< 列王記Ⅱ 6 >

1 茲に預言者の徒エリシヤに言けるは視よ我儕が汝とともに住ふ所はわれらのために隘し
Ɛda bi adiyifoɔ kuo baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ wo ara wohunu no, baabi a yɛne wo hyia ha yi sua.
2 請ふ我儕をしてヨルダンに往しめよ我儕おのおの彼處より一の材木を取て其處に我儕の住べき處を設けんエリシヤ往よと言ふ
Ma yɛnkɔ Asubɔnten Yordan ho a nnua bebree wɔ hɔ. Ɛhɔ deɛ, yɛbɛtumi asi ɛdan foforɔ, ahyia mu wɔ hɔ.” Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛyɛ, monkɔyɛ.”
3 時にその一人希はくは汝も僕等と共に往けと言ければエリシヤ答へて我ゆかんと言ふ
Obi kaa nʼadwene sɛ, “Mesrɛ wo, bɛka yɛn ho na yɛnkɔ.” Ɔkaa sɛ, “Mate yɛbɛkɔ.”
4 エリシヤかく彼等とともに往り彼等すなはちヨルダンにいたりて樹を砍りたふしけるが
Ɛberɛ a wɔduruu Yordan ho no, wɔhyɛɛ aseɛ buu nnua.
5 一人の材木を砍りたふすに方りてその斧水におちいりしかば叫びて嗚呼主よ是は乞得たる者なりと言ふ
Nanso, wɔn mu baako rebu dua no, nʼabonnua hɔn tɔɔ nsuo no mu. Ɔteaam sɛ, “Aa! Me wura, ɛyɛ abonnua a mekɔsrɛeɛ!”
6 神の人其は何處におちいりしやと言ふにその處をしらせしかば則ち枝を切おとして其處に投いれてその斧を浮ましめ
Onyankopɔn onipa no bisaa sɛ, “Ɛhefa na ɛtɔeɛ?” Ɔkyerɛɛ Elisa baabi ko no, Elisa twaa poma, na ɔto twenee nsuo no mu. Ɛhɔ ara abonnua tire no pagyaa ne ho, bɛtɛɛ nsuo no ani.
7 汝これを取れと言ければその人手を伸てこれを取り
Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma so yi.” Na ɔbarima no tenee ne nsa yiiɛ.
8 茲にスリアの王イスラエルと戰ひをりその臣僕と評議して斯々の處に我陣を張んと言たれば
Ɛberɛ a Aramhene ne Israel redi ako no, ɔne ne mpanimfoɔ tuu agyina, kaa sɛ, “Yɛbɛboaboa yɛn akodɔm ano wɔ ha anaa ɛha.”
9 神の人イスラエルの王に言おくりけるは汝愼んで某の處を過るなかれ其はスリア人其處に下ればなりと
Ntɛm pa ara, Onyankopɔn onipa Elisa bɔɔ Israelhene kɔkɔ sɛ, “Ntwe mmɛn beaeɛ hɔ, ɛfiri sɛ, Aramfoɔ no reyɛ nhyehyɛeɛ, aboaboa wɔn akodɔm ano wɔ hɔ.”
10 イスラエルの王是において神の人が己に告げ己に敎たる處に人を遣して其處に自防しこと一二回に止まらざりき
Enti Israelhene hwɛɛ beaeɛ a Onyame onipa kyerɛɛ no no. Elisa kɔɔ so bɔɔ ɔhene no kɔkɔ mpɛn pii, na ɛmaa nʼani daa fam wɔ mmeaeɛ a ɛtete saa no ho.
11 是をもてスリアの王是事のために心をなやましその臣僕を召て我儕の中誰がイスラエルの王と通じをるかを我に告ざるやと言ふに
Aramhene werɛ hoo wɔ asɛm yi ho. Ɔfrɛɛ ne mpanimfoɔ bisaa wɔn sɛ, “Mo mu hwan na ɔyɛ ɔfatwafoɔ no? Hwan na ɔka me nhyehyɛeɛ a mayɛ kyerɛ Israelhene?”
12 その臣僕の一人言ふ王わが主よ然るにあらず但イスラエルの預言者エリシヤ汝が寝室にて語る所の言語をもイスラエルの王に告るなり
Mpanimfoɔ no mu baako buaa sɛ, “Me wura, ɛnyɛ yɛn. Elisa a ɔyɛ odiyifoɔ wɔ Israel no na ɔka wo kɔkoamsɛm kyerɛ Israelhene.”
