< 2 Kings 4 >

1 Now a certain woman of the wives of the prophets cried to Eliseus, saying: Thy servant my husband is dead, and thou knowest that thy servant was one that feared God, and behold the creditor is come to take away my two sons to serve him.
Ɛda bi, Elisa mfɛfoɔ adiyifoɔ no mu baako kunafoɔ baa ne nkyɛn, bɛsu kyerɛɛ no sɛ, “Me kunu a na ɔsom wo no awu. Na wonim sɛdeɛ na ɔsuro Awurade. Nanso, seesei obi a mede no ka aba, rehunahuna sɛ, ɔbɛfa me mmammarima baanu sɛ nkoa.”
2 And Eliseus said to her: What wilt thou have me to do for thee? Tell me, what hast thou in thy house? And she answered: I thy handmaid have nothing in my house but a little oil, to anoint me.
Elisa bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ de aboa wo? Kyerɛ me nneɛma a wowɔ wɔ efie.” Ɔbuaa sɛ, “Menni hwee sɛ ngo ahina baako.”
3 And he said to her: Go, borrow of all thy neighbours empty vessels not a few.
Elisa ka kyerɛɛ no sɛ “Kɔfɛm nhina dodoɔ biara a wobɛnya firi wo nnamfonom ne wo mfɛfoɔ nkyɛn.
4 And go in, and shut thy door, when thou art within, and thy sons: and pour out thereof into all those vessels: and when they are full take them away.
Afei, fa wo mmammarima no kɔ wo fie, na to ɛpono mu. Hwie ngo no firi wʼahina no mu, gugu nhina no mu. Deɛ ɛbɛyɛ ma biara, yi si nkyɛn.”
5 So the woman went, and shut the door upon her, and upon her sons: they brought her the vessels, and she poured in.
Enti, ɔyɛɛ saa. Ne mmammarima no de nhina bebree brɛɛ no, ma ɔhyehyɛɛ no ma ma.
6 And when the vessels were full, she said to her son: Bring me yet a vessel. And he answered: I have no more. And the oil stood.
Ankyɛre na emu biara yɛɛ ma tɛnn. Ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no mu baako sɛ, “Brɛ me ahina foforɔ.” Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ebi nni hɔ bio.” Na afei ngo no a ɔrehwie no saeɛ.
7 And she came, and told the man of God. And he said: Go, sell the oil, and pay thy creditor: and thou and thy sons live of the rest.
Ɛberɛ a ɔkaa asɛm a asi no kyerɛɛ Onyankopɔn onipa no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Afei, tɔn ngo no, na fa tua wʼaka, na sika no bi bɛka ama wode ahwɛ wo ho ne wo mmammarima no.”
8 And there was a day when Eliseus passed by Sunam: now there was a great woman there, who detained him to eat bread; and as he passed often that way, he turned into her house to eat bread.
Ɛda koro bi, Elisa kɔɔ Sunem kurom. Na ɔbaa ɔdefoɔ bi te kuro no mu. Ɔtoo nsa frɛɛ Elisa sɛ ɔmmɛdidi. Ɛfiri saa ɛberɛ no, ɛberɛ biara a ɔbɛtwam hɔ no, ɔfa hɔ kɔdidi.
9 And she said to her husband: I perceive that this is a holy man of God, who often passeth by us.
Ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ, “Megye di sɛ saa ɔbarima yi a ɔtaa ba ha yi yɛ Onyankopɔn onipa kronkron.
10 Let us therefore make him a little chamber, and put a little bed in it for him, and a table, and a stool, and a candlestick, that when he cometh to us, he may abide there.
Ma yɛnsiesie ɛdan bi mma no wɔ ɛsoro hɔ na yɛmfa mpa, ɛpono, akonnwa ne kanea nsi mu mma no. Na ɛberɛ biara a ɔbɛba ha no, wanya baabi asoeɛ.”
11 Now there was a certain day when he came and turned in to the chamber, and rested there.
Ɛda bi, Elisa sane baa Sunem. Ɔkɔɔ ne soro dan no mu kɔsoɛe.
