< Exodus 32 >

1 And when the people saw that Moses delayed to come down from the mount, the people gathered themselves together to Aaron, and said to him, Arise, make us gods, which shall go before us; for as for this Moses, the man that brought us out of the land of Egypt, we know not what is become of him.
Mose kyɛe wɔ bepɔw no so saa no, nnipa no nyinaa kɔɔ Aaron so kɔka kyerɛɛ no se, “Ntɛm, yɛ anyame a wobedi yɛn anim ma yɛn, efisɛ yenhu baabi a Mose a odii yɛn anim de yɛn fi Misraim asase so baa ha no afa; ebia na biribi ayɛ no.”
2 And Aaron said to them, Break off the golden earrings, which are in the ears of your wives, of your sons, and of your daughters, and bring them to me.
Aaron nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Munyiyi mo sika nsonkaa nyinaa mmra.”
3 And all the people broke off the golden earrings which were in their ears, and brought them to Aaron.
Wɔn nyinaa yiyii wɔn nsonkaa brɛɛ Aaron.
4 And he received them at their hand, and fashioned it with an engraving tool, after he had made it a molten calf: and they said, These are thy gods, O Israel, which brought thee out of the land of Egypt.
Aaron nan sikakɔkɔɔ nsonkaa no, na ɔde oguu nantwi ba ohoni. Nnipa no nyinaa kae se, “Israel, oyi ne mo nyame a oyii mo fii Misraim asase so bae no.”
5 And when Aaron saw it, he built an altar before it; and Aaron made proclamation, and said, To morrow is a feast to the LORD.
Aaron huu sɛ nnipa no ani agye sika nantwi ba ohoni no ho no, osii afɔremuka sii nantwi ba no anim kae se, “Ɔkyena yɛbɛhyɛ fa ama Awurade.”
6 And they rose early on the next morning, and offered burnt offerings, and brought peace offerings; and the people sat down to eat and to drink, and rose up to play.
Wɔsɔree anɔpahema fii ase bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre de maa nantwi ba ohoni no. Ɛno akyi no, wɔtoo pon kɛse, didi nomee, goruu abosongoru, yɛɛ ahuhude.
7 And the LORD said to Moses, Go, go down; for thy people, which thou broughtest out of the land of Egypt, have corrupted themselves:
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Yɛ ntɛm na sian kɔ wo nkurɔfo a wode wɔn fi Misraim asase so bae no nkyɛn, efisɛ wɔagu wɔn ho fi,
8 They have turned aside quickly from the way which I commanded them: they have made them a molten calf, and have worshipped it, and have sacrificed to it, and said, These are thy gods, O Israel, which have brought thee out of the land of Egypt.
na wɔabu me mmara nyinaa nso so. Wɔabɔ sika nantwi ba a wɔsom no, asan abɔ afɔre nso ama no aka se, ‘Israel, oyi ne mo nyame a oyii mo fii Misraim asase so bae no.’”
9 And the LORD said to Moses, I have seen this people, and, behold, it is a stiffnecked people:
Awurade kae se, “Mahu sɛnea saa nnipa yi si yɛ asoɔden na wɔsan yɛ atuatewfo fa.
10 Now therefore let me alone, that my wrath may burn against them, and that I may consume them: and I will make of thee a great nation.
Afei, ma me kwan na memma mʼabufuw nnɛw ntia wɔn mma mensɛe wɔn. Na mɛyɛ wo ɔman kɛse.”
11 And Moses besought the LORD his God, and said, LORD, why doth thy wrath burn against thy people, which thou hast brought forth from the land of Egypt with great power, and with a mighty hand?
Nanso Mose srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ saa. Ɔkɔɔ so se, “Awurade, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wʼabufuw dɛw atia wo ara wo nkurɔfo a wonam anwonwakwan ne wo tumi so yii wɔn fii Misraim asase so yi?
12 Why should the Egyptians speak, and say, For evil did he bring them out, to slay them in the mountains, and to consume them from the face of the earth? Turn from thy fierce wrath, and repent of this evil against thy people.
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Misraimfo no ka se, ‘Onyankopɔn daadaa wɔn sɛ wɔmmra bepɔw no so sɛnea obenya wɔn akum wɔn, atɔre wɔn ase afi asase so?’ Ma wo bo ntɔ wo yam na gyae ɔsɛe a wopɛ sɛ wode ba wo nkurɔfo no so no.
13 Remember Abraham, Isaac, and Israel, thy servants, to whom thou sworest by thine own self, and saidst to them, I will multiply your seed as the stars of heaven, and all this land that I have spoken of will I give to your seed, and they shall inherit it for ever.
Kae bɔ a wohyɛɛ wʼasomfo Abraham, Isak ne Israel no. Wo ara wokaa ntam se, ‘Mɛma mo asefo adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma na mede saa asase a mahyɛ mo ho bɔ yi nyinaa bɛma mo asefo na wɔatena so afebɔɔ.’”
14 And the LORD repented of the evil which he thought to do to his people.
Na Awurade sesaa nʼadwene de wɔn ho kyɛɛ wɔn.
15 And Moses turned, and went down from the mount, and the two tables of the testimony were in his hand: the tables were written on both their sides; on the one side and on the other were they written.
Afei, Mose sian fii bepɔw no so bae a okura Mmaransɛm Du no a wɔakyerɛw agu abo apon abien akyi ne anim no.
16 And the tables were the work of God, and the writing was the writing of God, engraved upon the tables.
Onyankopɔn no ankasa na ɔkyerɛw mmaransɛm no wɔ apon no so.
17 And when Joshua heard the noise of the people as they shouted, he said to Moses, There is a noise of war in the camp.
Bere a Yosua tee sɛ nnipa bi reyɛ gyegyeegye no, ɔka kyerɛɛ Mose se, “Ɛyɛ me sɛ wɔreboaboa wɔn ho akɔ ɔko!”