13 王いひけるは往て彼が安に居かを見よ我人をやりてこれを執へんと茲に彼はドタンに居ると王に告ていふ者ありければ
Ɔhene no hyɛɛ sɛ, “Monkɔhwehwɛ baabi a Elisa wɔ, na yɛbɛsoma akodɔm ama wɔakɔkye no.” Na nkra baeɛ sɛ, “Elisa wɔ Dotan.”
14 王そこに馬と車および大軍をつかはせり彼等すなはち夜の中に來りてその邑を取かこみけるが
Enti, anadwo bi, Aramhene somaa akodɔm bebree ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔ kɔtwaa kanko faa kuropɔn no ho.
15 神の人の從屬夙に興て出て見に軍勢馬と車をもて邑を取かこみ居ればその少者エリシヤに言けるは嗚呼わが主よ我儕如何にすべきや
Ɛberɛ a Onyankopɔn onipa no ɔsomfoɔ sɔree ahemadakye, sii afikyire no, na akodɔm, apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa hɔ ahyia. Ɔteaam kyerɛɛ Elisa sɛ, “Aa, me wura, ɛdeɛn na yɛnyɛ?”
16 エリシヤ答へけるは懼るなかれ我儕とともにある者は彼等とともにある者よりも多しと
Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro na yɛwɔ ɛdɔm sene wɔn.”
17 ヱリシヤ祈りて願くはヱホバかれの目を開きて見させたまへと言ければヱホバその少者の眼を開きたまへり彼すなはち見るに火の馬と火の車山に盈てエリシヤの四面に在り
Afei, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, bue nʼani na ma ɔnhunu adeɛ,” Awurade buee ne ɔsomfoɔ ani, na ɔpagyaa nʼani no, ɔhunuu sɛ Elisa nkyɛn mu a ɛkyerɛ bepɔ no, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam na ayɛ hɔ ma.
18 スリア人エリシヤの所に下りいたれる時エリシヤ、ヱホバに祈りて言ふ願くは此人々をして目昏しめたまへと即ちエリシヤの言のごとくにその目を昏しめたまへり
Ɛberɛ a Aramfoɔ asraadɔm bɔ puaa wɔn no, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, mesrɛ wo, ma wɔn ani mfirafira.” Na Awurade yɛɛ deɛ Elisa bisaeɛ no.
19 是においてエリシヤ彼らに言けるは是はその途にあらず是はその城にもあらず我に從ひて來れ我汝らを汝らが尋ぬる人の所に携ゆかんとて彼等をサマリヤにひき至れり
Na Elisa firii adi, kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moafa ɛkwan bɔne so aba. Ɛnyɛ kuro a morehwehwɛ no ni. Monni mʼakyi, na mede mo bɛkɔ onipa a morehwehwɛ no no nkyɛn.” Na ɔdii wɔn anim kɔduruu Samaria.
20 彼等がサマリヤに至りし時エリシヤ言けるはヱホバよ此人々の目をひらきて見させたまへと即ちヱホバかれらの目を開きたまひたれば彼等見るにその身はサマリヤの中にあり
Na wɔduruu Samaria pɛ, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, afei bue wɔn ani, na ma wɔnhunu adeɛ.” Na Awurade yɛeɛ, na wɔhunuu sɛ wɔwɔ Samaria.
21 イスラエルの王かれらを見てエリシヤに言けるはわが父よ我撃殺すべきや撃殺すべきや
Ɛberɛ a Israelhene hunuu wɔn no, ɔteaam, bisaa Elisa sɛ, “Mʼagya, menkunkum wɔn anaa?”
22 エリシヤ答けるは撃殺すべからず汝劍と弓をもて擄にせる者等を撃殺すことを爲んやパンと水と彼らの前にそなへて食飮せしめてその主君に往しむべきなり
Elisa buaa no sɛ, “Dabi. Ɛsɛ sɛ yɛkunkum ɔko mu nnommumfoɔ anaa? Ma wɔn aduane ne nsuo, na ma wɔnsane nkɔ wɔn wura nkyɛn wɔ wɔn kurom.”
23 王すなはちかれらの爲に大なる饗宴をまうけ其食飮ををはるに及びてこれを去しめたればすなはち其主君に歸れり是をもてスリアの兵ふたたびイスラエルの地に入ざりき
Enti, ɔhene no too wɔn ɛpono kɛseɛ, ma wɔsane kɔɔ wɔn ɔhene nkyɛn wɔ wɔn kurom. Ɛno akyi, Aramfoɔ ntohyɛsofoɔ no twee wɔn ho firii Israel asase ho koraa.
