< 耶利米哀歌 1 >

1 先前滿有人民的城, 現在何竟獨坐! 先前在列國中為大的, 現在竟如寡婦; 先前在諸省中為王后的, 現在成為進貢的。
Ao, sɛdeɛ kuropɔn no adane amamfo nie, kuropɔn a anka nnipa ahyɛ no ma? Ɛdeɛn enti na wayɛ okunafoɔ baa a kane no na anka woyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu? Deɛ na ɔyɛ ɔhemmaa wɔ amantam no mu no abɛyɛ afenaa ɛnnɛ.
2 她夜間痛哭,淚流滿腮; 在一切所親愛的中間沒有一個安慰她的。 她的朋友都以詭詐待她, 成為她的仇敵。
Ɔsu yaayaaya anadwo, nisuo sensane nʼafono so. Nʼadɔfoɔ nyinaa mu no, ɔbiara nni hɔ a ɔkyekyere ne werɛ. Nʼayɔnkofoɔ nyinaa adi no hwammɔ Wɔayɛ nʼatamfoɔ.
3 猶大因遭遇苦難, 又因多服勞苦就遷到外邦。 她住在列國中,尋不着安息; 追逼她的都在狹窄之地將她追上。
Amanehunu ne adwumaden akyi no, Yuda kɔ nnommumfa mu. Ɔte amanaman no mu na ɔnni ahomegyebea Wɔn a wɔtaa no nyinaa ati no wɔ nʼahokyere mu.
4 錫安的路徑因無人來守聖節就悲傷; 她的城門淒涼; 她的祭司歎息; 她的處女受艱難,自己也愁苦。
Akwan a ɛkɔ Sion no di awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ obiara nkɔ nʼafahyɛ ase. Nʼapono nyinaa adeda mpan, na nʼasɔfoɔ si apinie, ne mmabaawa di yea, na ɔwɔ yeadie a emu yɛ den.
5 她的敵人為首; 她的仇敵亨通; 因耶和華為她許多的罪過使她受苦; 她的孩童被敵人擄去。
Nʼatamfoɔ abɛyɛ ne wuranom; wɔn a wɔ ne no ayɛ dom ho adwo wɔn. Awurade ama awerɛhoɔ aba ne so nʼamumuyɛ bebrebe enti. Ne mma kɔ nnommumfa mu. Wɔayɛ nneduafoɔ ama ɔtamfoɔ.
6 錫安城的威榮全都失去。 她的首領像找不着草場的鹿; 在追趕的人前無力行走。
Animuonyam nyinaa atu afiri Ɔbabaa Sion so kɔ. Ne mmapɔmma ayɛ sɛ aforoteɛ a wɔnnya adidibea; na wɔde mmerɛyɛ adwane wɔ wɔn ataafoɔ anim.
7 耶路撒冷在困苦窘迫之時, 就追想古時一切的樂境。 她百姓落在敵人手中,無人救濟; 敵人看見,就因她的荒涼嗤笑。
Nʼamanehunu ne ananteananteɛ nna mu no, Yerusalem kae ademudeɛ nyinaa a na ɛwɔ no wɔ nna a atwam no mu. Ne nkurɔfoɔ kɔtɔɔ ɔtamfoɔ no nsa mu no, na obiara nni hɔ a ɔbɛboa no. Nʼatamfoɔ de wɔn ani hwɛɛ no na wɔseree ne sɛeɛ.
8 耶路撒冷大大犯罪, 所以成為不潔之物; 素來尊敬她的,見她赤露就都藐視她; 她自己也歎息退後。
Yerusalem ayɛ bɔne kɛseɛ enti ne ho agu fi. Wɔn a wɔdi no ni no sopa no, ɛfiri sɛ wɔahunu nʼadagya; ɔno ankasa gu ahome na ɔdane nʼani.
9 她的污穢是在衣襟上; 她不思想自己的結局, 所以非常地敗落, 無人安慰她。 她說:耶和華啊,求你看我的苦難, 因為仇敵誇大。
Nʼafideyɛ atu aka ne ntadeɛ mu; wannwene ne daakye ho. Nʼasehweɛ yɛ nwanwa; obiara ankyekyere ne werɛ. “Ao Awurade hwɛ mʼamanehunu, ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ adi nkonim.”
10 敵人伸手,奪取她的美物; 她眼見外邦人進入她的聖所- 論這外邦人,你曾吩咐不可入你的會中。
Ɔtamfoɔ no de ne nsa too nʼademudeɛ nyinaa so; ɔhunuu sɛ amanaman rehyɛne ne kronkronbea hɔ, nnipa a woabra sɛ wɔnnhyɛne wʼasafo mu no.
11 她的民都歎息,尋求食物; 他們用美物換糧食,要救性命。 他們說:耶和華啊,求你觀看, 因為我甚是卑賤。
Ne nkurɔfoɔ nyinaa si apinie ɛberɛ a wɔrepɛ aduane; wɔde wɔn ademudeɛ sesa aduane de nya ahoɔden. “Ao, Awurade, hwɛ na dwene me ho, ɛfiri sɛ wɔbu me animtia.”
