< Exodus 33 >

1 And the LORD said to Moses, Depart, and go up from here, thou and the people which thou hast brought out of the land of Egypt, to the land which I swore to Abraham, to Isaac, and to Jacob, saying, To thy seed will I give it:
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Di saa nnipa a wode wɔn fi Misraim asase so no anim kɔ asase a mede hyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob bɔ no so, efisɛ mekae se, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefo.’
2 And I will send an angel before thee; and I will drive out the Canaanite, the Amorite, and the Hittite, and the Perizzite, the Hivite, and the Jebusite:
Mɛsoma ɔbɔfo adi wʼanim na wapam Kanaanfo, Amorifo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo.
3 To a land flowing with milk and honey: for I will not go up in the midst of thee; for thou art a stiffnecked people: lest I consume thee in the way.
Ɛyɛ asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so. Na me ne mo rentu saa kwan no efisɛ moyɛ nnipa a mo aso yɛ den, na anyɛ a na makɔsɛe mo wɔ ɔkwan so.”
4 And when the people heard these evil tidings, they mourned: and no man put on him his ornaments.
Nnipa yi tee saa nsɛnhyew yi no, wotwaa agyaadwo na wɔworɔworɔw wɔn ho nkaa ne nnwinne nyinaa.
5 For the LORD had said to Moses, Say to the children of Israel, Ye are a stiffnecked people: I will come up into the midst of thee in a moment, and consume thee: therefore now put off thy ornaments from thee, that I may know what to do to thee.
Awurade ka kyerɛɛ Mose se ɔnka nkyerɛ wɔn se, “Moyɛ nnipa a mo aso yɛ den. Na sɛ me ne mo tena bɛyɛ simma baako pɛ koraa mpo a, anyɛ a na matɔre mo ase. Monworɔworɔw mo nkaa ne mo nnwinne a mohyehyɛ no nyinaa na mehu nea mɛyɛ mo.”
6 And the children of Israel stripped themselves of their ornaments by the mount Horeb.
Eyi akyi no, obiara worɔw ne nnwinne wɔ Bepɔw Horeb so.
7 And Moses took the tabernacle, and pitched it outside the camp, far from the camp, and called it the Tabernacle of the congregation. And it came to pass, that every one who sought the LORD went out to the tabernacle of the congregation, which was outside the camp.
Na Mose sii ahyiae ntamadan wɔ nsraban no akyi a obiara a ɔpɛ sɛ ɔne Awurade di nkitaho no kɔ hɔ. Wɔtoo dan no din Ahyiae.
8 And it came to pass, when Moses went out to the tabernacle, that all the people rose, and stood every man at his tent door, and looked after Moses, until he had gone into the tabernacle.
Bere biara a Mose bɛkɔ Ahyiae Ntamadan no mu no, nnipa no nyinaa sɔre begyina wɔn ntamadan no ano hwɛ no kosi sɛ obedu ɔdan no ano.
9 And it came to pass, as Moses entered into the tabernacle, the cloudy pillar descended, and stood at the door of the tabernacle, and the LORD talked with Moses.
Ɔrewura mu a, omununkum fadum behyia no wɔ ɔkwan no ano na Awurade nam mu ne Mose akasa.
10 And all the people saw the cloudy pillar stand at the tabernacle door: and all the people rose and worshipped, every man in his tent door.
Bere biara a nnipa no behu omununkum fadum no sɛ egyina ntamadan no pon ano no, wɔn nyinaa bɛsɔre akotow nea wobehu wɔ wɔn ntamadan no pon ano no.
11 And the LORD spoke to Moses face to face, as a man speaketh to his friend. And he turned again into the camp: but his servant Joshua, the son of Nun, a young man, departed not out of the tabernacle.
