< 歴代誌Ⅱ 2 >

1 茲にソロモン、ヱホバの名のために一の家を建てまた己の國のために一の家を建んとし
Afei, Salomo dwenee sɛ ɛberɛ a ɛsɛ sɛ ɔsi Awurade Asɔredan no ne nʼankasa nʼahemfie no aso.
2 ソロモンすなはち荷を負べき者七萬人山において木や石を斫べき者八萬人是等を監督すべき者三千六百人を數へ出せり
Ɔfaa apaafoɔ ɔpeduɔson, abotwafoɔ ɔpeduɔwɔtwe firii bepɔ so aman mu ne nnipa mpem mmiɛnsa ne ahansia a wɔdi adwuma no anim.
3 ソロモンまづツロの王ヒラムに人を遣して言しめけるは汝はわが父ダビデにその住むべき家を建る香柏をおくれり請ふ彼になせしごとく亦我にもせよ
Salomo too saa nkra yi kɔmaa Tirohene Huram: “Brɛ me ntweneduro nnua te sɛ deɛ wɔde brɛɛ mʼagya Dawid ɛberɛ a na ɔresi nʼahemfie no.
4 今我わが神ヱホバの名のために一の家を建て之を聖別て彼に奉つり彼の前に馨しき香を焚き常に供前のパンを供へ燔祭を朝夕に献げまた安息日月朔ならびに我らの神ヱホバの節期などに献げんとす是はイスラエルの永く行ふべき事なればなり
Merebɛsi Asɔredan ahyɛ Awurade, me Onyankopɔn din animuonyam. Ɛbɛyɛ beaeɛ bi a wɔayi asi hɔ sɛ wɔnhye nnuhwam ne kurobo wɔ nʼanim, nna afɔrebɔdeɛ burodo sononko no adi, na wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ahodoɔ homeda biara, anɔpa ne anwummerɛ, Ɔbosome Foforɔ biara afahyɛ ahodoɔ ne Awurade yɛn Onyankopɔn nnapɔnna biara. Ɔno na wahyɛ Israel sɛ wɔnyɛ saa nneɛma yi daa daa.
5 我建る家は大なり其は我らの神は諸の神よりも大なればなり
“Yei bɛyɛ Asɔredan a ɛso na ɛyɛ fɛ, ɛfiri sɛ, yɛn Onyankopɔn no yɛ ɔnwanwani a ɔso kyɛn ɔfoforɔ biara.
6 然ながら天も諸天の天も彼を容ること能はざれば誰か彼のために家を建ることを得んや我は何人ぞや爭か彼のために家を建ることを得ん唯彼の前に香を焚くためのみ
Hwan na ɔbɛtumi asi efie a ɛfata ama no? Ɔsorosoro mpo ntumi nkora no. Na me sɛɛ ne hwan a mɛsi asɔredan ama no? Deɛ mɛtumi ayɛ ara ne sɛ mɛsi baabi a wɔbɛbɔ afɔdeɛ ama no.
7 然ば請ふ今金銀銅鐵の細工および紫赤靑の製造に精しく雕刻の術に巧なる工人一箇を我に遣り我父ダビデが備へおきたるユダとヱルサレムのわが工人とともに操作しめよ
“Enti, ma me odwumfoɔ a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a ɔbɛtumi de sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ ne nnadeɛ adi adwini; obi a ɔnim sɛdeɛ wɔhyɛ ntoma aduro ma ɛyɛ bibire, kɔkɔɔ ne tuntum ma ɛyɛ fɛ yie ne nsemayifoɔ a wakwadare adwuma mu, a ɔne Yuda ne Yerusalem adwumfoɔ a mʼagya Dawid yii wɔn no bɛyɛ adwuma.
8 請ふ汝また香柏松木および白檀をレバノンより我におくれ我なんぢの僕等がレバノンにて木を斫ることを善するを知るなり我僕また汝の僕と共に操作べし
“Afei, fa ntweneduro, pepeaa ne ɔbako nnua firi Lebanon brɛ me, ɛfiri sɛ, menim sɛ wo mmarima no akyi, obi nni hɔ wɔ nnuabuo mu, na mɛsoma me mmarima na wɔabɛboa wɔn.