12 你們一切過路的人哪,這事你們不介意嗎? 你們要觀看: 有像這臨到我的痛苦沒有- 就是耶和華在他發烈怒的日子使我所受的苦?
“Ɛmfa mo ho anaa, mo a motwam hɔ nyinaa? Monhwɛ na monhunu. Ɛyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me deɛ a wɔma ɛbaa me soɔ yi anaa? Deɛ Awurade de baa me so wɔ nʼabufuhyeɛ da no.
13 他從高天使火進入我的骨頭, 剋制了我; 他鋪下網羅,絆我的腳, 使我轉回; 他使我終日淒涼發昏。
“Ɔsomaa ogya firi ɔsoro, ma ɛbaa me nnompe mu. Ɔsum afidie maa me nan na ɔsane me kɔɔ mʼakyi. Ɔyɛɛ me pasaa, metɔɔ bira da mu nyinaa.
14 我罪過的軛是他手所綁的, 猶如軛繩縛在我頸項上; 他使我的力量衰敗。 主將我交在我所不能敵擋的人手中。
“Woakyekyere me bɔne sɛ adesoa; ɔde ne nsa nwene bɔɔ mu. Abɛda me kɔn mu na Awurade atwe mʼahoɔden. Ɔde me ahyɛ wɔn a merentumi nnyina wɔn anim no nsa.
15 主輕棄我中間的一切勇士, 招聚多人攻擊我, 要壓碎我的少年人。 主將猶大居民踹下, 像在酒醡中一樣。
“Awurade apo ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ me ntam nyinaa; wafrɛ akodɔm atia me sɛ wɔmmɛdwɛre me mmeranteɛ. Awurade atiatia Ɔbabaa Yuda Bunu so wɔ ne nsakyiamena hɔ.
16 我因這些事哭泣; 我眼淚汪汪; 因為那當安慰我、救我性命的, 離我甚遠。 我的兒女孤苦, 因為仇敵得了勝。
“Yeinom enti na mesu na nisuo adware me. Obiara mmɛn a ɔbɛkyekye me werɛ. Deɛ ɔbɛhyɛ me honhom den nni hɔ. Me mma agyigya ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ no adi nkonim.”
17 錫安舉手,無人安慰。 耶和華論雅各已經出令, 使四圍的人作他仇敵; 耶路撒冷在他們中間像不潔之物。
Sion trɛ ne nsa mu nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye ne werɛ Awurade ahyɛ ama Yakob sɛ ne mfɛfoɔ bɛyɛ nʼatamfoɔ; Yerusalem abɛyɛ afideɛ wɔ wɔn mu.
18 耶和華是公義的! 他這樣待我,是因我違背他的命令。 眾民哪,請聽我的話, 看我的痛苦; 我的處女和少年人都被擄去。
“Awurade yɛ ɔteneneeni, nanso manni nʼahyɛdeɛ so. Montie, mo amanaman nyinaa monhwɛ me yea. Me mmeranteɛ ne mmabaawa kɔ nnommumfa mu.
19 我招呼我所親愛的, 他們卻愚弄我。 我的祭司和長老正尋求食物、救性命的時候, 就在城中絕氣。
“Mefrɛɛ mʼapamfoɔ nanso wɔyii me maeɛ. Mʼasɔfoɔ ne me mpanimfoɔ ase tɔreɛ wɔ kuropɔn no mu, ɛberɛ a wɔrepɛ aduane adi na wɔanwuwu.
20 耶和華啊,求你觀看, 因為我在急難中。 我心腸擾亂; 我心在我裏面翻轉, 因我大大悖逆。 在外,刀劍使人喪子; 在家,猶如死亡。
“Ao Awurade, hwɛ me mmɔborɔ! Meredi ɛyea wɔ me mu, na mʼakoma mu nso menni ahotɔ, ɛfiri sɛ mayɛ otuatefoɔ kɛseɛ. Akofena hyɛ me awerɛhoɔ wɔ abɔntene so; efie nso yɛ owuo nko ara.
21 聽見我歎息的有人; 安慰我的卻無人! 我的仇敵都聽見我所遭的患難; 因你做這事,他們都喜樂。 你必使你報告的日子來到, 他們就像我一樣。
“Nnipa ate mʼapinisie, nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ. Mʼatamfoɔ nyinaa ate mʼamanehunu wɔn ani gye deɛ woayɛ no ho. Ma nna a woahyɛ no mmra sɛdeɛ wɔbɛyɛ sɛ me.
22 願他們的惡行都呈在你面前; 你怎樣因我的一切罪過待我, 求你照樣待他們; 因我歎息甚多,心中發昏。
“Fa wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa si wʼanim; na wo ne wɔn nni sɛdeɛ wo ne me adie ɛsiane mʼamumuyɛ no enti. Mʼapinisie dɔɔso na mʼakoma aboto.”

< 耶利米哀歌 1 >