< Esther 10 >

1 And the king levied [a tax] upon [his] kingdom both by land and sea.
Ɔhene Ahasweros hyɛɛ sɛ wontua tow wɔ nʼaheman mu, a mpo wɔn a wɔwɔ mpoano akyirikyiri no nyinaa ka ho.
2 And [as for] his strength and valour, and the wealth and glory of his kingdom, behold, they are written in the book of the Persians and Medes, for a memorial.
Ne mmaninyɛ ne Mordekai akunini nneyɛe ne sɛnea ɔhene pagyaw no no nyinaa no, wɔankyerɛw wɔ Media ne Persia ahemfo abakɔsɛm mu ana?
3 And Mardochaeus was viceroy to king Artaxerxes, and was a great man in the kingdom, and honoured by the Jews, and passed his life beloved of all his nation.
Yudani Mordekai bɛyɛɛ ɔmanpanyin a ne tumi di ɔhene Ahasweros ankasa de akyi. Na odi mu wɔ Yudafo no mu. Na wobu no yiye, efisɛ na ne nkurɔfo yiyedi yɛ nʼahiasɛm. Na ɔne ahemfi hɔfo nyinaa tenaa yiye.

< Esther 10 >