< サムエル記Ⅰ 21 >

1 ダビデ、ノブにゆきて祭司アヒメレクにいたるアヒメレク懼れてダビデを迎へこれにいひけるは汝なんぞ獨にして誰も汝とともならざるや
Dawid kɔɔ Nob ɔsɔfoɔ Ahimelek nkyɛn. Ɛberɛ a ɔsɔfoɔ Ahimelek hunuu no no, ne ho popoeɛ. Ɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na aka wo nko? Adɛn enti na obi nka wo ho?”
2 ダビデ祭司アヒメレクにいふ王我に一の事を命じて我にいふ我が汝を遣はすところの事およびわが汝に命じたる所については何をも人にしらするなかれと我某處に我少者を出おけり
Dawid buaa ɔsɔfoɔ Ahimelek sɛ, “Ɔhene somaa me kokoamsɛm bi ho. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, mennka deɛ enti a mewɔ ha nkyerɛ obiara. Makyerɛ baabi a me mmarima nhyia me akyire yi.
3 いま何か汝の手にあるや我手に五のパンか或はなににてもある所を與よ
Afei, ɛdeɛn na ɛwɔ hɔ a mɛnya adi? Ma me burodo mua enum anaa biribiara a wowɔ.”
4 祭司ダビデに對ていひけるは常のパンはわが手になしされど若し少者婦女をだに愼みてありしならば聖きパンあるなりと
Na ɔsɔfoɔ no buaa Dawid sɛ, “Menni burodo teta yi bi wɔ ha. Burodo kronkron deɛ, ebi wɔ ha, nanso mede bɛma wo a, gye sɛ mmarima no ne mmaa bi nnaa nnansa yi.”
5 ダビデ祭司に對へていひけるは實にわがいでしより此三日は婦女われらにちかづかず且少者等の器は潔し又パンは常の物のごとし今日器に潔きパンあれば殊に然と
Dawid buaa sɛ, “Mma hwee nha wo. Sɛ me mmarima no kɔdi dwuma bi baabi a, memmma wɔn kwan mma wɔmmfa wɔn ho nka mmaa. Na sɛ wɔtena ase kronn wɔ akwantuo teta mu a, adɛn enti na saa dwumadie a ɛho hia yie yi, wɔntumi ntena kronnyɛ mu.”
6 祭司かれに聖きパンを與たり其はかしこに供前のパンの外はパン无りければなり即ち其パンは下る日に熱きパンをささげんとて之をヱホバのまへより取されるなり
Na ɛsiane sɛ aduane foforɔ biara nni hɔ no enti, ɔsɔfoɔ no de burodo kronkron a wɔde burodohyew asi ananmu wɔ Awurade hyiadan no mu maa Dawid.
7 其日かしこにサウルの僕一人留められてヱホバのまへにあり其名をドエグといふエドミ人にしてサウルの牧者の長なり
Doeg, Edomni a ɔyɛ Saulo nantwikafoɔ panin no kɔdwiraa ne ho wɔ Awurade anim saa ɛda no.
8 ダビデまたアヒメレクにいふ此に汝の手に槍か劍あらぬか王の事急なるによりて我は刀も武器も携へざりしと
Dawid bisaa Ahimelek sɛ, “Wowɔ pea anaa akofena? Ɔhene adwuma no ho hia a na ɛhia enti, mannya berɛ amfa akodeɛ biara.”
9 祭司いひけるは汝がエラの谷にて殺したるペリシテ人ゴリアテの劍布に裏みてエポデの後にあり汝もし之をとらんとおもはば取れ此にはほかの劍なしダビデいひけるはそれにまさるものなし我にあたへよと
Ɔsɔfoɔ no buaa sɛ, “Akofena a mewɔ ara yɛ Filistini Goliat a wokumm no wɔ Ela bɔnhwa mu no dea. Wɔde ntoma akyekyere ho da asɔfotadeɛ no akyi. Sɛ wopɛ a, fa ɛno, ɛfiri sɛ, biribiara nni ha bio.” Dawid buaa sɛ, “Biribiara nkyɛn no. Fa ma me.”
10 ダビデ其日サウルをおそれて立てガテの王アキシのところに逃げゆきぬ
Na Dawid dwanee firi Saulo hɔ, kɔɔ Gathene Akis nkyɛn.
11 アキシの臣僕アキシに曰けるは此は其地の王ダビデにあらずや人々舞踏のうちにこの人のことを歌ひあひてサウルは千をうちころしダビデは萬をうちころすといひしにあらずや
Nanso, na Akis mpanimfoɔ no ho ntɔ wɔn sɛ ɔwɔ hɔ. Wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ saa Dawid yi na ɔyɛ asase yi so ɔhene no? Ɛnyɛ ɔno na nnipa nam asa ne nnwontoɔ so hyɛɛ no animuonyam sɛ, ‘Saulo akum ne mpempem na Dawid nso akum ɔpedupedu no?’”
12 ダビデこの言を心に蔵め深くガテの王アキシをおそれ
Dawid tee saa akekakeka yi no, ɔsuroo sɛ ebia ɔhene Akis bɛyɛ no biribi.
13 人々のまへに佯て其氣を變じ執はれて狂人のさまをなし門の扉に書き其涎沫を鬚にながれくだらしむ
Ɛno enti, ɔhyɛɛ da yɛɛ ne ho sɛ bɔdamfoɔ, ɔwerɛwerɛɛ apono ho maa ntasuo tene faa nʼabɔgyesɛ mu.
14 アキシ僕に云けるは汝らの見るごとく此人は狂人なり何ぞかれを我にひき來るや
Deɛ ɛdi akyire ne sɛ, ɔhene Akis ka kyerɛɛ ne mmarima sɛ, “Bɔdamfoɔ na ɛsɛ sɛ mode no brɛ me?
15 我なんぞ狂人を須ひんや汝ら此者を引きたりてわがまへに狂しめんとするや此者なんぞ吾が家にいるべけんや
Yɛwɔ pii wɔ ha dada! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mema obi a ɔte sɛɛ yi bɛyɛ me ɔhɔhoɔ?”

< サムエル記Ⅰ 21 >