< 歴代誌Ⅱ 1 >

1 ダビデの子ソロモン堅くその國にたてりその神ヱホバこれとともに在して之を甚だ大ならしめたまひき
Ɔhene Dawid babarima Salomo sɔɔ ahennie no mu den, ɛfiri sɛ Awurade, ne Onyankopɔn kaa ne ho maa no tumi a ɛso.
2 茲にソロモン、イスラエルの一切の人々すなはち千人の長百人の長裁判人ならびにイスラエルの全地の諸の牧伯等宗家の長などに告る所あり
Ɔfrɛɛ Israel nyinaa, asahene ne asraadɔm ntuanofoɔ, atemmufoɔ, amanyɛ ne mmusua ntuanofoɔ nyinaa.
3 而してソロモンおよび全會衆ともにギベオンなる崇邱に往りヱホバの僕モーセが荒野にて作りたる神の集會の幕屋かしこにあればなり
Na Salomo dii nnipa no nyinaa anim kɔɔ bepɔ Gibeon so hɔ baabi a wɔde Onyankopɔn Ahyiaeɛ Ntomadan no asie. Yei yɛ Ntomadan a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ sii wɔ ɛserɛ no so no.
4 されど神の契約の櫃はダビデすでにキリアテヤリムよりこれが爲に備へたる處に携へ上れりダビデ曩にヱルサレムにて之が爲に幕屋を張まうけたりき
Na Dawid ayi Onyankopɔn Adaka no afiri Kiriat-Yearim de kɔ ntomadan sononko bi a wasi wɔ Yerusalem mu.
5 またホルの子ウリの子なるベザレルが作りたる銅の壇彼處においてヱホバの幕屋の前にありソロモンおよび會衆これに就きて求む
Nanso, na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a Hur nana a ɔyɛ Uri babarima Besaleel siiɛ no da so wɔ Gibeon, wɔ Awurade Asɔredan no anim. Enti, Salomo ne nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ hɔ, bisaa Awurade akwankyerɛ.
6 即ちソロモン彼處に上りゆき集會の幕屋の中にあるヱホバの前なる銅の壇に就き燔祭一千を其上に献げたり
Hyiadan no anim hɔ, Salomo foro kɔɔ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho wɔ Awurade anim, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ahodoɔ apem wɔ so.
7 その夜神ソロモンに顯れてこれに言たまひけるは我なんぢに何を與ふべきか求めよ
Ɛda no anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ daeɛ mu kyerɛɛ Salomo, bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo!”
8 ソロモン神に申しけるは汝は我父ダビデに大なる恩惠をほどこし又我をして彼に代りて王とならしめたまへり
Salomo buaa Onyankopɔn sɛ, “Wodii mʼagya Dawid nokorɛ na woyɛɛ no adɔeɛ, na afei wode me asi nʼanan mu sɛ ɔhene.
9 今ヱホバ神よ願くは我父ダビデに宣ひし事を堅うしたまへ其は汝地の塵のごとき衆多の民の上に我を王となしたまへばなり
Na afei Awurade Onyankopɔn, mesrɛ wo di ɛbɔ a wohyɛɛ mʼagya Dawid no so, ɛfiri sɛ wode me asi nnipa a wɔn dodoɔ te sɛ asase so mfuturo so ɔhene.
10 我が此民の前に出入することを得んために今我に智慧と智識とを與へたまへ斯のごとき大なる汝の民を誰か鞫きえんや
Ma me nyansa ne nimdeɛ, na memfa nni wɔn so yie, na hwan koraa na ɔbɛtumi adi wo ɔman kɛseɛ sei so?”
11 神ソロモンに言たまひけるは此事なんぢの心にあり汝は富有をも財寶をも尊貴をも汝を惡む者の生命をも求めずまた壽長からんことをも求めず惟智慧と智識とを己のためにもとめて我が汝を王となしたる我民を鞫かんとすれば
Onyankopɔn ka kyerɛɛ Salomo sɛ, “Esiane sɛ wʼahiasɛm kɛseɛ ne sɛ wopɛ sɛ woboa wo manfoɔ, na woammisa ahodeɛ, animuonyam anaa wʼatamfoɔ wuo anaa nkwa tenten, na mmom, wobisaa nyansa ne nimdeɛ a wode bɛdi me nkurɔfoɔ so yie enti,
12 智慧と智識は已に汝に授かれり我また汝の前の王等の未だ得たること有ざる程の富有と財寳と尊貴とを汝に與へん汝の後の者もまた是のごときを得ざるべし
mɛma wo nyansa ne nimdeɛ a wobisaeɛ no. Afei, mɛma wo sika, ahodeɛ ne animuonyam a ɔhene biara a wadi wʼanim no nnyaa bi da, nanso ɔrennya no saa da biara da.”
13 斯てソロモンはギベオンの崇邱を去り集會の幕屋の前を去りてヱルサレムに歸りイスラエルを治めたり
Na Salomo firii hyiadan a ɛwɔ Gibeon bepɔ no so no mu sane kɔɔ Yerusalem kɔdii ɔhene wɔ Israel so.
14 ソロモン戰車と騎兵とを集めしに戰車一千四百輛騎兵一萬二千人ありきソロモンこれを戰車の邑々に置き又ヱルサレムにて王の所に置り
Salomo boaboaa asraadɔm a wɔdɔɔso yie a na nteaseɛnamkafoɔ apem ahanan ne apɔnkɔ ɔpedumienu ka ho ano. Ɔmaa wɔn mu dodoɔ no tenaa nteaseɛnam nkuropɔn mu, na ebi nso tena bɛnee no wɔ Yerusalem.
15 王銀と金とを石のごとくヱルサレムに多からしめまた香柏を平野の桑樹のごとく多からしめたり
Salomo ɛberɛ so no, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ buu so sɛ aboɔ wɔ Yerusalem. Na ntweneduro aboɔden nnua nso buu so sɛ akyee nnua a na abu so wɔ Yuda mmepɔ ayaase no.
16 ソロモンの有る馬は皆エジプトよりひききたれり王の商買一群一群となして之を取いだし群ごとに價金をはらへり
Na wɔkra Salomo apɔnkɔ no firi Misraim ne Kilikia, ɛfiri sɛ, na ɔhene adwadifoɔ no nya no yie wɔ Kilikia.
17 エジプトより取いだして携へ上る戰車一輛は銀六百馬一匹は百五十なりき是のごとくヘテ人の諸の王等およびスリアの王等のためにもその手をもて取いだせり
Saa ɛberɛ no, na wɔtumi tɔ Misraim nteaseɛnam a wɔde ba Yerusalem no nnwetɛbena kilogram nson, na apɔnkɔ nso, wɔtumi tɔ no nnwetɛbena kilogram mmienu. Wɔn nso kɔtontɔnn wɔn mu pii nso maa Hetifoɔ ne Aram ahemfo.

< 歴代誌Ⅱ 1 >