< 耶利米書 25 >

1 猶大王約西亞的兒子約雅敬第四年,就是巴比倫王尼布甲尼撒的元年,耶和華論猶大眾民的話臨到耶利米。
Asɛm a ɛfa Yudafoɔ nyinaa ho baa Yeremia nkyɛn wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim, adedie afe a ɛtɔ so ɛnan a ɛyɛ Babiloniahene Nebukadnessar adedie afe a ɛdi ɛkan.
2 先知耶利米就將這話對猶大眾人和耶路撒冷的一切居民說:
Enti odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa sɛ,
3 「從猶大王亞們的兒子約西亞十三年直到今日,這二十三年之內,常有耶和華的話臨到我;我也對你們傳說,就是從早起來傳說,只是你們沒有聽從。
Mfeɛ aduonu mmiɛnsa nie, ɛfiri Yudahene Amon babarima Yosia adedie afe a ɛtɔ so dumiɛnsa bɛsi ɛnnɛ, Awurade asɛm aba me so na makasa akyerɛ mo mpɛn bebree, nanso monntieɛ.
4 耶和華也從早起來,差遣他的僕人眾先知到你們這裏來(只是你們沒有聽從,也沒有側耳而聽),
Mpo Awurade asoma nʼasomfoɔ a wɔyɛ nʼadiyifoɔ aba mo nkyɛn mpɛn bebree, na montiee wɔn, na monyɛɛ aso mmaa wɔn.
5 說:『你們各人當回頭,離開惡道和所作的惡,便可居住耶和華古時所賜給你們和你們列祖之地,直到永遠。
Wɔkaa sɛ, “Mo mu biara mfiri nʼakwan bɔne ne ne nneyɛɛ bɔne ho, na mobɛtumi atena asase a Awurade de maa mo ne mo agyanom no so afebɔɔ.
6 不可隨從別神事奉敬拜,以你們手所做的惹我發怒;這樣,我就不加害與你們。
Monni anyame foforɔ akyi nkɔsom wɔn nsɔre wɔn; mommfa deɛ mode mo nsa ayɛ no nhyɛ me abufuo. Afei merenha mo.”
7 然而你們沒有聽從我,竟以手所做的惹我發怒,陷害自己。這是耶和華說的。』」
“Nanso moanntie me,” Awurade na ɔseɛ, “na mode deɛ mode mo nsa ayɛ ahyɛ me abufuo, na mode ɔhaw aba mo so.”
8 所以萬軍之耶和華如此說:「因為你們沒有聽從我的話,
Afei deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Esiane sɛ moantie me nsɛm no enti,
9 我必召北方的眾族和我僕人巴比倫王尼布甲尼撒來攻擊這地和這地的居民,並四圍一切的國民。我要將他們盡行滅絕,以致他們令人驚駭、嗤笑,並且永久荒涼。這是耶和華說的。
mɛfrɛ atifi fam nnipa nyinaa ne mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar,” Awurade na ɔseɛ, “na mede wɔn abɛko atia saa asase yi ne sotefoɔ, ne amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa. Mɛsɛe wɔn pasaa na mayɛ wɔn ahodwiredeɛ ne fɛdideɛ, ne amamfo afebɔɔ.
10 我又要使歡喜和快樂的聲音,新郎和新婦的聲音,推磨的聲音和燈的亮光,從他們中間止息。
Mɛyi ahosane ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔkunu ne ayeforɔyere nne, oyuyammoɔ nnyegyeeɛ ne kanea hann afiri wɔn mu.
11 這全地必然荒涼,令人驚駭。這些國民要服事巴比倫王七十年。
Ɔman mu no nyinaa bɛdane asase wesee, na saa amanaman yi bɛsom Babiloniahene mfirinhyia aduɔson.