12 And he said to Giezi his servant Call this Sunamitess. And when he had called her, and she stood before him,
Ɔka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ Gehasi sɛ, “Ka kyerɛ ɔbaa no sɛ, mepɛ sɛ meka asɛm bi kyerɛ no.” Ɔbaa no baeɛ no,
13 He said to his servant: Say to her Behold thou hast diligently served us in all things, what wilt thou have me to do for thee? hast thou any business, and wilt thou that I speak to the king, or to the general of the army? And she answered: I dwell in the midst of my own people.
Elisa ka kyerɛɛ Gehasi sɛ, “Ka kyerɛ no sɛ, yɛn ani asɔ ne som pa a wasom yɛn no. Na bisa no deɛ yɛn so yɛbɛtumi ayɛ ama no. Ɔpɛ sɛ medi ne ho adanseɛ kyerɛ ɔhene anaa asraafoɔ sahene no?” Ɔbuaa sɛ, “Dabi, ɛfiri sɛ, mʼabusuafoɔ hwɛ me yie.”
14 And he said: What will she then that I do for her? And Giezi said: Do not ask, for she hath no son, and her husband is old.
Akyire yi, Elisa bisaa Gehasi sɛ, “Ɛdeɛn na wogye di sɛ yɛbɛtumi ayɛ ama no?” Ɔto maa no sɛ, “Ɔnni babarima na ne kunu nso abɔ akɔkoraa.”
15 Then he bid him call her: And when she was called, and stood before the door.
Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Frɛ no bra bio.” Ɔbaa no baeɛ no, Elisa ka kyerɛɛ no wɔ ɛpono no ano sɛ,
16 He said to her: At this time, and this same hour, if life accompany, thou shalt have a son in thy womb. But she answered: Do not, I beseech thee, my lord, thou man of God, do not lie to thy handmaid.
“Afe sɛsɛɛ saa ɛberɛ yi ara mu, na ɔbabarima da wo srɛ so.” Ɔteaa mu sɛ, “Dabi, me wura, mesrɛ wo, ntwa me nkontompo saa. Ao, Onyankopɔn onipa.”
17 And the woman conceived, and brought forth a son in the time, and at the same hour, that Eliseus had said.
Na ampa ara, ɛberɛ tiawa bi akyi, ɔbaa no nyinsɛneeɛ. Na afe saa ɛberɛ no ara, ɔwoo ɔbabarima sɛdeɛ Elisa kaeɛ no pɛpɛɛpɛ.
18 And the child grew. And on a certain day, when he went out to his father to the reapers,
Ne ba no nyiniiɛ no, da bi, ɔkɔsraa nʼagya a na ɔne nʼapaafoɔ reyɛ adwuma.
19 He said to his father: My head acheth, my head acheth. But he said to his servant: Take him, and carry him to his mother.
Prɛko pɛ, ɔkaa sɛ, “Me ti pae me! Me ti pae me!” Nʼagya ka kyerɛɛ nʼapaafoɔ no mu baako sɛ, “Fa no kɔ efie kɔma ne maame.”
20 And when he had taken him, and brought him to his mother, she set him on her knees until noon, and then he died.
Ɔpaani no de no kɔɔ efie. Ne maame gyee no too ne srɛ so. Nanso, ɛduruu owigyinaeɛ mu no, ɔwuiɛ.
21 And she went up and laid him upon the bed of the man of God, and shut the door: and going out,
Ɔpagyaa no de no kɔtoo Onyankopɔn onipa no mpa so. Ɔtoo ɛpono no mu gyaa no hɔ kɔeɛ.
22 She called her husband, and said: Send with me, I beseech thee, one of thy servants, and an ass that I may run to the man of God, and come again.
Ɔsomaa ɔbɔfoɔ kɔbɔɔ ne kunu amaneɛ sɛ, “Soma apaafoɔ no baako na ɔmfa afunumu mmra, sɛdeɛ mɛtumi akɔduru Onyankopɔn onipa no hɔ ntɛm, asane aba.”