24 此後スリアの王ベネハダデその全軍を集めて上りきたりてサマリヤを攻圍みければ
Akyire no, Aramhene Ben-Hadad boaboaa nʼakodɔm nyinaa ano, de wɔn kɔtuaa Samaria.
25 サマリヤ大に糧食に乏しくなれり即ちかれら之を攻かこみたれば遂に驢馬の頭一箇は銀八十枚にいたり鳩の糞一カブの四分の一は銀五枚にいたる
Ɛbaa saa no, ɛkɔm kɛseɛ baa kuro no mu. Ɛyɛɛ kakra no, na wɔtɔn afunumu ti dwetɛ kilogram baako, ɛnna wɔtɔn aborɔnoma bini kuruwa ma dwetɛ gram aduonum nwɔtwe.
26 茲にイスラエルの王石垣の上を通りをる時一人の婦人かれに呼はりて我主王よ助けたまへと言ければ
Ɛda bi a Israelhene nam kuro no ɔfasuo ho no, ɔbaa bi kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ, “Me wura ɔhene, mesrɛ wo, boa me.”
27 彼言ふヱホバもし汝を助けたまはずば我何をもてか汝を助くることを得ん禾場の物をもてせんか酒榨の中の物をもてせんか
Ɔbuaa no sɛ, “Sɛ Awurade ammoa wo a, ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ? Menni aduane anaa nsa a mede bɛma wo.”
28 王すなはち婦に何事なるやと言ば答へて言ふ此婦人我にむかひ汝の子を與へよ我儕今日これを食ひて明日わが子を食ふべしと言り
Ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn asɛm?” Ɔbuaa sɛ, “Saa ɔbaa yi kaa sɛ, yɛnwe me babarima da bi, na adeɛ kye a, yɛawe ɔno nso deɛ.
29 斯われら吾子を煮てこれを食ひけるが我次の日にいたりて彼にむかひ汝の子を與へよ我儕これを食はんと言しに彼その子を隱したり
Enti, yɛnoaa me babarima weeɛ. Afei, adeɛ kyeeɛ no, meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Kum wo babarima no ma yɛnwe,’ nanso, na ɔde no akɔsie.”
30 王その婦人の言を聞て衣を裂き而して石垣の上を通りをりしが民これを見るにその膚に麻布を著居たり
Na ɔhene no tee saa asɛm yi, ɔde anibiannasoɔ sunsuanee ne ntadeɛ mu. Na ɔhene no nam ɔfasuo no ho no, nnipa no hunuu sɛ ɔhyɛ ayitadeɛ wɔ nʼase.
31 王言けるは今日シヤパテの子エリシヤの首その身の上にすわりをらば神われに斯なしまた重ねてかく成たまへ
Ɔhene no kaa ntam sɛ, “Sɛ ɛnnɛ mankum Safat babarima Elisa a, Onyankopɔn nku me.”
32 時にエリシヤはその家に坐しをり長老等これと共に坐し居る王すなはち己の所より人を遣しけるがエリシヤはその使者の未だ己にいたらざる前に長老等に言ふ汝等この人を殺す者の子が我の首をとらんとて人を遣はすを見るや汝等觀てその使者至らば戸を閉てこれを戸の内にいるるなかれ彼の主君の足音その後にするにあらずやと
Elisa te ne fie a ɔne Israel mpanimfoɔ reyɛ nhyiamu na ɔhene somaa abɔfoɔ kɔfrɛɛ no. Nanso, ansa na abɔfoɔ no rebɛduru no, Elisa ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ, “Owudifoɔ asoma ɔbarima bi sɛ ɔmmɛkum me. Sɛ ɔduru ha a, to ɛpono no mu, na ɔnka akyire. Na ɛrenkyɛre ne wura no bɛdi nʼakyi aba.”
33 斯彼等と語をる間にその使者かれの許に來りしが王もつづいて來り言けるは此災はヱホバより出たるなり我なんぞ此上ヱホバを待べけんや
Elisa gu so rekasa no, ɔbɔfoɔ no baeɛ. Na ɔhene no kaa sɛ, “Ɛyɛ Awurade na ɔde saa ɔhaw yi abrɛ yɛn! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mekɔ so twɛn Awurade?”

< 列王記Ⅱ 6 >