12 七十年滿了以後,我必刑罰巴比倫王和那國民,並迦勒底人之地,因他們的罪孽使那地永遠荒涼。這是耶和華說的。
“Na mfirinhyia aduɔson awieeɛ no, mɛtwe Babiloniahene ne ne ɔman, Babiloniafoɔ asase aso wɔ wɔn amumuyɛ ho, mɛdane no amanfo afebɔɔ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
13 我也必使我向那地所說的話,就是記在這書上的話,是耶利米向這些國民說的預言,都臨到那地。
“Mɛma asotwe a mahyɛ atia asase no nyinaa aba wɔn so, deɛ wɔatwerɛ wɔ nwoma yi mu na Yeremia ahyɛ ho nkɔm atia aman no nyinaa no.
14 因為有多國和大君王必使迦勒底人作奴僕;我也必照他們的行為,按他們手所做的報應他們。」
Wɔn ankasa deɛ, amanaman bebree ne ahempɔn de wɔn bɛyɛ nkoa; na mɛtua wɔn nneyɛeɛ ne wɔn nsa ano adwuma so ka.”
15 耶和華-以色列的上帝對我如此說:「你從我手中接這杯忿怒的酒,使我所差遣你去的各國的民喝。
Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛɛ me: “Gye saa kuruwa yi a mʼabufuhyeɛ nsã ahyɛ no ma yi, na ma amanaman a mɛsoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom.
16 他們喝了就要東倒西歪,並要發狂,因我使刀劍臨到他們中間。」
Sɛ wɔnom a, wɔbɛtɔ ntintan na wɔabobɔ dam ɛsiane akofena a mɛsoma akɔ wɔn so no enti.”
17 我就從耶和華的手中接了這杯,給耶和華所差遣我去的各國的民喝,
Ɛno enti, megyee kuruwa no firii Awurade nsam, na memaa amanaman a ɔsomaa me wɔn nkyɛn no nomeeɛ:
18 就是耶路撒冷和猶大的城邑,並耶路撒冷的君王與首領,使這城邑荒涼,令人驚駭、嗤笑、咒詛,正如今日一樣。
Yerusalem ne Yuda nkuro, nʼahemfo ne ne nnwumayɛfoɔ sɛ wɔnyɛ asɛedeɛ, ahodwiredeɛ, fɛdideɛ ne nnome, sɛdeɛ wɔteɛ ɛnnɛ da yi,
19 又有埃及王法老和他的臣僕、首領,以及他的眾民,
Misraimhene Farao, nʼasomfoɔ, nʼadwumayɛfoɔ ne ne manfoɔ nyinaa,
20 並雜族的人民和烏斯地的諸王,與非利士地的諸王(亞實基倫、迦薩、以革倫,以及亞實突剩下的人);
amanfrafoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa; Us ahemfo; Filistifoɔ ahemfo (a ɛyɛ Askelon, Gasa, Ekron ne nnipa a wɔagya wɔn wɔ Asdod);
21 以東、摩押、亞捫人、
Edom, Moab ne Amon;
22 泰爾的諸王、西頓的諸王、海島的諸王、
Tiro ne Sidon ahemfo nyinaa; ne ahemfo a wɔwɔ mpoano aman a wɔwɔ ɛpo agya no;
23 底但、提瑪、布斯,和一切剃周圍頭髮的;
Dedan, Tema, Bus ne nnipa a wɔtete akyirikyiri no;
24 阿拉伯的諸王、住曠野雜族人民的諸王、
Arabia ahemfo ne amanfrafoɔ ahemfo nyinaa a wɔtete anweatam so no.
25 心利的諸王、以攔的諸王、米底亞的諸王、
Simri, Elam ne Media ahemfo nyinaa;
26 北方遠近的諸王,以及天下地上的萬國喝了,以後示沙克王也要喝。
ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, ne wɔn mu biara, asase so ahennie ahodoɔ. Na wɔn nyinaa akyi no Sesakhene nso bɛnom bi.
27 「你要對他們說:『萬軍之耶和華-以色列的上帝如此說:你們要喝,且要喝醉,要嘔吐,且要跌倒,不得再起來,都因我使刀劍臨到你們中間。』
“Afei, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Monnom, mommobo na momfefe, na mohwehwe ase a monnsɔre bio, ɛsiane akofena a mɛsoma aba mo so enti.’
28 「他們若不肯從你手接這杯喝,你就要對他們說:『萬軍之耶和華如此說:你們一定要喝!
