意を汝らの主サウルにあらはしてかれを葬りたればねがはくは汝らヱホバより福祉をえよ
ɔtoo wɔn nkra sɛ, “Awurade nhyira mo sɛ moayi nokorɛ a ɛte saa adi, ama mo wura Saulo, na moasie no animuonyam so.
6 ねがはくはヱホバ恩寵と眞實を汝等にしめしたまへ汝らこの事をなしたるにより我亦汝らに此恩惠をしめすなり
Na afei, Awurade ne mo nni no yie na ɔntua mo dɔ sononko yi so ka. Na me nso mɛtua mo deɛ moayɛ yi so ka.
7 されば汝ら手をつよくして勇ましくなれ汝らの主サウルは死たり又ユダの家我に膏をそそぎて我をかれらの王となしたればなりと
Afei a Saulo awu yi, mepɛ sɛ mobɛyɛ mʼasomfoɔ nokwafoɔ sɛ Yudafoɔ a wɔasra me ngo sɛ menni wɔn so ɔhene no.”
8 爰にサウルの軍の長ネルの子アブネル、サウルの子イシボセテを取りてこれをマナイムにみちびきわたり
Na Ner babarima Abner a na ɔyɛ Saulo safohene wɔ nʼakodɔm so ne Saulo babarima Is-Boset kɔɔ Mahanaim.
9 ギレアデとアシユリ人とヱズレルとエフライムとベニヤミンとイスラエルの衆の王となせり
Ɛhɔ na ɔsii Is-Boset ɔhene wɔ Gilead, Yesreel, Efraim, Benyamin, Asurifoɔ asase ne Israel nyinaa so.
10 サウルの子イシボセテはイスラエルの王となりし時四十歳にして二年のあひだ位にありしがユダの家はダビデにしたがへり
Ɛberɛ a Is-Boset dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduanan, na ɔdii adeɛ firi Mahanaim mfeɛ mmienu. Na Yuda abusuakuo no dii Dawid nokorɛ.
11 ダビデのヘブロンにありてユダの家の王たりし日數は七年と六ヶ月なりき
Dawid yɛɛ Hebron ne kuropɔn. Na ɔdii Yuda so ɔhene mfirinhyia nson ne fa.
12 ネルの子アブネル及びサウルの子なるイシボセテの臣僕等マハナイムを出てギベオンに至れり
Ɛda koro bi, Abner dii Is-Boset akodɔm anim, firi Mahanaim kɔɔ Gibeon.
13 セルヤの子ヨアブとダビデの臣僕もいでゆけり彼らギベオンの池の傍にて出會一方は池の此畔に一方は池の彼畔に坐す
Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, Seruia babarima Yoab nso dii Dawid akodɔm anim, firi Hebron na wɔhyiaa Abner wɔ Gibeon ɔtadeɛ ho. Akuo mmienu no tenatenaa ase a na wɔdi nhwɛanimu.
14 アブネル、ヨアブにいひけるはいざ少者をして起て我らのまへに戯れしめんヨアブいひけるは起しめんと
Afei, Abner susuu ho kyerɛɛ Yoab sɛ, “Ma yɛmfa yɛn akofoɔ no mu kakra, na wɔmfa wɔn nsa nni ako nyɛ oyikyerɛ.” Yoab penee so kaa sɛ, “Wɔnsɔre nko ɛ.”
15 サウルの子イシボセテに屬するベニヤミンの人其數十二人及びダビデの臣僕十二人起て前み
Enti, wɔyii mmarima dumienu firii ekuo biara mu sɛ wɔnni wɔn ho ako.
16 おのおの其敵手の首を執へて劍を其敵手の脅に刺し斯して彼等倶に斃れたり是故に其處はヘルカテハヅリム(利劍の地)と稱らる即ちギベオンにあり
Obiara sɔɔ ne tiafoɔ tirinwi mu, de nʼakofena wowɔɔ wɔn ho, maa wɔn nyinaa wuwuiɛ. Enti, wɔfrɛ atɔeɛ mu hɔ sɛ Akofena Afuo de bɛsi ɛnnɛ.
17 此日戰甚だ烈しくしてアブネルとイスラエルの人々ダビデの臣僕のまへに敗る
Afei, akodɔm mmienu no de ɔko hyehyɛɛ so, na saa da no baa awieeɛ no, na Dawid akodɔm no adi Abner ne Israel so nkonim.
18 其處にゼルヤの三人の子ヨアブ、アビシヤイ、アサヘル居たりしがアサヘルは疾足なること野にをる麆のごとくなりき
Na Yoab, Abisai ne Asahel a wɔyɛ Seruia mmammarima baasa no ka Dawid akodɔm no ho saa da no. Na Asahel tu mmirika te sɛ ɔforoteɛ,
19 アサヘル、アブネルの後を追ひけるが行に右左にまがらずアブネルの後をしたふ
na ɔpamoo Abner ara sɛ, ɔbɛkyere no.