Ɔdan no mu, na Awurade kasa kyerɛ Mose anim ne anim, sɛnea obi ne nʼadamfo di nkɔmmɔ. Na sɛ Mose san kɔ nsraban no hɔ a, aberante a ɔboa no a wɔfrɛ no Yosua (Nun ba) no de, ɔtena Ahyiae Ntamadan no mu ara kosi sɛ Mose bɛsan aba.
12 And Moses said to the LORD, See, thou sayest to me, Bring up this people: and thou hast not let me know whom thou wilt send with me. Yet thou hast said, I know thee by name, and thou hast also found grace in my sight.
Mose ka kyerɛɛ Awurade se, “Daa woka kyerɛ me se, ‘Fa saa nnipa yi kɔ bɔhyɛ asase no so, nanso wonkyerɛɛ me onipa a ɔnka me ho ne me nkɔ. Wuse woyɛ mʼadamfo a woayɛ me adɔe bebree.’
13 Now therefore, I pray thee, if I have found grace in thy sight, show me now thy way, that I may know thee, that I may find grace in thy sight: and consider that this nation is thy people.
Na sɛ saa na ɛte a, di mʼanim kyerɛ me faako a ɛyɛ wo pɛ sɛ mefa na ama mate wo ase na mafa wo kwan so pɛpɛɛpɛ. Na mma wo werɛ mfi sɛ saa ɔman yi yɛ wo nkurɔfo.”
14 And he said, My presence shall go with thee, and I will give thee rest.
Na Awurade buaa no se, “Mʼankasa me ne wo bɛkɔ na woadi nkonim.”
15 And he said to him, If thy presence go not with me, lead us not up from here.
Nanso Mose kae se, “Sɛ wo ne yɛn renkɔ de a, mma yemmfi ha nnkɔ.
16 For how then shall it be known here that I and thy people have found grace in thy sight? is it not in that thou goest with us? so shall we be separated, I and thy people, from all the people that are upon the face of the earth.
Sɛ wo ne yɛn ankɔ a, hena na obehu sɛ me ne me nkurɔfo anya wo hɔ adom a ama nsonoe abɛda yɛn ne asase sofo a wɔaka no ntam?”
17 And the LORD said to Moses, I will do this thing also that thou hast spoken: for thou hast found grace in my sight, and I know thee by name.
Awurade buaa Mose se, “Ampa ara, mɛyɛ wʼabisade ama wo, efisɛ woanya ahummɔbɔ afi me nkyɛn na woyɛ mʼadamfo.”
18 And he said, I beseech thee, show me thy glory.
Na Mose srɛɛ sɛ ɔpɛ sɛ ohu Onyankopɔn anuonyam.
19 And he said, I will make all my goodness pass before thee, and I will proclaim the name of the LORD before thee; and will be gracious to whom I will be gracious, and will show mercy on whom I will show mercy.
Awurade buae se, “Mɛma mo ahu mʼadɔe, na mɛbɔ me din Awurade no akyerɛ mo. Nea mepɛ sɛ mihu no mmɔbɔ no, mehu no mmɔbɔ, na nea mepɛ sɛ meyɛ no adɔe nso, mɛyɛ no adɔe.
20 And he said, Thou canst not see my face: for there shall no man see me, and live.
Nanso morenhu mʼanuonyam, efisɛ obiara renhu mʼanim ntena nkwa mu.
21 And the LORD said, Behold, there is a place by me, and thou shalt stand upon a rock:
“Nanso gyina ɔbotan yi so wɔ me nkyɛn ha.
22 And it shall come to pass, while my glory passeth by, that I will put thee in a cleft of the rock, and will cover thee with my hand while I pass by:
Na sɛ mʼanuonyam resen a, mede wo bɛhyɛ ɔbotan no mu na mede me nsa akata wo so akosi sɛ metwa mu.
23 And I will take away my hand, and thou shalt see my back parts: but my face shall not be seen.
Afei, meyi me nsa na woahu mʼakyi, na mʼanim de, ɛnsɛ sɛ wohu.”

< Exodus 33 >