9 是のごとくして我ために材木を多く備へしめよ其は我が建んとする家は高大を極むる者なるべければなり
Asɔredan a merebɛsi no kɛseɛ ne ne fɛ a ɛbɛyɛ enti, nnua bebree ho bɛhia me.
10 我は木を斫る汝の僕に搗麥二萬石大麥二萬石酒二萬バテ油二萬バテを與ふべしと
Mede atokoɔ susukora ɔpeduonu, nsã gyare ɔpeduonu ne edu ne ngo ɔpeduonu bɛtua wo mmarima no ka.”
11 是においてツロの王ヒラム書をソロモンにおくりて之に答へて云ふヱホバその民を愛するが故に汝をもて之が王となせりと
Ɛnna ɔhene Huram twerɛɛ saa mmuaeɛ yi de kɔmaa Salomo: “Esiane sɛ Awurade dɔ ne nkurɔfoɔ enti na ɔde wo asi wɔn so ɔhene.
12 ヒラムまた言けるは天地の造主なるイスラエルの神ヱホバは讃べきかな彼はダビデ王に賢き子を與へて之に分別と才智とを賦け之をしてヱホバのために家を建てまた己の國のために家を建ることを得せしむ 今我わが達人ヒラムといふ才智ある工人一人を汝におくる
“Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn a ɔbɔɔ soro ne asase! Wama Dawid ɔba nyansafoɔ a wadom no adwene ne nteaseɛ a ɔbɛsi Asɔredan ama Awurade ne ahemfie ama nʼankasa ho.
“Merebrɛ wo odwumfoɔ a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a wɔfrɛ no Huram-Abi. Ɔyɛ onyansafoɔ mapa
14 彼はダンの子孫たる婦の產る者にて其父はツロの人なるが金銀銅鐵木石の細工および紫布靑布細布赤布の織法に精しく又能く各種の雕刻を爲し奇巧を凝して諸の工をなすなり然ば彼を用ひてなんぢの工人および汝の父わが主ダビデの工人とともに操作しめよ
a ɔyɛ ɔbaa bi a ɔfiri Dan a ɛwɔ Israel babarima; nʼagya nso firi Tiro. Ɔyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ ne nnadeɛ dwumfoɔ mapa. Na ɔwɔ abotwa, nnua adwinnie ne ntomanwono ho nyansa nso. Ɔyɛ ɔbenfoɔ wɔ ntoma bibire, tuntum ne kɔkɔɔ hyɛ mu. Na ɔtumi de serekyetam di dwuma nso. Afei nso, ɔyɛ nsemayifoɔ a ɔtumi di adwini biara a wɔde ma no. Ɔne wʼadwumfoɔ ne wɔn a me wura Dawid a ɔyɛ wʼagya no yii wɔn no bɛyɛ adwuma.
15 是については我主の宣まへる小麥大麥油および酒をその僕等に遣りたまへ
“Fa atokoɔ, ngo ne nsã a wokaa ho asɛm no bra.
16 汝の凡て需むるごとく我らレバノンより木を斫いだしこれを筏にくみて海よりヨツバにおくるべければ汝これをヱルサレムに運びのぼりたまへと
Nnua biara a ɛho hia no, yɛbɛtwa afiri Lebanon mmepɔ so, na yɛde ayɛ mpata agu nsuo ani, firi Ntam Ɛpo no mpoano akɔsi Yopa. Na ɛfiri hɔ no, wobɛtumi de akɔ Yerusalem.”
17 ここにおいてソロモンその父ダビデが核數しごとくイスラエルの國にをる異邦人をことごとく核數みるに合せて十五萬三千六百人ありければ
Salomo kan ahɔhoɔ dodoɔ a wɔwɔ Israel asase so, te sɛ deɛ nʼagya kenkanee nnipa no. Ɔnyaa nnipa ɔpeha aduonum mmiɛnsa ne ahansia.
18 その七萬人をもて荷を負ふ者となし八萬人をもて山にて木や石を斫る者となし三千六百人をもて民を操作かしむる監督者となせり
Ɔmaa wɔn mu ɔpeduɔson yɛɛ apaafoɔ. Wɔn mu ɔpeduɔwɔtwe yɛɛ abotwafoɔ wɔ wɔn mmepɔ nkuro no so, ɛnna wɔn mu mpem mmiɛnsa ne ahansia yɛɛ wɔn a wɔdi nnwuma no anim.

< 歴代誌Ⅱ 2 >