20 アブネル後を顧みていふ汝はアサヘルなるか彼しかりと答ふ
Ɛberɛ a Abner twaa nʼani hunuu sɛ ɔgu ne so no, ɔteaam sɛ, “Wo nie, Asahel!” Ɔbuaa sɛ, “Aane, ɛyɛ me!”
21 アブネルかれにいひけるは汝の右か左に轉向て少者の一人を擒へて其戎服を取れと然どアサヘル、アブネルをおふことを罷て外に向ふを肯ぜず
Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnneɛ, kɔpɛ obi foforɔ, na wone no nko. Kɔ na kɔsi mmeranteɛ no baako so, na gye nʼakodeɛ a ɛwɔ ne ho nyinaa.” Nanso, Asahel, kɔɔ so taa no.
22 アブネルふたたびアサヘルにいふ汝我を追ことをやめて外に向へ我なんぞ汝を地に撃ち仆すべけんや然せば我いかでかわが面を汝の兄ヨアブにむくべけんと
Bio, Abner teaam ka kyerɛɛ Asahel sɛ, “Firi ha kɔ! Sɛ mekum wo a, merentumi nhwɛ wo nuabarima Yoab anim.”
23 然どもかれ外にむかふことをいなむによりアブネル槍の後銛をもてかれの腹を刺しければ槍その背後にいでたりかれ其處にたふれて立時に死り斯しかばアサヘルの仆れて死るところに來る者は皆たちどまれり
Nanso, Asahel antie ara, enti Abner de ne pea no wɔɔ ne yafunu mu, maa pea no pue firii nʼakyi. Ɔbu hwee fam hɔ wuiɛ. Na obiara a ɔduruu atɔeɛ mu hɔ no gyinaa dinn hwɛɛ Asahel sɛ ɔda hɔ.
24 されどヨアブとアビシヤイはアブネルの後を追きたりしがギベオンの野の道傍にギアの前にあるアンマの山にいたれる時日暮ぬ
Ɛberɛ a Yoab ne Abisai tee asɛm a asi no, wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔhwehwɛ Abner. Ɛberɛ a wɔduruu Amma bepɔ a ɛbɛn Gia a ɛwɔ ɛkwan a ɛda hɔ kɔ Gibeon ɛserɛ so no, na onwunu adwo.
25 ベニヤミンの子孫アブネルにしたがひて集まり一隊となりてひとつの山の頂にたてり
Abner akodɔm a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu no boaa wɔn ho ano wɔ bepɔ no so yɛɛ krado maa ɔko.
26 爰にアブネル、ヨアブをよびていひけるは刀劍豈永久にほろぼさんや汝其終りには怨恨を結ぶにいたるをしらざるや汝何時まで民に其兄弟を追ふことをやめてかへることを命ぜざるや
Ɛhɔ na Abner teaam, ka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Enti, ɛsɛ sɛ daa yɛfa akofena so de ka yɛn ntam asɛm anaa? Monnhunu sɛ, saa ɛkwan no de nitan bɛto yɛn ntam? Da bɛn na wobɛfrɛ wo mmarima no aka akyerɛ wɔn sɛ, wɔnnyae wɔn nuanom Israelfoɔ akyidie?”
27 ヨアブいひけるは神は活く若し汝が言出さざりしならば民はおのおの其兄弟を追はずして今晨のうちにさりゆきしならんと
Na Yoab kaa sɛ, “Sɛ woankasa a anka, Onyankopɔn nko ara na ɔnim deɛ ɛbɛba; anka yɛbɛtaa wo anadwo mu no nyinaa.”
28 かくてヨアブ喇叭を吹きければ民皆たちどまりて再イスラエルの後を追はずまたかさねて戰はざりき
Enti, Yoab hyɛn ne totorobɛnto, maa ne mmarima no gyaee Israel akodɔm no so taa.
29 アブネルと其從者終夜アラバを經ゆきてヨルダンを濟りビテロンを通りてマハナイムに至れり
Anadwo mu no nyinaa, Abner ne ne mmarima nante kɔɔ Araba. Wɔtwaa Yordan bɔnhwa, toaa so kɔɔ Bitron, bɛduruu Mahanaim.
30 ヨアブ、アブネルを追ことをやめて歸り民をことごとく集めたるにダビデの臣僕十九人とアサヘル缺てをらざりき
Na Yoab gyaee Abner akyidie, na ɔboaboaa ne mmarima ano. Asahel akyi no, wɔhunuu sɛ Dawid mmarima no mu dunkron ayera.
31 されどダビデの臣僕はベニヤミンとアブネルの從者三百六十人を撃ち殺せり
Nanso, na Dawid mmarima no akunkum Benyaminfoɔ no mu nnipa ahansia ne aduosia a na wɔka Abner ho no.
32 人々アサヘルを取りあげてベテレヘムにある其父の墓に葬るヨアブと其從者は終夜ゆきて黎明にヘブロンにいたれり
Wɔfaa Asahel siee no wɔ nʼagya ɔboda mu wɔ Betlehem. Na Yoab ne ne mmarima nantee anadwo mu no nyinaa kɔduruu Hebron adekyeeɛ.

< サムエル記Ⅱ 2 >