23 And he said to her: Why dost thou go to him? today is neither new moon nor sabbath. She answered: I will go.
Ɔbisaa sɛ, “Adɛn enti na wopɛ sɛ wokɔ ɛnnɛ yi ara? Ɛnyɛ Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ, na ɛnyɛ homeda nso.” Nanso, ɔkaa sɛ, “Ɛwom saa.”
24 And she saddled an ass, and commanded her servant: Drive, and make haste, make no stay in going. And do that which I bid thee.
Enti, ɔhyehyɛɛ afunumu no, ka kyerɛɛ ɔpaani no sɛ, “Ka wo ho. Ɛnyɛ me enti na wobɛto wo bo ase, na mmom, kɔ ara, gye sɛ maka sɛ to wo bo ase.”
25 So she went forward, and came to the man of God to mount Carmel: and when the mall of God saw her coming towards, he said to Giezi his servant: Behold that Sunamitess.
Ɔrebɛduru Onyankopɔn onipa no nkyɛn wɔ bepɔ Karmel so no, Elisa hunuu no wɔ akyirikyiri. Ɔka kyerɛɛ Gehasi sɛ, “Hwɛ, ɔbaa a ɔfiri Sunam no reba.
26 Go therefore to meet her, and say to her: Is all well with thee, and with thy husband, and with thy son? and she answered: Well.
Tu mmirika kɔhyia no, na bisa no sɛ, ‘Wo ne wo kunu ne wo ba ho yɛ anaa?’” Ɔbaa no buaa Gehasi sɛ, “Yɛn nyinaa ho yɛ.”
27 And when she came to the man of God to the mount, she caught hold on his feet: and Giezi came to remove her. And the man of God said: Let her alone for her soul is in anguish, and the Lord hath hid it from me, and hath not told me.
Nanso, ɔbaa Onyankopɔn onipa no nkyɛn wɔ bepɔ no so no, ɔhwee ne nan ase, sɔɔ nʼanammɔn mu. Gehasi sum no, nanso Onyankopɔn onipa no kaa sɛ, “Gyaa no. Biribi reteetee no, na Awurade nso nkyerɛɛ me dekodeɛ no.”
28 And she said to him: Did I ask a son of my lord? did I not say to thee: Do not deceive me?
Na ɔbaa no kaa sɛ, “Wo ara me wura, wo na wokaa sɛ, mɛnya ɔbabarima. Na manka ankyerɛ wo sɛ mma memfa mʼani nto so?”
29 Then he said to Giezi: Gird up thy loins, and take my staff in thy hand, and go. If any man meet thee, salute him not: and if any man salute thee, answer him not: and lay my staff upon the face of the child.
Na Elisa ka kyerɛɛ Gehasi sɛ, “Boa wo ho, na mensoma wo, fa me poma no, na kɔ. Nkasa obiara ho wɔ ɛkwan so. Kɔ na fa poma no kɔto abɔfra no anim.”
30 But the mother of the child said: As the Lord liveth, and as thy soul liveth, I will not leave thee. He arose, therefore, and followed her.
Na abarimaa no maame kaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merenkɔ efie gye sɛ woka me ho.” Enti, Elisa sane ne no kɔeɛ.
31 But Giezi was gone before them, and laid the staff upon the face of the child, and there was no voice nor sense: and he returned to meet him, and told him, saying: The child is not risen.
Gehasi yɛɛ ntɛm dii ɛkan, de poma no kɔtoo abɔfra no anim, nanso biribiara ansi. Nkwa ho nsɛnkyerɛnneɛ biara amma. Ɔsane nʼakyi kɔhyiaa Elisa, bɔɔ no amaneɛ sɛ, “Abɔfra no nnyaneeɛ.”
32 Eliseus therefore went into the house, and behold the child lay dead on his bed.
Ɛberɛ a Elisa duruu hɔ no, ampa na abɔfra no awu da odiyifoɔ no mpa so.
33 And going in he shut the door upon him, and upon the child, and prayed to the Lord.
Ɔno nko kɔɔ hɔ, too ne ho ɛpono mu, bɔɔ Awurade mpaeɛ.
34 And he went up, and lay upon the child: and he put his mouth upon his mouth, and his eyes upon his eyes, and his hands upon his hands: and he bowed himself upon him, and the child’s flesh grew warm.