Na sɛ wɔampɛ sɛ wɔgye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: Ɛsɛ sɛ monom!
29 我既從稱為我名下的城起首施行災禍,你們能盡免刑罰嗎?你們必不能免,因為我要命刀劍臨到地上一切的居民。這是萬軍之耶和華說的。』
Monhwɛ, merebɛfiti aseɛ de amanehunu aba kuropɔn a me Din da so no so, na mobɛfa mo ho adi a wɔrentwe mo aso anaa? Wɔbɛtwe mo aso, ɛfiri sɛ merefrɛ akofena aba wɔn a wɔtete asase no so nyinaa so, Asafo Awurade na ɔseɛ.’
30 「所以你要向他們預言這一切的話,攻擊他們,說: 耶和華必從高天吼叫, 從聖所發聲, 向自己的羊群大聲吼叫; 他要向地上一切的居民吶喊, 像踹葡萄的一樣。
“Afei, hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm tia wɔn, na ka kyerɛ wɔn sɛ, “‘Awurade bɛfiri soro abobom; ɔbɛma ne nne so afiri ne tenabea kronkron hɔ, na wabobɔ mu denden atia nʼasase. Ɔbɛteam te sɛ wɔn a wɔtiatia bobe aba so, ɔbɛteam agu wɔn a wɔtete asase no so.
31 必有響聲達到地極, 因為耶和華與列國相爭; 凡有血氣的,他必審問; 至於惡人,他必交給刀劍。 這是耶和華說的。
Hooyɛ bɛgyegye akɔ nsase ano, na Awurade bɛbɔ kwaadu atia amanaman; ɔbɛbu adasamma nyinaa atɛn na ɔde amumuyɛfoɔ ama akofena,’” Awurade na ɔseɛ.
32 萬軍之耶和華如此說: 看哪,必有災禍從這國發到那國, 並有大暴風從地極颳起。
Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Monhwɛ! Amanehunu retrɛtrɛ firi ɔman so kɔ ɔman foforɔ so; ahum kɛseɛ bi rema ne ho so afiri nsase ano.”
33 「到那日,從地這邊直到地那邊都有耶和華所殺戮的。必無人哀哭,不得收殮,不得葬埋,必在地上成為糞土。
Saa ɛberɛ no, wɔn a Awurade akunkum wɔn no bɛdeda baabiara, firi asase ano kɔsi ano nohoa. Wɔrensu wɔn na wɔremmoaboa wɔn ano na wɔrensie wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam.
34 牧人哪,你們當哀號,呼喊; 群眾的頭目啊,你們要滾在灰中; 因為你們被殺戮分散的日子足足來到。 你們要跌碎,好像美器打碎一樣。
Monsu na montwa adwo, mo nnwanhwɛfoɔ; mommunimuni wɔ mfuturo mu mo nnwankuo ntuanofoɔ. Mokum berɛ no aduru mobɛhwehwe ase, na moabobɔ nketenkete te sɛ nkukuo a ɛnyɛ den.
35 牧人無路逃跑; 群眾的頭目也無法逃脫。
Nnwanhwɛfoɔ no rennya baabiara nnwane nkɔ na nnwankuo no ntuanofoɔ no rennya ɛkwan nnwane.
36 聽啊,有牧人呼喊, 有群眾頭目哀號的聲音, 因為耶和華使他們的草場變為荒場。
Montie nnwanhwɛfoɔ no su, ne nnwankuo no ntuanofoɔ agyaadwotwa, ɛfiri sɛ Awurade resɛe wɔn mmoa adidibea.
37 耶和華發出猛烈的怒氣, 平安的羊圈就都寂靜無聲。
Ɛserɛ nsase a asomdwoeɛ wɔ soɔ no bɛda mpan ɛsiane Awurade abufuhyeɛ no enti.
38 他離了隱密處像獅子一樣, 他們的地,因刀劍凶猛的欺壓, 又因他猛烈的怒氣都成為可驚駭的。」
Na wɔn asase bɛda mpan te sɛ gyata a ɔfiri ne tu mu ɛsiane ɔhyɛsofoɔ no akofena ne Awurade abufuhyeɛ no enti.

< 耶利米書 25 >