< Exodus 6 >

1 Then Yahweh said to Moses, “Now you will see what I will do to Pharaoh. You will see this, for he will let them go because of my strong hand. Because of my strong hand, he will drive them out of his land.”
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Wubehu nea mede bɛyɛ Farao. Menam me tumi so bɛhyɛ no na wama me nkurɔfo no akɔ; me basa kokuroo no bɛma wapam wɔn afi ɔman no mu.”
2 God spoke to Moses and said to him, “I am Yahweh.
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose se, “Mene Awurade no.
3 I appeared to Abraham, to Isaac, and to Jacob as God Almighty; but by my name, Yahweh, I was not known to them.
Miyii me ho adi kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn tumfo. Nanso mammɔ me din sɛ Awurade no ankyerɛ wɔn.
4 I also established my covenant with them, in order to give them the land of Canaan, the land where they lived as non-citizens, the land in which they wandered about.
Na me ne wɔn hyehyɛɛ apam sɛ mede Kanaan asase a na tete no wɔte so sɛ ahɔho no bɛma wɔn ne wɔn asefo.
5 Moreover, I have heard the groaning of the Israelites whom the Egyptians have enslaved, and I have called to mind my covenant.
Bio, mate Israelfo apinisi ne nya a Misraimfo di wɔn no nyinaa na makae me ne wɔn apam no.
6 Therefore, say to the Israelites, 'I am Yahweh. I will bring you out from slavery under the Egyptians, and I will free you from their power. I will rescue you with a display of my power, and with mighty acts of judgment.
“Enti ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Me, Awurade, menam me tumi so bɛyɛ anwonwade de ayi wɔn afi nkoasom mu ama wɔade wɔn ho.
7 I will take you to myself as my people, and I will be your God. You will know that I am Yahweh your God, who brought you out from slavery under the Egyptians.
Megye wɔn ato mu sɛ me nkurɔfo na mayɛ wɔn Nyankopɔn. Na wobehu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn a wagye wɔn afi Misraimfo nsam no.
8 I will bring you into the land that I swore to give to Abraham, to Isaac, and to Jacob. I will give it to you as a possession. I am Yahweh.'”
Mede wɔn bɛba asase a mehyɛɛ bɔ sɛ mede bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so. Saa asase no bɛyɛ mo agyapade. Mene Awurade no.’”
9 When Moses told this to the Israelites, they would not listen to him because of their discouragement about their harsh slavery.
Enti Mose kaa asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no, nanso wɔantie, esiane abawpa a efi ɔhyɛ ntraso nti.
10 Then Yahweh spoke to Moses, saying,
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
11 “Go tell Pharaoh, king of Egypt, to let the people of Israel go from his land.”
“San kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ ɔmma Israelfo no mfi ne man no mu nkɔ.”
12 Moses said to Yahweh, “If the Israelites have not listened to me, why will Pharaoh listen to me, since I am not good at speaking?”
Nanso Mose kae se, “Sɛ Israelfo no rentie me a, ɛbɛyɛ dɛn na Farao betie me, bere a mʼano ntewee yi?”
13 Yahweh spoke to Moses and to Aaron. He gave them a command for the Israelites and for Pharaoh, king of Egypt, to bring the Israelites out of the land of Egypt.
Afei, Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnsan nkɔ Israelfo no ne Farao a ɔyɛ Misraimfo hene no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se ɔmma Israelfo no kwan na womfi Misraim asase so nkɔ.
14 These were the heads of their fathers' houses: The sons of Reuben, the firstborn of Israel, were Hanok, Pallu, Hezron, and Karmi. These were the clan ancestors of Reuben.
Nnipa a na wotuatua Israel mmusuakuw no ano no din na edidi so yi: Ruben a ɔyɛ Israel abakan mmabarima yɛ: Hanok, Palu, Hesron, Karmi. Eyinom na wɔwoo Ruben asefo.
15 The sons of Simeon were Jemuel, Jamin, Ohad, Jakin, Zohar, and Shaul—the son of a Canaanite woman. These were the clan ancestors of Simeon.
Simeon mmabarima: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a na ne na yɛ Kanaanni. Eyinom na wɔwoo Simeon asefo.
16 Here are listed the names of the sons of Levi, together with their descendants. They were Gershon, Kohath, and Merari. Levi lived until he was 137 years old.
Lewi mmabarima: Gerson, Kohat, Merari Lewi dii mfe ɔha aduasa ason.
17 The sons of Gershon were Libni and Shimei.
Gerson mmabarima: Libni, Simei a wɔyɛ mmusua ti.
18 The sons of Kohath were Amram, Izhar, Hebron, and Uzziel. Kohath lived until he was 133 years old.
Kohat mmabarima: Amram, Ishar, Hebron, Usiel. Kohat dii mfe ɔha aduasa abiɛsa.
19 The sons of Merari were Mahli and Mushi. These became the clan ancestors of the Levites, together with their descendants.
Merari mmabarima: Mahli, Musi. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din mpanyin mu no no yɛ Lewi abusuafo.
20 Amram married Jochebed, his father's sister. She bore him Aaron and Moses. Amram lived 137 years and then died.
Amram waree nʼagya nuabea Yokebed na wɔwoo Mose ne Aaron. Amram dii mfe ɔha aduasa ason.
21 The sons of Izhar were Korah, Nepheg, and Zichri.
Ishar mmabarima: Kora, Nefeg, Sikri.
22 The sons of Uzziel were Mishael, Elzaphan, and Sithri.
Usiel mmabarima: Misael, Elsafan, Sitri.
23 Aaron married Elisheba, daughter of Amminadab, sister of Nahshon. She bore him Nadab and Abihu, Eleazar and Ithamar.
Aaron waree Aminadab babea Elisaba a ɔyɛ Nahson nuabea. Wɔn mma din ni: Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.
24 The sons of Korah were Assir, Elkanah, and Abiasaph. These were the clan ancestors of the Korahites.
Kora mmabarima: Asir, Elkana, Abiasaf Eyinom ne Kora asefo.
25 Eleazar, Aaron's son, married one of the daughters of Putiel. She bore him Phinehas. These were the heads of the fathers' houses among the Levites, together with their descendants.
Aaron babarima Eleasar waree Putiel mmabea no baako. Na Pinehas yɛ wɔn mma no mu baako. Nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne wɔn a na wotuatua Lewifo mmusuakuw no ano.
26 These two men were the Aaron and Moses to whom Yahweh said, “Bring out the Israelites from the land of Egypt, by their groups of fighting men.”
Saa Aaron ne Mose yi ara na Awurade ka kyerɛɛ wɔn se, “Munkoyi Israelfo nyinaa mfi Misraim asase so” no.
27 Aaron and Moses spoke to Pharaoh, king of Egypt, to allow them bring out the Israelites from Egypt. These were the same Moses and Aaron.
Na wɔn na wɔkɔɔ Farao hɔ kɔkaa se ɔmma Israelfo no mfi Misraim no.
28 When Yahweh spoke to Moses in the land of Egypt,
Da a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Misraim asase so no,
29 he said to him, “I am Yahweh. Say to Pharaoh, king of Egypt, everything that I will tell you.”
ɔkae se, “Mene Awurade no. Ka asɛm biara a mereka yi kyerɛ Farao a ɔyɛ Misraim hempɔn no.”
30 But Moses said to Yahweh, “I am not good at speaking, so why will Pharaoh listen to me?”
Na Mose ka kyerɛɛ Awurade bio se, “Mʼano ntewee yi, ɛbɛyɛ dɛn na asɛm a mɛka no bɛtɔ Farao asom ama watie me?”

< Exodus 6 >