18 And he said, It is not the voice of them that shout for mastery, neither is it the voice of them that cry for being overcome: but the noise of them that sing do I hear.
Ɛnna Mose nso buaa no se, “Ɛnyɛ nkonimdi mu nnyigyei na ɛnyɛ nkogu de, na mmom, ɛyɛ nnwonto nnyigyei na mete.”
19 And it came to pass, as soon as he came near to the camp, that he saw the calf, and the dancing: and Moses’ anger burned, and he cast the tables from his hands, and broke them beneath the mount.
Wobeduu atenae hɔ, Mose huu nantwi ba no ne asaw a wɔresaw. Enti ɔde abufuwhyew tow kyerɛwapon no hwehwee fam ma ebubuu wɔ bepɔw no ase.
20 And he took the calf which they had made, and burnt it in the fire, and ground it to powder, and scattered it upon the water, and made the children of Israel drink of it.
Ɔfaa nantwi ba no nan no wɔ ogya mu na edwoe no, ɔyam no muhumuhu de guu nsu mu maa nnipa no nomee.
21 And Moses said to Aaron, What did this people to thee, that thou hast brought so great a sin upon them?
Obisaa Aaron se, “Dɛn nko ara na saa nnipa no yɛɛ wo a enti wudii wɔn anim ma wɔyɛɛ saa bɔne kɛse yi?”
22 And Aaron said, Let not the anger of my lord burn: thou knowest the people, that they are set on evil.
Aaron buaa no se, “Mma wo bo mmfuw. Wo ara wunim sɛnea wo nkurɔfo yi yɛ nnipa bɔne fa.
23 For they said to me, Make us gods, which shall go before us: for as for this Moses, the man that brought us out of the land of Egypt, we know not what is become of him.
Wɔn ara na wɔka kyerɛɛ me se, ‘Yɛ onyame bi ma yɛn na ɔnkyerɛ yɛn kwan na yennim nea ayɛ saa Mose a odii yɛn anim fii Misraim no.’
24 And I said to them, Whoever hath any gold, let them break it off. So they gave it to me: then I cast it into the fire, and there came out this calf.
Enti me nso mekae se, ‘Munyiyi mo sikakɔkɔɔ nsonkaa mma me.’ Woyiyi de maa me na mede guu gya mu. Ɛne saa nantwi ba no!”
25 And when Moses saw that the people were naked; (for Aaron had made them naked to their shame among their enemies: )
Mose huu sɛ Aaron ama nnipa no adan aguamammɔfo ama wɔn atamfo anya wɔn no,
26 Then Moses stood in the gate of the camp, and said, Who is on the LORD’S side? let him come to me. And all the sons of Levi gathered themselves together to him.
ogyinaa wɔn atenae hɔ pon no ano teɛɛ mu se, “Mo a mowɔ Awurade afa no, mommra me nkyɛn.” Lewifo no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn.
27 And he said to them, Thus saith the LORD God of Israel, Put every man his sword by his side, and go in and out from gate to gate throughout the camp, and slay every man his brother, and every man his companion, and every man his neighbour.
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade Israel Nyankopɔn se, ‘Momfa mo afoa nhyehyɛ mo ho na munni mo atenae hɔ akɔneaba, na munkunkum mo nuanom, mo nnamfonom ne mo afipamfo.’”
28 And the children of Levi did according to the word of Moses: and there fell of the people that day about three thousand men.
Enti wɔyɛɛ saa maa nnipa bɛyɛ mpensa totɔɔ da no.
29 For Moses had said, Consecrate yourselves to day to the LORD, even every man upon his son, and upon his brother; that he may bestow upon you a blessing this day.
Afei, Mose ka kyerɛɛ Lewifo no se, “Nnɛ, moatu mo ho asi hɔ sɛ mobɛsom Awurade, efisɛ moayɛ osetie ama no ama mpo, monam so akunkum mo mma ne mo nuanom, enti obehyira mo bebree.”
30 And it came to pass on the next day, that Moses said to the people, Ye have sinned a great sin: and now I will go up to the LORD; perhaps I shall make an atonement for your sin.
Ade kyee anɔpa no, Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no se, “Moayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, nanso mɛsan akɔ Awurade nkyɛn wɔ bepɔw no so akɔhwɛ sɛ ebia, menya bɔnefakyɛ ama mo ana.”
31 And Moses returned to the LORD, and said, O, this people have sinned a great sin, and have made them gods of gold.
Enti Mose san kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Ao, saa nnipa yi ayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, na wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ wɔn anyame.
32 Yet now, if thou wilt forgive their sin --; and if not, blot me, I pray thee, out of thy book which thou hast written.
Enti meredi ama wɔn sɛ, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na sɛ ɛnte saa nso a, pepa me din fi nhoma a woakyerɛw no mu.”
33 And the LORD said to Moses, Whoever hath sinned against me, him will I blot out of my book.
Awurade buaa Mose se, “Obiara a wayɛ me bɔne no, mɛpepa no afi me nhoma mu.
34 Therefore now go, lead the people to the place of which I have spoken to thee: behold, my angel shall go before thee: nevertheless in the day when I visit I will visit their sin upon them.
Enti afei, kɔ na di nkurɔfo no anim kɔ baabi a mekyerɛɛ wo no na mehyɛ wo bɔ sɛ mɛma me bɔfo adi wʼanim; nanso sɛ mebɛsra nkurɔfo no a, mɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne no ho.”
35 And the LORD afflicted the people, because they made the calf, which Aaron made.
Na esiane sɛ nnipa no som Aaron nantwi ba no nti, ɔtew ɔyare guu wɔn so.

< Exodus 32 >