< Nnwom 61 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoɔ. Dawid dwom. Ao Onyankopɔn, tie me sufrɛ; tie me mpaeɛbɔ.
(Til sangmesteren. Til strengespil. Af David.) Hør, o Gud, på mit råb og lyt til min bøn!
2 Mefiri asase ano frɛ wo, mefrɛ wo ɛfiri sɛ mʼakoma atɔ baha; fa me kɔ ɔbotan a ɛware sene me no so.
Fra Jordens Ende råber jeg til dig. Når mit Hjerte vansmægter, løft mig da op på en Klippe,
3 Woayɛ me dwanekɔbea, aban a ɛyɛ den ma ɔtamfoɔ no.
led mig, thi du er min Tilflugt, et mægtigt Tårn til Værn imod Fjenden.
4 Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntomadan no mu afebɔɔ na manya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase.
Lad mig evigt bo som Gæst i dit Telt, finde Tilflugt i dine Vingers Skjul! (Sela)
5 Woate me bɔhyɛ, Ao Onyankopɔn; na wode wɔn a wɔsuro wo din no agyapadeɛ ama me.
Ja du, o Gud, har hørt mine Løfter, opfyldt deres Ønsker, der frygter dit Navn.
6 To ɔhene nkwa nna mu bebree; na ne mfeɛ mfiri awoɔ ntoatoasoɔ nkɔduru awoɔ ntoatoasoɔ.
Til Kongens Dage lægger du Dage, hans År skal være fra Slægt til Slægt.
7 Ma ɔnni ɔhene wɔ Onyankopɔn anim daa. Fa wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ bɔ ne ho ban.
Han skal trone evigt for Guds Åsyn; send Nåde og Sandhed til at bevare ham!
8 Afei mɛto ayɛyie dwom ama wo din daa na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa.
Da vil jeg evigt love dit Navn og således Dag efter Dag indfri mine Løfter.

< Nnwom 61 >