Afei, ɔbutuu abɔfra no so, de nʼano tuaa abɔfra no ano, de nʼani fam abɔfra no ani, de ne nsa sosɔɔ abɔfra no nsa. Afei, abɔfra no ho hyɛɛ aseɛ yɛɛ hye bio.
35 Then he returned and walked in the house, once to and fro: and he went up, and lay upon him: and the child gaped seven times, and opened his eyes.
Elisa sɔre, dii akɔneaba wɔ ɛdan no mu kakra. Afei, ɔdaa abɔfra no so bio. Saa ɛberɛ yi, abɔfra no nwansii mprɛnson, na ɔtee nʼani.
36 And he called Giezi, and said to him: Call this Sunamitess. And she being called, went in to him: and he said: Take up thy son.
Afei, Elisa somaa Gehasi sɛ, “Frɛ abɔfra no na bra.” Ne maame no baeɛ no, Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ba no nie, fa no kɔ.”
37 She came and fell at his feet, and worshipped upon the ground: and took up her son, and went out.
Ɔfiri ahodwirie mu hwee ne nan ase daa no ase. Afei, ɔfaa ne ba no, de no siane kɔɔ fam.
38 And Eliseus returned to Galgal, and there was a famine in the land, and the sons of the prophets dwelt before him. And he said to one of his servants: Set on the great pot, and boil pottage for the sons of the prophets.
Elisa sane kɔɔ Gilgal, nanso na ɛkɔm asi asase no so. Ɛda bi a adiyifokuo tete nʼanim no, ɔka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ sɛ, “Fa ɛsɛn kɛseɛ si ogya so, na yɛ abɔmu ma saa mmarima yi.”
39 And one went out into the field to gather wild herbs: and he found something like a wild vine, and gathered of it wild gourds of the field, and filled his mantle, and coming back he shred them into the pot of pottage, for he knew not what it was.
Wɔn mu baako kɔɔ wiram sɛ ɔrekɔpɛ atosodeɛ, na ɔnyaa ɛferɛ bɔtɔ ma de baeɛ. Ɔtwitwa de guu ɛsɛn no mu a na ɔnnim sɛ awuduro wɔ mu.
40 And they poured it out for their companions to eat: and when they had tasted of the pottage, they cried out, saying: Death is in the pot, O man of God. And they could not eat thereof.
Na wɔdii kakra bi pɛ, wɔteateaam sɛ, “Onyankopɔn onipa, awuduro wɔ abɔmu no mu!” Ɛno enti, wɔanni bio.
41 But he said: Bring some meal. And when they had brought it, he cast it into the pot, and said: Pour out for the people, that they may eat. And there was now no bitterness in the pot.
Elisa kaa sɛ, “Mommrɛ me asikyiresiam kakra.” Ɔde guu ɛsɛn no mu, kaa sɛ, “Afei, ayɛ yie enti monkɔdi.” Na anha wɔn bio.
42 And a certain man came from Baalsalisa bringing to the man of God bread of the firstfruits, twenty leaves of barley, and new corn in his scrip. And he said: Give to the people, that they may eat.
Ɛda bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Baal-Salisani brɛɛ Onyankopɔn onipa no atokoɔ foforɔ bɔtɔ ma, ne burodo mua aduonu. Elisa kaa sɛ, “Fa ma adiyifokuo no, na wɔnni.”
43 And his servant answered him: How much is this, that I should set it before a hundred men? He said again: Give to the people, that they may eat: for thus saith the Lord: They shall eat, and there shall be left.
Ɔsomfoɔ no teaam sɛ, “Wose sɛn? Kakra yi na yɛmfa mma nnipa ɔha yi anaa?” Nanso, Elisa tii mu sɛ, “Fa ma adiyifokuo no, na wɔnni, na Awurade ka sɛ, ‘Obiara bɛdi amee, na ebi mpo bɛka akyire.’”
44 So he set it before them: and they ate, and there was left according to the word of the Lord.
Na ampa ara, obiara didi meeɛ ma ebi mpo kaaeɛ, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ho bɔ no.

< 2 Kings 4 >