< Exodus 5 >

1 After these things happened, Moses and Aaron went to Pharaoh and said, “This is what Yahweh, the God of Israel, says: 'Let my people go, so they can have a festival for me in the wilderness.'”
Mose ne Aaron yɛɛ anwonwade yi kyerɛɛ mpanyimfo no wiee no, wokohuu Farao ka kyerɛɛ no se, “Nea Israel Nyankopɔn se ni, ‘Ma me nkurɔfo mfi ha nkɔ sare so nkɔbɔ afahyɛgua kronkron wɔ hɔ mfa nsɔre me.’”
2 Pharaoh said, “Who is Yahweh? Why should I listen to his voice and let Israel go? I do not know Yahweh; moreover, I will not let Israel go.”
Farao bisae se, “Hena ne Awurade a ɛsɛ sɛ mitie no na mema Israelfo no kɔ? Minnim Awurade biara enti meremma Israelfo no nkɔ.”
3 They said, “The God of the Hebrews has met with us. Let us go on a three-day journey into the wilderness and sacrifice to Yahweh our God so that he does not attack us with plague or with the sword.”
Na Aaron ne Mose tii mu se, “Hebri Nyankopɔn ne yɛn ahyia. Ɛsɛ sɛ yetu nnansa kwan kɔ sare so kɔbɔ afɔre wɔ hɔ de ma Awurade, yɛn Nyankopɔn. Na sɛ yɛantie no a, ɔyaredɔm anaa afoa ano na yebewuwu.”
4 But the king of Egypt said to them, “Moses and Aaron, why are you taking the people from their work? Go back to your work.”
Farao bisae se, “Mose ne Aaron, adɛn nti na morema nkurɔfo no agyae wɔn nnwuma? Monkɔ mo nnwuma so ntɛm!”
5 He also said, “There are now many people in our land, and you are making them stop their work.”
Farao toaa so se, “Mprempren, saa nnipa no dɔɔso sen ɔmanfo no, nanso mopɛ sɛ moma ahɔho no gyae adwumayɛ.”
6 On that same day, Pharaoh gave a command to the people's taskmasters and foremen. He said,
Da no ara, Farao somaa nnipa ma wɔkɔka kyerɛɛ wɔn a wɔhwɛ Israelfo no so no se,
7 “Unlike before, you must no longer give the people straw to make bricks. Let them go and gather straw for themselves.
“Mommma nnipa no sare a wɔde bɛyɛ ntayaa no bio! Momma wɔn ankasa nkotwa sare no.
8 However, you must still demand from them the same number of bricks as they made before. Do not accept any fewer, because they are lazy. That is why they are calling out and saying, 'Allow us to go and sacrifice to our God.'
Na ntayaa dodow a wotwa no nso, monntew so baako koraa, efisɛ asɛm a wɔaka no da no adi pefee sɛ wɔyɛ akwadwofo nti na wɔreka se wɔrekɔ sare so akɔbɔ wɔn Awurade afɔre no.
9 Increase the workload for the men so that they keep at it and pay no more attention to deceptive words.”
Momma wɔn adwuma no mu nyɛ den, na ɛmmee wɔn na wɔankotie atosɛm biara.”
10 So the people's taskmasters and foremen went out and informed the people. They said, “This is what Pharaoh says: 'I will no longer give you any straw.
Enti adwumasohwɛfo ne wɔn akwankyerɛfo no ka kyerɛɛ Hebrifo no se, “Farao aka akyerɛ yɛn se yɛmmma mo sare bio.
11 You yourselves must go and get straw wherever you can find it, but your workload will not be reduced.'”
Mo ara munkokyin nhwehwɛ bi, nanso ntayaa a mutwa no, muntwa dodow saa ara.”
12 So the people scattered throughout all the land of Egypt to gather stubble for straw.
Enti Hebrifo no kyinkyinii Misraim asase so nyinaa sɛ wɔrekɔhwehwɛ sare no bi.
13 The taskmasters kept urging them and saying, “Finish your work, just as when straw was given to you.”
Adwumasohwɛfo no hyɛɛ wɔn atirimɔden so se, “Muntwa ntayaa dodow sɛnea na mutwa no.”
14 Pharaoh's taskmasters beat the Israelite foremen, those same men whom they had put in charge of the workers. The taskmasters kept asking them, “Why have you not produced all the bricks required of you, either yesterday and today, as you used to do in the past?”
Na Misraimfo adwumasohwɛfo no kaa Hebrifo mpanyimfo a wɔde wɔn atuatua adwuma no ano sɛ akwankyerɛfo no mmaa, bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moanwie ntayaa a wɔahyɛ sɛ muntwa no nnɛra ne nnɛ no nyinaa sɛnea na moyɛ kan no?”
15 So the Israelite foremen came to Pharaoh and cried out to him. They said, “Why are you treating your servants this way?
Mpanyimfo yi kɔɔ Farao nkyɛn kɔsrɛɛ no se, “Adɛn na woyɛ wo nkoa saa?
16 No straw is being given to your servants anymore, but they are still telling us, 'Make bricks!' We, your servants, are even beaten now, but it is the fault of your own people.”
Wɔmma wo nkoa sare biara, nanso wɔka kyerɛ yɛn se, ‘Montwa ntayaa!’ Wɔka yɛn mmaa nanso mfomso no fi wʼankasa wo nkurɔfo no.”
17 But Pharaoh said, “You are lazy! You are lazy! You say, 'Allow us to go sacrifice to Yahweh.'
Nanso Farao buae se, “Munni dwuma bi di, na sɛ mowɔ dwuma bi di a, anka morenka se, ‘Momma yɛnkɔbɔ afɔre mma Awurade.’
18 So now go back to work. No more straw will be given to you, but you must still make the same number of bricks.”
Monsan nkɔyɛ adwuma ntɛm. Obiara remma mo sare, nanso ntayaa dodow a mutwa no daa no, saa ara na mubetwa.”
19 The Israelite foremen saw that they were in trouble when they were told, “You must not reduce the daily number of bricks.”
Bere a wɔka kyerɛɛ Israelfo mpanyimfo a wodi adwuma no anim sɛ akwankyerɛfo no se ɛsɛ sɛ wotwa ntayaa no dodow sɛnea wɔyɛ daa no, wohuu sɛ ahokyere aba.
20 They met Moses and Aaron, who were standing outside the palace, as they went away from Pharaoh.
Bere a wofi Farao anim bae a wohuu sɛ Mose ne Aaron retwɛn wɔn wɔ ahemfi no ho no,
21 They said to Moses and Aaron, “May Yahweh look at you and punish you, because you have made us offensive in the sight of Pharaoh and his servants. You have put a sword in their hand to kill us.”
wɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade mmu mo atɛn sɛ moama Farao ne ne nkurɔfo anya yɛn ho menasepɔw, na mode afoa ahyɛ wɔn nsa sɛ wonkunkum yɛn.”
22 Moses went back to Yahweh and said, “Lord, why have you caused trouble for this people? Why did you send me in the first place?
Asɛm yi maa Mose kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, adɛn nti na woma wo manfo brɛ saa? So eyi nti na wosomaa me?
23 Ever since I came to Pharaoh to speak to him in your name, he has caused trouble for this people, and you have not set your people free at all.”
Efi bere a mekɔkaa wo nkra no kyerɛɛ Farao no, tan ara na ɔretan wɔn ani, nanso wunnyee wɔn wɔ ɔkwan biara so ɛ.”

< Exodus 5 >